Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb23 September kr. 13
  • Boa Wɔn a Wɔn Ani Nnye Nyamesom Ho No Ma Wɔmmehu Ɔbɔadeɛ No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boa Wɔn a Wɔn Ani Nnye Nyamesom Ho No Ma Wɔmmehu Ɔbɔadeɛ No
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yɛbɛka Asɛmpa No Ama Aka Nkurɔfo a Wonni Ɔsom Biara Mu Koma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Fa Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ No Yɛ Adwuma Yiye
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • Asɛnka Nhyiam Horow
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Kyerɛkyerɛ Nokware No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
mwb23 September kr. 13
Onuawa bi redi ɔbea bi a ofi Asia adanse.

KRISTOFO ABRABƆ

Boa Wɔn a Wɔn Ani Nnye Nyamesom Ho No Ma Wɔmmehu Ɔbɔadeɛ No

Nnipa a wɔn ani nnye nyamesom ho no, sɛ ɛba sɛ wubedi wɔn adanse a, ɛyɛ a wotwetwe wo ho anaa? Ɛyɛ a w’adwene yɛ wo sɛ wɔrentie anaa? Sɛ saa na ɛte a, kae sɛ nnipa a ɛte saa no, wɔn mu bebree abɛyɛ Yehowa Adansefo; ná wɔn mu bi nnye nni mpo sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Nea na wɔhia ara ne obi a ɔbɛboa wɔn ama wɔanya biribi agyina so agye adi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.—Ro 1:20; 10:14.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN KAE SƐ WƆN A WONNI GYIDI BETUMI ANYA GYIDI!—WƆN A WƆN ANI NNYE NYAMESOM HO. WUWIE A, BUA ASƐMMISA A EDI SO YI:

Tommaso suahu no, dɛn na ɛwom a ɛma yehu sɛ, wɔn a wɔn ani nnye nyamesom ho no, ɛsɛ sɛ yenya wɔn ho adwempa na yedi wɔn adanse?

Sɛnea wobɛyɛ no

Sɛ obi ka sɛ onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a, mma ne ho nnyɛ wo ahi; to wo bo ase ma no. Nea enti a ɔreka saa no, ma enhia wo paa, na tie no yiye. (2Ti 2:24) Nneɛma a wohwɛ a n’ani begye ho no, wo ne no nka ho asɛm. Ɛho nhwɛso ni: Nea ama ebinom abegye adi sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ no, wohwɛ a, n’ani begye ho sɛ wobɛkyerɛ no anaa? Sɛ wuhu no saa a, nhoma ne video a ɛkyerɛkyerɛ saa asɛm no mu no, wubetumi ne no asusuw ho. Nhomawa mmienu a yɛato din Was Life Created? ne The Origin of Life—Five Questions Worth Asking no, yɛde aka Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no ho, sɛnea ɛbɛyɛ a ne hwehwɛ bɛyɛ mmerɛw.

Sɛ worekodi obi a n’ani nnye nyamesom ho adanse a, ahyɛase no ebia ehu bɛka wo. Sɛ ɛba no saa a, srɛ onua anaa onuawa bi a onim nkyerɛkyerɛ ma ɔmmoa wo. Kae nso sɛ, wɔn a wɔwɔ koma pa no, sɛ ahyɛase no mpo wɔnnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a, Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛatumi adi wɔn adanse ama aka wɔn koma.—Aso 13:48.

Nhomawa a yɛato din “Was Life Created?”
Nhomawa a yɛato din “The Origin of Life—Five Questions Worth Asking.”
    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena