Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp21 nɔma 1 kr. 14-15
  • Wobɔ Mpae a, Ɛbɛboa Wo Sɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wobɔ Mpae a, Ɛbɛboa Wo Sɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mpaebɔ—Nea Ɛbɛtumi Ayɛ Ama Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Mpaebɔ Yɛ Hokwan Kɛse
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Sɛnea Mpaebɔ Betumi Ama Woabɛn Onyankopɔn
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
wp21 nɔma 1 kr. 14-15

Wobɔ Mpae a, Ɛbɛboa Wo Sɛn?

Yare bi a emu yɛ den bɔɔ Pamela, enti okohuu adɔkotafo. Nanso wamfa anso hɔ ara. Ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa no mma onnyina ne haw no ano. Mpae a ɔbɔe no, ɛboaa no anaa?

Pamela kaa sɛ: “Ná meyare kokoram, na bere a merehwɛ me ho yare no, na me yam taa hyehye me paa. Nanso bere biara a mɛbɔ Yehowa Nyankopɔn mpae no, na mihu sɛ me ho adwo me fɔmm, na na ɛmma ehu nkyekyere me. Ɛwom, me ho da so ara tutu me de, nanso mpaebɔ boa me paa. Ɛmma memfa m’adwene nsi me haw no so pii. Sɛ nkurɔfo bisa me sɛnea me ho te a, meka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Me ho nhyɛ da nye, nanso m’ani gye!’”

Wei nkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛtwɛn ma yare huhuuhu bi bɔ yɛn anaasɛ asɛm kɛse bi to yɛn ansa na yɛabɔ mpae. Yɛn nyinaa hyia ɔhaw. Ɔhaw no bi wɔ hɔ a, ɛso, ebi nso sua. Nanso ne nyinaa mu no, ɛyɛ a yetumi hu sɛ yehia mmoa. Ɛba saa a, mpaebɔ betumi aboa yɛn anaa?

Bible ka sɛ: “Dan w’adesoa to Yehowa so, na obeso wo mu. Ɔremma ɔtreneeni nhinhim da.” (Dwom 55:22) Saa asɛm yi ka koma paa! Enti sɛn na mpaebɔ betumi aboa wo? Sɛ wobɔ Onyankopɔn mpae wɔ ɔkwampa so a, ɔbɛboa wo ama woatumi agyina wo haw ano.—Hwɛ adaka a wɔato din “Wobɔ Mpae a, Dɛn Na Wubenya?”

Wobɔ Mpae a, Dɛn Na Wubenya?

Wubenya asomdwoe

Ɔbarima a na n’adwuma afi ne nsa no nam hɔ a n’ani agye.

‘Fa w’adesrɛ to Onyankopɔn anim ade nyinaa mu; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ wo koma ne w’adwene nsusuwii ho ban denam Kristo Yesu so.’ (Filipifo 4:6, 7) Sɛ nneɛma hyɛ wo so na wobɔ Onyankopɔn mpae a, ɔbɛboa wo ama woanya akomatɔyam, na ama woatumi ayɛ w’ade nyansam.

Wubenya nyansa a efi Onyankopɔn hɔ

Ɔbea a na ɔrehwɛ nhoma bi mu abɔ mpae no rekenkan Bible wɔ fie.

“Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma ɔnkɔ so ara mmisa Onyankopɔn efisɛ oyi ne yam ma nnipa nyinaa ade a ahohora biara nnim, na ɔde bɛma no.” (Yakobo 1:5) Sɛ nsɛm hyɛ yɛn so a, gyinae a yesisi no ntaa nyɛ papa. Nanso sɛ wobɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma wo nyansa a, ɔbɛboa wo ama woakae afotusɛm pii a ɛwɔ n’Asɛm Bible mu no.

Wubenya ahoɔden ne awerɛkyekye

Awarefo a na wɔwɔ ayaresabea no retu mpase. Ɔbea no kura poma a wɔde nantew, na ne kunu no aso ne mu reboa no.

“Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.” (Filipifo 4:13) Yehowa Nyankopɔn ne ade nyinaa so Tumfoɔ no, enti sɛ worehyia ɔhaw bi anaa worefa sɔhwɛ mu a, ɔbɛma wo ahoɔden a wode begyina ano. (Yesaia 40:29) Bible ka sɛ, Yehowa yɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn.” Obetumi akyekye yɛn werɛ wɔ “yɛn ahohia nyinaa mu.”​—2 Korintofo 1:3, 4.

NNYAE MPAEBƆ DA!

Yehowa de, ɔnhyɛ obiara sɛ ɔmmɔ no mpae. Mmom, wayi ne yam reto nsa afrɛ wo sɛ w’ankasa bɔ no mpae. (Yeremia 29:11, 12) Nanso ebia woabɔ Onyankopɔn mpae ara, na ɛyɛ wo sɛ ontie. Sɛ saa na wote nka a, mma w’abam mmu. Kae sɛ, awofo a wɔdɔ wɔn mma no, sɛ mmofra no bisa wɔn biribi a, ɛtɔ da a ɛnyɛ nea wobisae no ara na awofo no de ma wɔn. Ɛtɔ da nso a, ɛsɛ sɛ mmofra no twɛn kakra ansa na wɔn nsa aka nea wobisae no. Yɛreka yi, ebia na awofo no afa ho adwene koraa dedaw, na nea wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔde bɛma wɔn mma no, eye koraa sen nea wobisae no. Nea ɛwom ara ne sɛ, awofo a wɔdɔ wɔn mma no, wɔma wɔn nsa ka nea wohia.

Yehowa Nyankopɔn nso de, ɔwofo biara nte sɛ ɔno. Ɔdɔ wo, na ɔpɛ sɛ ɔboa wo. Bible mu afotusɛm a yɛaka ho asɛm no, sɛ wotɔ wo bo ase dwinnwen ho na wobɔ mmɔden de yɛ adwuma a, Onyankopɔn betie wo mpaebɔ, na ɔbɛma wo nsa aka nea wuhia paa!​—Dwom 34:15; Mateo 7:7-11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena