BIBLE MU AKORADE
Wode Yehowa Ayɛ Wo Guankɔbea?
Woyii nkurow nsia bi sii hɔ wɔ Israel de yɛɛ guankɔbea nkurow. Sɛ obi anhyɛ da na okum obi a, na obetumi aguan akɔ hɔ (Nu 35:15; w17.11 9 ¶4)
Israel mpanyimfo na na wodi onii a waba hɔ no asɛm (Nu 35:24; w17.11 9 ¶6)
Sɛ obi guan kɔbɔ ne ho aguaa wɔ nkurow yi mu biara mu a, na obiara rentumi nyɛ no bɔne (Nu 35:25; w17.11 11 ¶13)
Sɛ obi anhyɛ da na okum obi a, na ɛsɛ sɛ ɔde nneɛma bɔ afɔre na watumi aguan akɔ guankɔbea nkurow no bi mu akonya ahobammɔ. Saa ara na ɛnnɛ nso, sɛ Onyankopɔn behu yɛn mmɔbɔ de yɛn bɔne akyɛ yɛn a, gye sɛ yɛde biribi bɔ afɔre.