Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb23 September kr. 16
  • Fa JW.ORG Wɛbsaet No Anim Asɛm Anaa Home Page No Yɛ Adwuma Wɔ Asɛnka Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa JW.ORG Wɛbsaet No Anim Asɛm Anaa Home Page No Yɛ Adwuma Wɔ Asɛnka Mu
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɛbsaet Ho Nyansahyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Woabisa Saa Nsɛm Yi Pɛn?
    Nyan!—2019
  • Adesua Ho Nyansahyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • “Ɛyɛ Ɔkwan Foforo Koraa!”
    Nyan!—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
mwb23 September kr. 16
JW.ORG wɛbsaet home page ho mfoni; mfoni no dɔɔso, ɛsono asɛm a ɛda ebiara so, na ɛwɔ kasa bebree mu.

KRISTOFO ABRABƆ

Fa JW.ORG Wɛbsaet No Anim Asɛm Anaa Home Page No Yɛ Adwuma Wɔ Asɛnka Mu

Sɛ wubue yɛn wɛbsaet no a, anim pɛɛ anaa home page hɔ no, yɛtaa de nsɛm ne video ahorow bi gu hɔ. Saa nsɛm ne video no, yɛayɛ no sɛnea ɛbɛka nnipa akomapafo a wɔnyɛ Adansefo no koma. (Aso 13:48) Ɛtaa yɛ biribi a ɛho asɛm apagyaw wɔ TV ne radio so, asɛm bi a ɛda nkurɔfo ano, anaa biribi a aba a ɛho asɛm wɔ nkurɔfo tirim.

Wopɛ sɛ wode nsɛm a yɛde to jw.org wɛbsaet no anim pɛɛ no yɛ adwuma wɔ asɛnka mu a, wobɛyɛ no sɛn?

  • Ɛyɛ a taa kɔ wɛbsaet hɔ. Hwɛ nea aba hɔ foforo no, na hwɛ sɛnea wubetumi de aboa wɔn a wɔn ani gye asɛm no ho no. (Sɛ wopɛ sɛ wuhu nsɛm foforo a wɔde guu hɔ nkyɛe a, klike “Kenkan Bi Ka Ho.”) Sɛ wotaa kɔ wɛbsaet hɔ kɔhwɛ nea yɛde ato hɔ foforo a, ɛbɛboa wo ama woatumi adannan nsɛm a wode kɔ asɛnka no mu.

  • Fa nsɛm ne video a yɛde ato wɛbsaet no anim pɛɛ no fi nkɔmmɔbɔ ase. Nsɛm ne video a ɛwɔ hɔ no betumi ama yɛahu nea nkurɔfo a ɛwɔ yɛn asaasesin mu no redwen ho.

  • Fa asɛm a ɛda wɛbsaet no anim pɛɛ no kyerɛ nkurɔfo. Ka nsɛm a ɛwɔ hɔ no bi kyerɛ wɔn, na kyerɛ wɔn sɛnea sɛ wɔrepɛ biribi wɔ wɛbsaet no so a, wɔbehu.

  • Fa link sɛnde nkurɔfo. Obi wɔ hɔ a, ɔmpɛ sɛ yɛba ne nkyɛn ne no bɛbɔ nkɔmmɔ, nanso wokyerɛ no wɛbsaet hɔ de a, ɔbɛkɔ. Enti wɔn a wɔn ani gye asɛm no ho no, sɛnde wɔn link no bi. Ebetumi ayɛ link a ɛde wɔn bɛkɔ wɛbsaet no anim pɛɛ, anaa nea ebebue asɛm anaa video bi a yɛde ato hɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena