MA W’ANI NKU ASƐNKA HO | DƐN NA WOBƐYƐ NA AMA ANIGYE A WODE YƐ ASƐNKA ADWUMA NO AYƐ KƐSE?
Fa Mfatoho Kyerɛkyerɛ Nsɛntitiriw Mu
Sɛ yɛreyɛ sankɔhwɛ anaa yɛne obi resua Bible a, ɛsɛ sɛ yɛboa no ma ɔte nsɛntitiriw a yɛrekyerɛkyerɛ no ase. Sɛ yɛde mfatoho kyerɛkyerɛ nsɛntitiriw mu a, ebetumi akã ne koma na ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ ɔbɛkae nsɛntitiriw a ɛwɔ asɛm no mu.
Sɛ woresiesie wo ho akɔyɛ sankɔhwɛ anaa Bible adesua a, paw nsɛntitiriw bi a wubetumi de mfatoho akyerɛkyerɛ mu. Ɛnyɛ asɛm biara na ehia sɛ wode mfatoho kyerɛkyerɛ mu. Fa nneɛma a wo suani no nim yɛ mfatoho. (Mt 5:14-16; Mr 2:21; Lu 14:7-11) Sɛ worepɛ mfatoho a wode bɛyɛ adwuma a, ma baabi a wo suani no fi ne nea ɔrefa mu ntena w’adwenem. (Lu 5:2-11; Yoh 4:7-15) Sɛ wode mfatoho kyerɛkyerɛ asɛm bi mu na wo suani no te ase na n’ani gye a, wo nso w’ani begye.
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN SƐ YƐMA YƐN HO KOKWAW WƆ ASUAFOYƐ ADWUMA NO MU A, ƐBƐMA YƐN ANI AGYE—FA MFATOHO KYERƐKYERƐ NSƐNTITIRIW MU NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Ɛtɔ da a, ɛho behia sɛ yɛboa yɛn asuafo ma wɔte kyerɛwnsɛm ahorow bi ase. Adɛn ntia?
Mfatoho bɛn na Neeta de kyerɛkyerɛɛ Romafo 5:12 mu?
Mfatoho a etu mpɔn tumi kã afoforo koma
Sɛ yɛde mfatoho a etu mpɔn yɛ adwuma a, ɛboa yɛn atiefo no sɛn?
Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde video ne nnwinnade afoforo a Yehowa ahyehyɛde no ayɛ yɛ adwuma?