BIBLE MU AKORADE
Enhia Sɛ Yɛkɔ Pɛyɛ Mu Ansa Na Yɛn Abrabɔ Adi Mu
Hiob kaa sɛ Onyankopɔn ne no anni no yiye, nanso na ɛnte saa (Hio 27:1, 2)
Ɛwom sɛ Hiob yɛɛ nneɛma bi a ɛmfa kwan mu, nanso otumi kaa sɛ n’abrabɔ di mu (Hio 27:5; it-1 1210 ¶4)
Enhia sɛ bɔne fi yɛn ho anaa yɛkɔ pɛyɛ mu ansa na yɛatumi ama yɛn abrabɔ adi mu; nea ehia ne sɛ yebefi yɛn koma nyinaa mu adɔ Yehowa (Mt 22:37; w19.02 3 ¶3-5)
DWINNWEN WEI HO: Yenim sɛ Yehowa nhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ yɛn biribiara pɛpɛɛpɛ. Sɛn na wei boa yɛn na yɛampa abaw?