Nnianim Nsɛm
Woabɔ mpae pɛn ma ɛyɛɛ wo sɛ Onyankopɔn antie? Sɛ saa a, ɛnde ɛnyɛ wo nko ara na wote nka saa. Nnipa pii abɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa wɔn, nanso wɔn haw no da so ara wɔ hɔ. Ɛnde yemmisa sɛ, adɛn nti na yebetumi agye adi paa sɛ Onyankopɔn tie yɛn mpaebɔ? Mpae bi wɔ hɔ a Onyankopɔn ntie. Adɛn ntia? Yɛbɛyɛ dɛn abɔ mpae ama Onyankopɔn atie yɛn? Nsɛm a edidi so yi bɛma yɛanya nsɛmmisa yi ho mmuae.