Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb21 May kr. 7
  • Nea Yehowa Dɔ No Na Ɔteɛ No So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Yehowa Dɔ No Na Ɔteɛ No So
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Atirimpɔw a Ɛwɔ Nteɛso Ho a Yebehu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nteɛso—Ɛkyerɛ Onyankopɔn Dɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Woreteɛ Wo Ba So a, Sɛn na Ɛsɛ sɛ Woyɛ No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nteɛso Sow Asomdwoe Aba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
mwb21 May kr. 7
Aberante bi a wayɛ bɔne annu ne ho, enti ɔrefi fie. N’awofo gyina ofie no kwan ano resu.

KRISTOFO ABRABƆ

Nea Yehowa Dɔ No Na Ɔteɛ No So

Sɛ yɛka sɛ wɔde nteɛso ama obi a, nea ɛkyerɛ paa ne sɛ wɔde akwankyerɛ anaa afotu ama obi de ateɛ n’adwene. Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara. Ebetumi nso akyerɛ sɛ wɔde nkaanim ama onii no. Ɛyɛ a Yehowa teɛ n’asomfo so sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asom no wɔ ɔkwan a ɔpɛ so. (Ro 12:1; Heb 12:10, 11) Ɛtɔ da a, nteɛso no bi yɛ yaw, nanso ɛde nhyira brɛ yɛn, na ɛma yɛkɔ so de trenee bɔ yɛn bra. (Mme 10:7) Wɔn a wɔde nteɛso ma afoforo ne wɔn a wɔteɛ wɔn so no, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔma ɛtena wɔn adwenem?

Nea ɔde nteɛso rema. Sɛ mpanyimfo, awofo anaa yɛn mu biara de nteɛso rema afoforo a, ɛsɛ sɛ yesuasua Yehowa. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ yɛdɔ onii no na yedwen ne ho. (Yer 46:28) Sɛ mpo, ɛsɛ sɛ yɛde nteɛso a ano yɛ den ma obi a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ ɛfata. Afei nso, ɛsɛ sɛ yefi ɔdɔ mu na ɛyɛ saa.—Tit 1:13.

Nea wɔreteɛ no so. Sɛnea nteɛso no te biara, ɛnsɛ sɛ yɛpopo yɛn ti, mmom ɛsɛ sɛ yegye tom na yɛde yɛ adwuma ntɛm. (Mme 3:11, 12) Esiane sɛ bɔne wɔ yɛn ho nti, ɛnyɛ dɛn ara a yebehia nteɛso. Akwan a yɛfa so nya nteɛso no gu ahorow. Nsɛm a yɛkenkan wɔ Bible mu anaa nsɛm a yɛte wɔ asafo nhyiam ase betumi ateɛ yɛn so. Ɛtɔ da nso a, ɛho behia sɛ asafo mu mpanyimfo di yɛn asɛm na wɔteɛ yɛn so. Nanso sɛnea ɛte biara no, sɛ yɛde nteɛso a yɛn nsa aka no yɛ adwuma a, ebegye yɛn nkwa daakye.—Mme 10:17.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN “NEA YEHOWA DƆ NO NA ƆTEƐ NO SO” NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Video a yɛato din ‘Nea Yehowa Dɔ No Na Ɔteɛ No So’ no fã bi. Canon ne n’awofo nam asɛnka mu.

    Canon renyin no, na n’asetena te sɛn? Ɛyɛɛ dɛn na n’asetena sesae?

  • Video a yɛato din ‘Nea Yehowa Dɔ No Na Ɔteɛ No So’ no fã bi. Mpanyimfo no ahyia Canon.

    Nteɛso bɛn na Yehowa de maa no?

  • Video a yɛato din ‘Nea Yehowa Dɔ No Na Ɔteɛ No So’ no fã bi. Canon abɛyɛ ɔmansin sohwɛfo na ɔne mmofra bi a wɔwɔ asafo no mu rebɔ nkɔmmɔ.

    Sɛ Yehowa teɛ wo so a, gye tom na fa yɛ adwuma

    Dɛn na yebetumi asua afi nea ɛtoo no no mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena