Nneɛma a ɛsɛ sɛ obi yɛ na watumi abɔ asu no, emu nea ɛwɔ he na woatumi ayɛ?
KRISTOFO ABRABƆ
Si Gyinae Sɛ Wobɛsom Yehowa
Woyɛ aberantewaa anaa abaayewa a wokɔ asɛnka nanso wommɔɔ asu anaa? Anaa woyɛ Bible suani a wopɛ sɛ wobɔ asu? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wobɔ asu? Sɛ wuhyira wo ho so na wobɔ asu a, ɛma wo ne Yehowa benya abusuabɔ soronko bi. (Dw 91:1) Afei nso, ɛbɛma woanya daa nkwa. (1Pe 3:21) Wobɛyɛ dɛn ahyira wo ho so abɔ asu?
Hwehwɛ adanse a ɛbɛma woahu sɛ nokware no ni. Sɛ wonte biribi ase a, yɛ ho nhwehwɛmu. (Ro 12:2) Yɛ nsakrae biara a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ w’asetena mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛsɔ Yehowa ani. (Mme 27:11; Efe 4:23, 24) Bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo na yɛ nea ɛsɔ n’ani. Nya awerɛhyem sɛ obetie wo, ɔbɛhyɛ wo den na ɔde ne honhom kronkron a ɛsen tumi biara no bɛboa wo. (1Pe 5:10, 11) Sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛsɔ n’ani a, ebesi wo yiye. Sɛ wopɛ asetena pa a, ɛno ara ne sɛ wobɛsom Yehowa!—Dw 16:11.
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN NEA ƐMA OBI TUMI BƆ ASU NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Nneɛma bɛn na ebinom adi so ama wɔatumi abɔ asu?
Wobɛyɛ dɛn anya gyidi na woahyira wo ho so ama Yehowa?
Dɛn na ɛhyɛɛ ebinom nkuran ma wɔyɛɛ nneɛma a ɛbɛma wɔatumi abɔ asu?
Wɔn a wosi gyinae sɛ wɔbɛsom Yehowa no, nhyira bɛn na wonya?
Ahosohyira ne asubɔ kyerɛ sɛn?