BIBLE MU AKORADE | EXODUS 13-14
“Munnyina Pintinn Na Monhwɛ Sɛnea Yehowa Begye Mo Nkwa”
Yehowa yɛ Ogyefo a odwen ne nkurɔfo ho. Bere a Israelfo no refi Egypt no, dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛe sɛ odwen wɔn ho?
Ɔhyehyɛɛ wɔn sɛ asafodɔm.—Ex 13:18
Ɔmaa wɔn akwankyerɛ, na ɔbɔɔ wɔn ho ban.—Ex 14:19, 20
Ogyee wɔn nyinaa, mpanyin ne mmofra.—Ex 14:29, 30
Ahohiahia kɛse no rebobɔ ba yi, awerɛhyem bɛn na wubetumi anya?—Yes 30:15