Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb23 January kr. 9
  • Yehowa Boa Yɛn Ma Yetumi Gyina Yɛn Haw Ano

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Boa Yɛn Ma Yetumi Gyina Yɛn Haw Ano
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kae Sɛ Yehowa Ne “Onyankopɔn Teasefo” No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Yɛrenyɛ Ankonam Da
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Sɛnea Yehowa Boa Yɛn Ma Yegyina Sɔhwɛ Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
mwb23 January kr. 9
Awofo bi ne wɔn mma nkumaa mmienu ne wɔn asafo mufo redi nkɔmmɔ wɔ video so.

KRISTOFO ABRABƆ

Yehowa Boa Yɛn Ma Yetumi Gyina Yɛn Haw Ano

Yehyia ɔhaw a emu yɛ den pii wɔ awiei mmere yi mu. Ɛtɔ da a, ebia yɛbɛte nka sɛ yɛn haw no boro yɛn so. Nanso sɛ yɛkɔ so twe bɛn Yehowa a, ɔhaw a ɛhyehye te sɛ ogya mpo, ɔbɛboa yɛn ama yɛatumi agyina ano. (Yes 43:2, 4) Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛatwe abɛn Yehowa bere a yɛrefa ɔhaw mu no?

Mpaebɔ. Sɛ yehwie yɛn komam nsɛm gu Yehowa anim a, ɔbɛma yɛn asom adwo yɛn, na ɔbɛhyɛ yɛn den ama yɛatumi agyina mu.—Flp 4:6, 7; 1Te 5:17.

Asafo Nhyiam. Ɛnnɛ paa na yehia honhom fam aduan ne fekubɔ a Yehowa ma yenya wɔ yɛn asafo nhyiam ase no. (Heb 10:24, 25) Sɛ yedi kan sua nneɛma a yebesusuw ho wɔ adesua ase no, yɛkɔ adesua, na yɛma mmuae a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛrema kwan ama Yehowa honhom kronkron no aboa yɛn.—Adi 2:29.

Asɛnka. Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no na yɛannyae a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛde yɛn adwene besi nneɛma a ɛhyɛ nkuran so. Afei nso, ɛbɛma yɛne Yehowa ne yɛn nuanom a yɛne wɔn reyɛ asɛnka adwuma no ntam ayɛ kama paa.—1Ko 3:5-10.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN YEHOWA DE WO BƐYƐ NE BA. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Dɛn na ɛboaa Malu ma ɔkɔɔ so bataa Yehowa ho bere a na ɔrefa ɔhaw mu no?

  • Asɛm a ɛwɔ Dwom 34:18 no boaa Malu bere a ɔrehyia ɔhaw no. Sɛn na ebetumi aboa yɛn nso bere a yɛrehyia ɔhaw?

  • Ɛdɛn na ɛwɔ Malu suahu no mu a ɛma yehu sɛ, sɛ yɛrefa ɔhaw mu a, Yehowa ma yɛn “tumi a ɛboro nnipa de so”?—2Ko 4:7

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena