BIBLE MU AKORADE | LEVITICUS 1-3
Nea Enti a Na Wɔbɔ Afɔre Ahorow
Ná Mose Mmara no hwehwɛ sɛ Israelfo bɔ afɔre ma Yehowa. Afɔre a na wɔbɔ no, na egyina hɔ ma Yesu agyede afɔre no anaa mfaso a nnipa benya afi saa afɔre no so.—Heb 8:3-5; 9:9; 10:5-10.
Mmoa a na wɔde bɔ afɔre no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ mmoa a wɔte apɔw na dɛm biara nni wɔn ho. Saa ara na Yesu nipadua a ɔde bɔɔ afɔre no, na ɛyɛ pɛ, na na dɛm biara nni ho.—1Pe 1:18, 19; hwɛ mfoni a ɛwɔ nhomawa no anim
Ɔhyew afɔre a na wɔbɔ no, na wɔhyew aboa no nyinaa, wonnyaw ne fã biara. Saa ara na Yesu nso de ho nyinaa maa Yehowa
Sɛ obi bɔ asomdwoe afɔre a, na ɛkyerɛ sɛ ɔne Onyankopɔn ntam yɛ papa. Wɔn a wɔasra wɔn no nso, Awurade Anwummeduan a wodi no kyerɛ sɛ wɔne Onyankopɔn ntam yɛ papa