Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb22 September kr. 5
  • Aware—Yɛnkɔ Nsan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Aware—Yɛnkɔ Nsan
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Sigyadi Ne Aware Ho?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Aware—Akyɛde a Efi Ɔdɔ Nyankopɔn Hɔ
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Wo Ho a Wubesiesie Ama Aware Pa
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Onyankopɔn Akwankyerɛ A Wogyina So Paw Aware Mu Ɔhokafo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
mwb22 September kr. 5
Awarefo bi abom reyɛ asɛnka adwuma.

KRISTOFO ABRABƆ

Aware—Yɛnkɔ Nsan

Kristofo aware a ɛkɔ yiye no, ɛhyɛ Yehowa anuonyam, na ɛma awarefo no ani gye. (Mr 10:9) Sɛ Kristoni aware begyina na anigye aba mu a, ɛnde sɛ ɔrepɛ obi a ɔbɛware no a, ɛsɛ sɛ ɔde Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma.

Ansa na wo ne obi bɛyɛ aware nhyehyɛe no, hwɛ hu sɛ ‘wonyɛ abofra bio.’ Nea wei kyerɛ ne sɛ, bere a nna ho akɔnnɔ tumi hyɛ obi so paa no, hwɛ hu sɛ woatwam hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a akɔnnɔ no rempiapia wo mma wunsisi gyinae a ɛremmoa wo. (1Ko 7:36) Bere a woda so di sigya yi, hyɛ wo ne Onyankopɔn adamfofa mu den, na bɔ mmɔden sɛ wubenya suban a ɛfata Kristofo. Woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ wode wo sigyadi no reyɛ adepa, na akyiri yi sɛ woware a, ɛbɛma woatumi ayɛ wo fam de ama aware no asɔ.

Ansa na wobɛyɛ w’adwene sɛ wobɛware obi no, to wo bo ase paa hu no yiye, kyerɛ sɛ, hu “komam nipa a ahintaw” no. (1Pe 3:4) Onipa a wopɛ sɛ woware no no, sɛ wuhu biribi a ɛhaw adwene paa wɔ ne ho a, ɛne no nka ho asɛm. Afei nso kae sɛ, sɛ yɛne yɛn yɔnko nipa ntam bɛyɛ kama a, nea ɛsɛ sɛ ɛho hia yɛn ne nea yɛbɛyɛ ama no, na ɛnyɛ nea yebenya afi ne hɔ. Saa na aware nso te. Nea wobɛyɛ ama wo kunu anaa wo yere na ɛsɛ sɛ ehia wo, na ɛnyɛ nea wubenya afi ne hɔ. (Flp 2:3, 4) Sɛ wode Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma ansa na woaware a, woware wie a ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wobɛtoa so de ayɛ adwuma, na ɛbɛma anigye aba w’aware mu.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN NHYƐASE A WƆTO MA AWARE—ƆFÃ 3: “SĒSĒ HWƐ.” WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Bere a onuawa no fii ase ne Shane nantewee no, na nneɛma kɔ sɛn?

  • Eduu baabi no, dɛn na obehu faa Shane ho?

  • Dɛn na n’awofo yɛ de boaa no, na gyinae pa bɛn na afei osii?

Sɛ onua bi rehwɛ sɛ obetumi aware onuawa bi a, onua no betumi abisa ne ho sɛ:

Suban a ɛsɛ sɛ Kristofo nya no, emu nea ɛwɔ he na ɔbea yi wɔ? Nneɛma bɛn na ɔyɛ de kyerɛ sɛ ɔrehwehwɛ Ahenni no kan? Ɔde Bible akwankyerɛ ne akwankyerɛ a efi asafo hɔ yɛ adwuma anaa? Wohwɛ sɛnea ɔyɛ n’ade a, ɛkyerɛ sɛ odwen nnipa ho anaa?

Sɛ onuawa bi rehwɛ sɛ obetumi aware onua bi a, onuawa no betumi abisa ne ho sɛ:

Suban a ɛsɛ sɛ Kristofo nya no, emu nea ɛwɔ he na ɔbarima yi wɔ? Ne som ne dwumadi a ɛhyehyɛ ne nsa wɔ asafo no mu no, ɛho hia no sen n’adwuma, sika, bɔɔl ne nneɛma a ɛtete saa, ne anigyede anaa? Ɔne n’abusuafo te yiye? Wohwɛ sɛnea ɔyɛ n’ade a, ɛkyerɛ sɛ odwen nnipa ho anaa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena