Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb20 April kr. 7
  • ‘Montow Ananafo Anyame No Nyinaa Ngu’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Montow Ananafo Anyame No Nyinaa Ngu’
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Metumi De Ahonhonsɛmdi Agyigye M’ani Kɛkɛ Anaa?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Ma Yehowa Mmoa Wo Na Ko Tia Ahonhommɔne
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Dɛn na Bible Ka Fa Ahonhonsɛmdi Ho?
    Nyan!—2017
  • Som Yehowa Nko Ara
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
mwb20 April kr. 7
Ɔbarima bi retow kɔnmuade bi a na ɔde di ahonhonsɛm ato bɔɔla mu.

KRISTOFO ABRABƆ

‘Montow Ananafo Anyame No Nyinaa Ngu’

Ɛwom, na wɔnhyɛɛ mmara sɛ, ɛnsɛ sɛ obi som bosom, nanso na Yakob nim sɛ, Yehowa mpɛ sɛ ɔne obiara bɛkyɛ ne som. (Ex 20:3-5) Ɛno nti, bere a Yehowa ka kyerɛɛ Yakob sɛ ɔnsan nkɔ Betel no, Yakob ka kyerɛɛ wɔn a wɔka ne ho no sɛ, wɔntow ananafo anyame a ɛwɔ wɔn nkyɛn no nyinaa ngu. Ahoni ne asomuade a ɛhyehyɛ wɔn a na ɛbɛyɛ sɛ wɔde ayɛ sɛbɛ no nyinaa, Yakob gye tow gui. (Ge 35:1-4) Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa ani gyee nea Yakob yɛe no ho.

Ɛnnɛ nso, dɛn na yɛyɛ a, ɛkyerɛ sɛ Yehowa nko ara na yɛresom no? Ade baako a ehia paa ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi biribiara a ahonhonsɛm wom ho. Enti sɛ yɛwɔ biribi, na ɛne asumansɛm wɔ biribi yɛ a, ɛsɛ sɛ yɛtow gu. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani no mu yiye. Sɛ nhwɛso no, bisa wo ho sɛ: ‘Nhoma a mekenkan anaa video ahorow a mehwɛ de gyigye m’ani no, ɛyɛ a ɛfa abayifo a nkurɔfo kyerɛ sɛ wɔtwe afoforo mogya anaa wohunahuna afoforo ne sum mu atumfoɔ ho anaa? Nneɛma a mede gyigye m’ani no, ɛma ɛyɛ te sɛ nea mfomso biara nni nkonyaayi, aduto, anaa duabɔ ho anaa?’ Biribiara a Yehowa kyi no, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho koraa.—Dw 97:10.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN “MUNSIW ƆBONSAM KWAN” NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Abofra bi a bansere da ne nsa da mpa so. Abofra no maame ne awarefo bi a wɔne no sua Bible rebɔ nkɔmmɔ.

    Nsɛnnennen bɛn na Bible suani bi a ne din de Palesa hyiae?

  • Awarefo no ne wɔn Bible suani no ahyia asafo mu mpanyimfo mmienu bi.

    Sɛ wo anaa wo Bible suani bi hia mmoa na ama watumi atwe ne ho afi ahonhommɔne ho a, adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ woka ho asɛm kyerɛ mpanyimfo no?

  • Bible suani no rehyew bansere a na ɛda abofra no nsa no.

    Munsiw Ɔbonsam kwan, na mommɛn Onyankopɔn.​—Yak 4:7, 8

    Sɛ obi pɛ sɛ Yehowa bɔ ne ho ban a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho fi ho koraa?

  • Dɛn na Palesa de ne nan sii fam yɛe?

  • Nneɛma bɛn na wubetumi ayɛ de abɔ wo ho ban afi ahonhommɔne ho wɔ baabi a wote no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena