BIBLE MU AKORADE | EXODUS 6-7
‘Afei Wubehu Nea Mede Bɛyɛ Farao’
Ansa na Yehowa de ɔhaw reba Egyptfo so, na woayi Israelfo afi nkoasom mu no, ɔkaa nea na ɔrebɛyɛ no ho asɛm kyerɛɛ Israelfo no. Nà Israelfo no behu sɛ Yehowa de ne tumi reyɛ adwuma wɔ akwan bi so a, wonhuu bi saa da. Afei nso, na Egyptfo no behu onii ko a Yehowa yɛ. Bere a nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no nyinaa baam no, ɛhyɛɛ wɔn gyidi den. Gyidi a wonyae nti, Egyptfo atoro som ho nneɛma a anka ebetumi anya wɔn so nkɛntɛnso no, ɛbɔɔ wɔn ho ban fii ho.
Nneɛma a Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma yɛn daakye no, sɛn na Bible mu asɛm yi ma wugye di sɛ ɛbɛbam ɔkwan biara so?