Nnianim Nsɛm
Nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase yi mu seesei no kyerɛ sɛ wiase yi awiei abɛn anaa? Sɛ ɛyɛ ampa sɛ wiase no reba awiei a, biribi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ na yɛanya yɛn ti adidi mu anaa? Sɛ wiase no ba awiei a, ɛno akyi no, dɛn na ebesi? Nsɛm a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no bɛma woanya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ Bible mu, na ɛbɛkyekye wo werɛ paa.