BIBLE MU AKORADE
Wɔde Asɛyɛde Bi a Emu Yɛ Duru Hyɛ Wo Nsa a, Yehowa Bɛboa Wo Ama Woayɛ
Lewifo a na wɔyɛ apon ano ahwɛfo no, na asɛyɛde a ɛhyɛ wɔn nsa no mu yɛ duru paa (1Be 9:26, 27; w05 10/1 9 ¶8)
Ɔsom ntamadan no apon ano ahwɛfo a na wɔwɔ hɔ wɔ Mose bere so no, Finehas na na ɔda wɔn ano (1Be 9:17-20a)
Yehowa boaa Finehas ma odii n’asɛyɛde no ho dwuma (1Be 9:20b; w11 9/15 32 ¶7)
Yehowa ma yɛn nnwuma a ɛho hia pii. Sɛ asɛyɛde bi hyɛ wo nsa na wunhu sɛnea wobɛyɛ no a, bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo, na wo ne Kristoni a ne ho akokwaw nni ho nkɔmmɔ.—Flp 2:13.