KRISTOFO ABRABƆ
“Momma Mo Ani Nsɔ Nea Mowɔ”
Sɛ yɛn sikasɛm nye a, anhwɛ a yebedi akyi akɔyɛ biribi a ebetumi asɛe ayɔnkofa a ɛda yɛne Yehowa ntam no. Yɛmfa no sɛ ebia kwan bi abue ama yɛn a ɛbɛma yɛanya sika pii, nanso ebetumi ama yɛn som ayɛ bisibasaa. Ɛba saa a, yɛbɛyɛ no dɛn? Yedwinnwen Hebrifo 13:5 ho a, ɛbɛboa yɛn.
“Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu”
Bɔ mpae na bisa wo ho sɛ, ‘Mibu sika sɛn?’ San bisa wo ho sɛ, ‘Nhwɛso bɛn na mereyɛ ama me mma?’—g 9/15 6.
“Mmom momma mo ani nsɔ nea mowɔ”
Nneɛma a ɛyɛ wo sɛ wuhia wɔ abrabɔ mu no, bisa wo ho sɛ, ‘Ampa ara sɛ mihia saa nneɛma no?’—w16.07 7 ¶1-2.
“Merennyaw wo da, na merennan m’akyi nkyerɛ wo da biara da”
Nya gyidi sɛ, sɛ wode Ahenni no di kan a, Yehowa bɛboa wo ama wo nsa aka nea wuhia wɔ asetena mu.—w14 4/15 21 ¶17.
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN YƐN NUANOM DA SO ARA WƆ ASOMDWOE, ƐMFA HO OHIA. WUWIE A, BUA ASƐMMISA A EDI SO YI:
Miguel Novoa asɛm no, asuade bɛn na woanya afi mu?