BIBLE MU AKORADE | EXODUS 4-5
“Worekasa a, Mɛka Wo Ho”
Nneɛma a ɛmaa Mose bɔɔ hu no, Yehowa boaa no ma otumi dii so. Nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, dɛn na yebetumi asua afi mu?
Sɛ yenni biribi ho nimdeɛ anaa ɛho nyansa a, ɛnsɛ sɛ ɛhaw yɛn pii
Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛma yɛn nea yehia biara ma yɛatumi ayɛ dwumadi biara a ɛhyɛ yɛn nsa
Sɛ yebetumi adi nnipa ho suro so a, gye sɛ yenya Onyankopɔn mu gyidi
Nsɛnnennen a mihyia wɔ asɛnka mu no, sɛn na Yehowa boa me ma mitumi di so?