KRISTOFO ABRABƆ
Sɛ Nkurɔfo Tan W’ani a, Ma W’ani Nnye
Kristofo hwɛ kwan sɛ nkurɔfo bɛtan wɔn ani. (Yoh 15:20) Ɛwom, sɛ nkurɔfo tan yɛn ani a, etumi ma yedi yaw, na ɛkɔfa adwinnwen bɛto yɛn so. Nanso sɛ yemia yɛn ani gyina mu a, yebetumi anya anigye.—Mt 5:10-12; 1Pe 2:19, 20.
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN YEBETUMI ADI AHURUSI, ƐMFA HO SƐ YƐREHYIA ƆTAA. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Sɛ wohwɛ Onua Bazhenov suahu no a, ɔkwan bɛn so na ɛma wuhu sɛ:
ehia sɛ yɛkan Bible da biara?
sɛ yɛn nuanom Kristofo yɛ nneɛma bi de kyerɛ sɛ wɔtaa yɛn akyi a, ɛboa yɛn?a
ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae mpɛn pii?
Ahenni nnwom a yɛto no ho hia?
ehia sɛ yɛka yɛn gyidi ho asɛm kyerɛ nkurɔfo?
a Yebetumi abɔ mpae ama yɛn nuanom Kristofo a wɔda afiase no, na yebetumi abɔ wɔn din mpo. Nanso sɛ wokyerɛw wɔn krataa a, Betel rentumi mfa nkɔma wɔn mma wo.