KRISTOFO ABRABƆ
Yɛn Mpaebɔ Som Bo Ma Yehowa
Mpae a Yehowa tie no, ɛte sɛ aduhuam huahuaahuam a na wɔhyew no daa wɔ n’anim wɔ asɔrefie hɔ no. (Dw 141:2) Sɛ yebisa Yehowa akwankyerɛ, yɛka yɛn haw ne nneɛma a ɛda yɛn koma so kyerɛ no, na yɛma ohu sɛ yɛdɔ no na yɛn ani sɔ nea ɔyɛ ma yɛn no a, ɛkyerɛ sɛ yɛne n’adamfofa no da yɛn koma so. Ampa, sɛ yɛkɔ asafo nhyiam ase na onua bi gyina yɛn ananmu bɔ mpae tiawa a, Yehowa hu no sɛ yɛn som no fã a ehia paa. Nanso sɛ yɛn nko ara yɛrebɔ mpae, na yebue yɛn koma mu ne Yehowa bɔ nkɔmmɔ kyɛ a, ɛma n’ani gye paa!—Mme 15:8.
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN DAA MEHYƐ ME MPAEBƆ MU GYA. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Hokwan bɛn na Onua Johnson anya wɔ Yehowa som mu?
Sɛn na Onua Johnson nam mpaebɔ so de ne ho ato Yehowa so?
Nneɛma a akɔ so wɔ Onua Johnson abrabɔ mu no, dɛn na wusua fi mu?