Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb21 March kr. 15
  • Paw Wo Nnamfo Nyansam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Paw Wo Nnamfo Nyansam
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wofi Ayamye Mu Hyɛ Yɛn Nkuran sɛ Yentie Kɔkɔbɔ Nhwɛso Ma Yɛn Bere Yi
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Sɛ Wuhyia Nsɛnnennen a, So Wubetumi Ayɛ Sɛ Finehas?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Hwɛ W’ayɔnkofa Yiye
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Onipa Baako Nneyɛe Betumi Aboa Nnipa Pii Anaa?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
mwb21 March kr. 15
Moabfo mmea bi redaadaa Israelfo mmarima no bi sɛ wɔne wɔn nkɔ.

KRISTOFO ABRABƆ

Paw Wo Nnamfo Nyansam

Nea ɛtoo Israelfo wɔ Moab tataw so no yɛ kɔkɔbɔ ma Kristofo. (1Ko 10:6, 8, 11) Woduu hɔ no, wɔn mu bi de wɔn ho bɔɔ Moabfo mmea. Ná Moabfo mmea no yɛ aguamammɔfo na na wɔsom abosom. Wɔdaadaa Israelfo no ma wɔyɛɛ bɔne kɛse tiaa Yehowa, na wei kɔfaa ɔhaw pii bae. (Nu 25:9) Yɛn nso, wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no mu pii nsom Yehowa. Ebi ne yɛn adwumamfo, sukuufo, wɔn a yɛne wɔn te mpɔtam ne yɛn abusuafo. Ɔkwan bɛn so na Bible mu asɛm yi ma yehu sɛ, sɛ yɛne wɔn a wɔnsom Yehowa bɔ a, ebetumi asɛe yɛne no ntam?

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN ASƐM BI A ESII TETE A ƐYƐ KƆKƆBƆ MA YƐN​—NE FÃ BI NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Video a yɛato din ‘Asɛm Bi a Esii Tete a Ɛyɛ Kɔkɔbɔ Ma Yɛn​—Ne Fã Bi’ no mu mfoni bi. Simri reka Moabfo mmea no ho asɛm akyerɛ Yamin ne mmarima bi.

    Adwene a ɛnteɛ bɛn na na Simri ne ne nnamfo pɛ sɛ Yamin nya?

  • Video a yɛato din ‘Asɛm Bi a Esii Tete a Ɛyɛ Kɔkɔbɔ Ma Yɛn​—Ne Fã Bi’ no mu mfoni bi. Finehas ne Yamin resusuw nsɛm ho.

    Ɔkwan bɛn so na Finehas boaa Yamin ma onyaa adwene a ɛfata?

  • Ɛsono sɛ yɛbɛtew yɛn anim akyerɛ obi a ɔnsom Yehowa, ɛnna ɛsono sɛ yɛne no bɛfa adamfo. Adɛn nti na yɛreka saa?

  • Adɛn nti na sɛ yɛrefa nnamfo wɔ asafo no mu mpo a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye?

  • Nkurɔfo a yennim wɔn wɔ sohyial media so no, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛne wɔn bɔ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena