KRISTOFO ABRABƆ
Dɛn Na Abɔde Ma Yesua Fa Akokoduru Ho?
Yehowa nam mmarima ne mmea a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no so kyerɛ yɛn sɛnea yebenya suban pa. Ɛno da nkyɛn a, ɔfa nneɛma a wabɔ so kyerɛkyerɛ yɛn. (Hio 12:7, 8) Akokoduru ho ade bɛn na yebetumi asua afi gyata, pɔnkɔ, ahweaa, aserewa ne ɔsono hɔ?
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN MA ABƆDE NKYERƐ WO AKOKODURU NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Sɛ agyatammere rebɔ wɔn mma ho ban a, dɛn na wɔyɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ akokoduru?
Sɛ wɔretete apɔnkɔ akɔ ɔko a, dɛn na wɔyɛ na ama apɔnkɔ no anya akokoduru?
Adɛn nti na ahweaa nsuro awɔ a wɔwɔ bɔre?
Dɛn na aserewa yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ akokoduru?
Sɛ ɔsono bi ho kyere no a, dɛn na asono a wɔaka no yɛ de boa no a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ akokoduru?
Dɛn na mmoa yi ma wusua fa akokoduru ho?