Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb21 January kr. 7
  • Nhyiam a Yɛyɛ No Afe Biara No Ma Yenya Hokwan Da Ɔdɔ Adi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam a Yɛyɛ No Afe Biara No Ma Yenya Hokwan Da Ɔdɔ Adi
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhyiam—Anigye Bere Ma Yehowa Nkurɔfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Ahurusidi ne Onyankopɔn a Woyi no Ayɛ wɔ Nhyiam Akɛse Ase
    Yehowa Adansefo—Wɔde Biakoyɛ Reyɛ Onyankopɔn Apɛde Wɔ Wiase Nyinaa
  • Yehowa Adansefo Bɛyɛ Amanaman Ntam Nhyiam Ahorow
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Amanaman Ntam Nhyiam a Wɔbɛyɛ Wɔ 2003 Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
mwb21 January kr. 7

KRISTOFO ABRABƆ

Nhyiam a Yɛyɛ No Afe Biara No Ma Yenya Hokwan Da Ɔdɔ Adi

Anuanom bi a ɛsono wɔn amammerɛ retwa mfoni wɔ amanaman ntam nhyiam ase.

Nhyiam a yɛyɛ no afe biara no, adɛn nti na yɛn ani gye ho saa? Tete no, na nhyiam ahorow a Israelfo yɛ no afe biara no ma wonya hokwan ne wɔn nuanom pii bom som Yehowa. Ɛnnɛ nso, saa ara na ɛte. Sɛ yɛkɔ nhyiam a, ɛma yenya kwan ne yɛn nuanom bom som na ɛma yenya nsɛm a ɛbɛma yɛabɛn Yehowa. Afei nso, ɛma yenya bere ne yɛn nuanom Kristofo bɔ fekuw. Sɛ yɛkɔ nhyiam a yɛyɛ no nnansa no nyinaa bi a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nhyehyɛe pa a Yehowa yɛ ma yɛn no.

Sɛ yɛkɔ nhyiam a ɛtete saa ase a, ɛnsɛ sɛ yedwen nea yɛn nko ara benya ho, mmom ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛnea yɛbɛda ɔdɔ adi na yɛakyerɛ sɛ yedwen afoforo ho. (Ga 6:10; Heb 10:24, 25) Nneɛma a yebetumi ayɛ no bi ne sɛ, yɛbɛboa wɔn a wɔn ani afi ama wɔapɛ baabi atena, anaa yebegyaw nkongua a yebehia nko ara ato hɔ. (Flp 2:3, 4) Sɛ yɛkɔ nhyiam a, ɛma yenya hokwan fa nnamfo foforo. Yɛpɛ a, yebetumi de asi yɛn ani so sɛ, ansa na dwumadi no befi ase, bere a yɛregye yɛn ahome anaa bere a yɛapɔn no, yɛne obi a yennim no bɛbɔ nkɔmmɔ na yɛahu no yiye. (2Ko 6:13) Wɔn a yɛfa wɔn nnamfo wɔ nhyiam a ɛtete saa ase no betumi abɛyɛ yɛn nnamfo daa! Weinom nyinaa da nkyɛn a, sɛ wɔn a wɔnsom Yehowa no hu sɛ yɛdodɔ yɛn ho a, ebetumi aka wɔn ma wɔabɛsom Yehowa.—Yoh 13:35.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN “ƆDƆ TO NTWA DA”! AMANAMAN NTAM NHYIAM NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Video a yɛato din ‘‘Ɔdɔ To Ntwa Da’! Amanaman Ntam Nhyiam’ mu mfoni bi. Ahɔho a wɔaba amanaman ntam nhyiam no bi ne anuanom a wɔwɔ ɔman no mu reyɛ wɔn ho atuu.

    Ahɔho a wɔkɔɔ 2019 amanaman ntam nhyiam no bi no, sɛn na anuanom daa ɔdɔ adi kyerɛɛ wɔn?

  • Video a yɛato din ‘‘Ɔdɔ To Ntwa Da’! Amanaman Ntam Nhyiam’ mu mfoni bi. Ahɔho a wɔaba amanaman ntam nhyiam ne anuanom a wɔwɔ ɔman no mu bi retwa mfoni.

    Ɔdɔ ne baakoyɛ a ɛwɔ Yehowa nkurɔfo mu no, dɛn nti na ɛyɛ nwonwa?

  • Video a yɛato din ‘‘Ɔdɔ To Ntwa Da’! Amanaman Ntam Nhyiam’ mu mfoni bi. Anuanom bi a wɔwɔ Korea kura biribi a wɔde rema ahɔho no akwaaba.

    Nhyiam no ase no, sɛn na Akwankyerɛ Kuw no kaa Kristofo dɔ ho asɛm?

  • Video a yɛato din ‘‘Ɔdɔ To Ntwa Da’! Amanaman Ntam Nhyiam’ mu mfoni bi. Abaayewa bi kura ‘Wiase Foforo Nkyerɛase’ Bible a woyii no adi wɔ nhyiam ase no bi.

    Ɔdɔ a anuanom da no adi wɔ nhyiam ahorow a yɛkɔ ase no, dɛn na metumi ayɛ de ahyɛ saa ɔdɔ no mu den?

    Sɛn na ɔdɔ kann boaa anuanom a wɔwɔ Germany ne South Korea?

  • Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena