Anuanom mmea bi a wɔwɔ Switzerland reyi video bi a ɛwɔ Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no mu akyerɛ mmea bi
Nea Yebetumi Aka Wɔ Asɛnka Mu
●○○ NSRAHWƐ A EDI KAN
Asɛmmisa: Sɛ yɛrepɛ afotusɛm a mfaso wɔ so paa a ɛbɛma yɛn ani agye wɔ yɛn asetena mu a, yebenya no wɔ he?
Kyerɛwsɛm: Dw 1:1, 2
Nsrahwɛ a Edi Hɔ: Sɛ obi de ne bere nyinaa pɛ sika anaa ahonyade a, ebetumi ama n’ani agye anaa?
○●○ SANKƆHWƐ A EDI KAN
Asɛmmisa: Sɛ obi de ne bere nyinaa pɛ sika anaa ahonyade a, ebetumi ama n’ani agye anaa?
Kyerɛwsɛm: 1Ti 6:9, 10
Nsrahwɛ a Edi Hɔ: Sɛ obi wɔ adwempa a, mfaso bɛn na obenya?
○○● SANKƆHWƐ A ƐTO SO MMIENU
Asɛmmisa: Sɛ obi wɔ adwempa a, mfaso bɛn na obenya?
Kyerɛwsɛm: Mme 17:22
Nsrahwɛ a Edi Hɔ: Sɛ abusua bi rehyia ɔhaw mpo a, dɛn na wɔbɛyɛ na wɔn ani agye?