BIBLE MU AKORADE | GENESIS 20-21
Yehowa Ma Ne Bɔhyɛ Bam Bere Nyinaa
Gyidi a Abraham ne Sara daa no adi nti, Yehowa hyiraa wɔn ma wɔwoo ba. Akyiri yi, osetie a wɔyɛ maa Yehowa ɛmfa ho sɛ na wɔrehyia ɔhaw no ma yehu sɛ, na wogye di sɛ Yehowa bɛma ne bɔhyɛ biara abam.
Sɛ mihyia ɔtaa na meyɛ osetie a, ɔkwan bɛn so na ɛkyerɛ sɛ mewɔ Yehowa bɔhyɛ a ɛbɛba daakye no mu ahotoso? Mɛyɛ dɛn ama me gyidi ayɛ den?