KRISTOFO ABRABƆ
Nhyehyɛe a Asafo Ayɛ De Kyekye Betelfo Werɛ
Onipa biara wɔ haw, enti obiara hia awerɛkyekye ne mmoa. Wɔn a wɔn gyidi si pi si ta, ne wɔn a wɔwɔ ɔsom hokwan akɛse mpo, ɛtɔ da a wɔn abam tumi bu. (Hio 3:1-3; Dw 34:19) Nhyehyɛe a Yehowa asafo no ayɛ de kyekye Betelfo werɛ no, dɛn na yebetumi asua afi mu?
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN “FA WO HO TO ONYANKOPƆN SO.” WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Ɔhaw bɛn saa na Betelfo hyia?
Nneɛma nnan bɛn na anuanom mpanyimfo no yɛ de kyekye wɔn werɛ?
Anuanom mpanyimfo a wɔkyekye Betelfo werɛ no, sɛn na adwuma a wɔyɛ no aboa wɔn ankasa?