Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb21 May kr. 13
  • Da Ɔdɔ Adi Wɔ Abusua No Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Da Ɔdɔ Adi Wɔ Abusua No Mu
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • W’abusua Betumi Anya Anigye
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Sɛnea Wobɛma W’abusua Asetena Ayɛ Anigye
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Abusua Asetra a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
  • Yehowa A Yɛbɛsɔ N’ani Sɛ Abusua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
mwb21 May kr. 13
Abusua bi reto dwom wɔ asafo nhyiam ase.

KRISTOFO ABRABƆ

Da Ɔdɔ Adi Wɔ Abusua No Mu

Ɔdɔ te sɛ aman anaa gluu a ɛka abusua mufo bom. Sɛ ɔdɔ nni abusua no mu a, ɛbɛyɛ den sɛ baakoyɛ bɛtena wɔn ntam. Ɛba saa a, efie hɔ rennwo. Dɛn na okununom, ɔyerenom, ne awofo betumi ayɛ na ɔdɔ akɔ so atena abusua no mu?

Okunu a ɔdɔ ne yere de n’ahiade ma no. Sɛ ne yere kyerɛ n’adwene a, otie, na ɔma sɛnea ne yere te nka ho hia no. (Efe 5:28, 29) Ɔde nneɛma a n’abusua hia ma wɔn, na ɔboa wɔn ma wɔbɛn Yehowa. Nneɛma a ɔyɛ no bi ne sɛ, ɔne wɔn yɛ Abusua Som daa. (1Ti 5:8) Ɔyere a ɔdɔ ne kunu ‘bu’ ne kunu paa na ɔbrɛ ne ho ase ma no. (Efe 5:22, 33; 1Pe 3:1-6) Ɛsɛ sɛ awarefo no mu biara fi ne pɛ mu de ne yɔnko bɔne kyɛ no. (Efe 4:32) Awofo a wɔdɔ wɔn mma ma wɔn ani ku wɔn mu biara ho na wɔkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔdɔ Yehowa. (De 6:6, 7; Efe 6:4) Wonim ɔhaw ahorow a sɛ wɔn mma no kɔ sukuu a wohyia. Afei nso wɔboa wɔn ma wogyina atipɛnfo nhyɛso ano. Sɛ abusua no mufo dodɔ wɔn ho a, ɛma asomdwoe tena abusua no mu na obiara ho dwo no.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN KƆ SO DA ƆDƆ A ƐTO NTWA DA ADI WƆ W’ABUSUA MU NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Video a yɛato din ‘Kɔ So Da Ɔdɔ A Ɛto Ntwa Da Adi Wɔ W’abusua Mu’ no mu mfoni bi. Awarefo bi apɔn adesua abedu fie, na wɔresusuw kyerɛwsɛm bi ho.

    Dɛn na okunu yɛ a ɛkyerɛ sɛ n’ani ku ne yere ho na ɔhwɛ ne so yiye?

  • Video a yɛato din ‘Kɔ So Da Ɔdɔ A Ɛto Ntwa Da Adi Wɔ W’abusua Mu’ no mu mfoni bi. Onuawa bi apɔn adesua abedu fie. Ne kunu a ɔnyɛ Ɔdansefo ne no rekasa; onuawa no ayɛ dinn retie na ɔreka ne koma atɔ ne yam.

    Dɛn na ɔyere yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ obu kɛse ma ne kunu?

  • Video a yɛato din ‘Kɔ So Da Ɔdɔ A Ɛto Ntwa Da Adi Wɔ W’abusua Mu’ no ho mfoni bi. Abusua bi apɔn adesua abedu fie, wɔresusuw nea wɔtee wɔ adesua ase no ho.

    Ɔkwan bɛn so na awofo betumi de Onyankopɔn Asɛm adua wɔn mma komam?

AHWƐYIYE A ƐSƐ SƐ YƐYƐ WƆ ABƐƐFO MFIRI HO

Ɛlɛtrɔnik mfiri betumi asɛe bere a anka ɛsɛ sɛ abusua no bom de hyɛ wɔn ntam abusuabɔ mu den no. Sɛ awofo tumi hu bere dodow a wɔn ankasa de ɛlɛtrɔnik mfiri bɛyɛ adwuma, na wɔboa wɔn mma ma wɔyɛ saa a, ɛbɛboa wɔn paa. Afei nso, ɛsɛ sɛ awofo hwɛ sɛ wɔbɛma wɔn mma kwan ma wɔabɔ nkɔmmɔ wɔ intanɛt so anaa. Sɛ wɔbɛma wɔn kwan nso a, wɔbɛhwɛ wɔn a mmofra no ne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena