ASETENAM NSƐM
Masom Yehowa Ama M’ani Agye
MEKƆƆ Canada Betel no, adwuma a midii kan yɛe ne sɛ, na meprapra baabi a wotintim nhoma. Afe 1958 na mekɔɔ hɔ; na madi mfe 18. Ná m’ani gye. Afiri a na wotintim nsɛmma nhoma wie a wɔde twitwa ho no, ankyɛ na mifii ase de yɛɛ adwuma. Ná ɛyɛ me dɛ paa sɛ mewɔ Betel!
Afe a edi hɔ no, wɔde too Betel abusua no anim sɛ wohia anuanom ma wɔatu wɔn ho ama akɔsom wɔ South Africa Betel, efisɛ na wɔrebenya afiri foforo a wɔde betintim nhoma. Mede me din kɔe, na bere a mihui sɛ wɔde me din aka wɔn a wɔbɛkɔ bi no ho no, m’ani gyei paa. Ná anuanom mmiɛnsa a wɔn nso wɔ Canada Betel ka ho. Wɔn din ne, Dennis Leech, Bill McLellan, ne Ken Nordin. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, sɛ yɛkɔ South Africa a, yennya mmae.
Mefrɛɛ me maame wɔ fon so ka kyerɛɛ no sɛ: “Maame, merebɛka anigyesɛm bi akyerɛ wo. Merekɔ South Africa!” Ná me maame mpɛ kasa nanso na ne gyidi yɛ den, na na ɔntoto Yehowa som ase koraa. Meka kyerɛɛ no no, wankasa pii, nanso na minim sɛ ɔtaa m’akyi. Ɔne me papa nyinaa werɛ howee sɛ merekɔ akyirikyiri saa, nanso wɔankasa antia gyinae a misii no.
MEDE M’ANI KYERƐƐ SOUTH AFRICA!
Me ne Dennis Leech, Ken Nordin, ne Bill McLellan te keteke mu fi Cape Town rekɔ Johannesburg wɔ afe 1959 mu
Mfe 60 akyi no, yɛn baanan no nyinaa asan ahyiam wɔ South Africa Betel, afe 2019
Wɔmaa anuanom baanan a yɛrekɔ South Africa no kɔɔ Brooklyn Bethel, na wɔde abosome mmiɛnsa kyerɛɛ yɛn sɛnea yɛde afiri bi a wɔde tintim nhoma bɛyɛ adwuma. Ɛno akyi no, yɛkɔfaa po so hyɛn a wɔde fa nneɛma a ɛrekɔ Cape Town a ɛwɔ South Africa. Afei ara na na madi mfe 20. Yesiim anwummere faa keteke fii Cape Town kɔɔ Johannesburg; na kwan no ware paa. Yedii kan gyinaa kurow ketewaa bi a ɛwɔ Karoo mantam mu. Ná ɛhɔ yɛ sare so; yeduu hɔ no, na anim ntetewee. Ná mfuturu ne wusiw wɔ hɔ, na na ɛhɔ yɛ hyew. Yɛn baanan no nyinaa twee yɛn kɔn hwɛɛ mfɛnsere no mu bisae sɛ, na ɛhe koraa ni? Ɔhaw bɛn koraa na yɛakɔfa abɛto yɛn ho so yi? Mfe bi akyi no, yɛsan kɔɔ saa mpɔtam hɔ, na yehui sɛ nkurow nketewa a na ɛwɔ hɔ no, na ɛhɔ yɛ fɛ na nnipa a ɛte hɔ no asom dwo wɔn.
Afiri bi a wɔfrɛ no Linotype a na ɛho adwuma yɛ den a na yedi kan de yɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no ho adwuma ansa na yɛatintim no, ɛno na mede yɛɛ adwuma mfe kakra a edi kan no. Ná Betel a ɛwɔ South Africa no tintim nsɛmma nhoma wɔ Afrika kasa pii mu de kɔ Afrika aman pii so. Saa afiri foforo a wɔde tintim nhoma a ɛno nti yetwaa kwantenten fii Canada baa ha yi, na ɛyɛ yɛn dɛ sɛ ɛrebɔ adwuma saa.
Akyiri yi, mekɔyɛɛ adwuma wɔ ɔfese a ɛhwɛ ma wɔkyerɛ nhoma ase, wotintim, na wɔde kɔma asafo ahorow no. Ná adwuma gu me so nanso na m’ani gye paa.
AWARE NE DWUMADI FOFORO
Bere a na me ne Laura resom sɛ akwampaefo titiriw afe 1968 no
Afe 1968 no, mewaree onuawa kwampaefo bi a ne din de Laura Bowen. Ná ɔte bɛn Betel. Afei nso, na ɔboa dwumadibea a wɔkyerɛ nsɛm ase wɔ Betel. Saa bere no, sɛ obi ware a, na hokwan nni hɔ sɛ ɔne ne yere bɛba abɛtena Betel. Enti wɔma yɛkɔyɛɛ akwampaefo titiriw. Ɛtoo me adwinnwen kakra. Mfe du a na mede atena Betel nyinaa na mennwen aduan ne baabi a mɛda ho. Nanso afei a na yɛrekɔyɛ akwampaefo titiriw yi, sika kakra a na wɔde bɛma yɛn no, na ɛbɛyɛ dɛn aso yɛn? Bosome biara na yɛn mu biara benya rand 25 (saa bere no, na ɛyɛ Amerika dɔla 35). Nanso na gye sɛ yenya nnɔnhwerew a wɔatwa ama yɛn, na yɛyɛ sankɔhwɛ dodow bi, na yɛma nhoma dodow bi ansa na yɛn nsa aka. Saa sika no ara na na yɛde bi betua yɛn dan ka, yɛde bi bɛtɔ aduan, yɛde bi bɛfa kar. Yɛyare nso a, ɛno ara bi na na yɛde bɛhwɛ yɛn ho, na yɛde bi nso atotɔ nneɛma foforo a yehia.
Wɔma yɛkɔboaa kuw ketewa bi a ɛwɔ mpoano kurow bi mu a ɛbɛn Durban. Ná Indiafo bebree wɔ hɔ. Ná wɔn mu pii yɛ apaafo a wofi India baa South Africa no asefo. Afe 1875 mu hɔ baabi na wɔbɛyɛɛ adwuma wɔ baabi a wɔyɛ asikre. Bere a yɛkɔɔ hɔ no de, na wɔyɛ nnwuma foforo, nanso wɔn amammerɛ ne wɔn nnuan a ɛyɛ dɛ no de, wɔankɔ annyaw. Afei nso na wɔka Borɔfo, enti na ɛnyɛ den mma yɛn sɛ yebedi wɔn adanse.
Ná ɛsɛ sɛ akwampaefo titiriw de nnɔnhwerew 150 kɔ asɛnka bosome biara, enti da a edi kan no, me ne Laura yɛe sɛ yɛde nnɔnhwerew nsia bɛkɔ asɛnka. Ná wim yɛ hyew paa. Ná yenni sankɔhwɛ ne Bible adesua biara, enti na ɛsɛ sɛ yɛde nnɔnhwerew nsia no nyinaa yɛ afie afie asɛnka. Yɛyɛɛ asɛnka adwuma no kakra no, mehwɛɛ me wɔɔkye. Sɛɛ simma 40 pɛ na na abɛsen kɔ! Enti mibisaa me ho sɛ, ‘Adwuma yi de, yebetumi ayɛ ni?’
Ankyɛ na yɛyɛɛ yɛn nhyehyɛe yiye. Da biara na yetwitwa paanoo kakra de nkwan anaa kɔfe ka ho kɔ. Sɛ yɛpɛ sɛ yegye yɛn ahome a, na yɛde yɛn kar ketewa no kosi gyedua bi ase. Ɛtɔ da a, na Indiafo mma a wɔn ho anika-anika betwa yɛn ho hyia hwɛ yɛn saa! Nna kakra akyi no, yehui sɛ, sɛ yefi asɛnka ase na dɔnhwerew mmienu anaa mmiɛnsa twam a, yɛn ani bɛba yɛn ho so no, na ade reyɛ asa.
Ná nkurɔfo a wɔte asaasesin no mu pɛ nnipa, enti yɛn ani gyei paa sɛ yɛkɔkaa Bible mu asɛm no kyerɛɛ wɔn! Yehui sɛ na Indiafo no bu ade, wɔn anim tew, na na wɔn ani gye nyamesom ho. Hindufo bebree nso tiee asɛmpa no. Ná wɔn ani gye ho sɛ wobesua Yehowa ne Yesu ho ade, na wɔahu Bible mu. Wiase foforo a asomdwoe wom a ɛbɛba daakye, ne anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo no, na wɔpɛ sɛ wosua ɛno nso ho ade. Afe baako akyi no, na yɛanya Bible adesua 20. Awia biara, na mmusua a yɛne wɔn sua ade no baako ma yebedidi wɔ wɔn fie. Ná yɛn ani gye paa.
Ankyɛ koraa na yenyaa dwumadi foforo. Wɔkaa sɛ yɛnkɔyɛ ɔmansin adwuma. Baabi a yɛkɔyɛɛ adwuma no, na nkurow no gu mpoano. Nnawɔtwe biara sɛ yɛkɔsra asafo bi a na yɛtena abusua baako fie, na na yɛne adawurubɔfo a wɔwɔ asafo no mu yɛ adwuma hyɛ wɔn nkuran. Yɛne wɔn bɛyɛɛ te sɛ abusua, na na yɛne wɔn mma ne wɔn nyɛmmoa nyinaa di agorɔ. Ná yɛde anigye ayɛ saa adwuma yi mfe mmienu, nanso mpofirim ara na Betel frɛɛ yɛn wɔ fon so. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, “Yɛpɛ sɛ mosan ba Betel.” Mekaa sɛ, “Yɛn ani gye wɔ ha paa oo.” Nanso na yɛayɛ krado sɛ baabiara a wɔbɛka sɛ yɛnkɔ no, yɛbɛkɔ.
YƐSAN KƆƆ BETEL
Mesan kɔɔ Betel no, mekɔyɛɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea. Minyaa hokwan ne anuanom pii a wɔn ho akokwaw na wɔwɔ osuahu yɛɛ adwuma. Saa bere no, sɛ ɔmansin sohwɛfo bi kɔsom asafo bi wie a, na ɔyɛ ho kyerɛwtohɔ ba Betel, na na Betel gyina so kyerɛw asafo no. Nea enti a na wɔkyerɛw saa krataa no ne sɛ, na wɔde kɔhyɛ asafo no nkuran, na sɛ ɛho hia sɛ wodi biribi nso ho dwuma a, na wɔde ho akwankyerɛ ma wɔn. Ná wei yɛ adwumaden, efisɛ na ɛsɛ sɛ akyerɛwfo no kyerɛ nkrataa a na ɛwɔ Xhosa, Zulu ne kasa afoforo mu ase kɔ Borɔfo mu. Afei nso, nkrataa a na efi Betel rekɔ no, na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ ase fi Borɔfo mu kɔ Afrika kasa ahorow mu. Adwumaden a na wɔn a wɔkyerɛ nsɛm ase yɛ no, na m’ani sɔ paa. Ɔhaw a na yɛn nuanom abibifo no refa mu nso, wɔboaa me ma mihuu n’ani so.
Saa bere no, aban a ɛwɔ South Africa no, na wɔyɛ nnipa mu nyiyi mu. Ná ɛsono baabi a abibifo te, ɛnna ɛsono baabi a aborɔfo te. Enti na abibifo ne aborɔfo ntumi mmom nyɛ hwee. Ná yɛn nuanom abibifo no ka wɔn kurom kasa, na na wodi adanse nso wɔ wɔn kurom kasa mu. Asafo a wɔwom nso, na wɔn kurom kasa na wɔde yɛ adesua.
Esiane sɛ na Borɔfo kasa na wɔka wɔ asafo a na mewom no asaasesin mu nti, na minnim abibifo bebree. Nanso afei de, na manya hokwan sɛ mesua abibifo ho ade, na mahu wɔn amammerɛ ne wɔn amanne. Mibehui sɛ amammerɛ ne gyidi ahorow a na ɛwɔ baabi a anuanom no wɔ nti, na wohyia nsɛnnennen. Anuanom nyaa akokoduru paa de tetew wɔn ho fii amammerɛ a ennyina Kyerɛwnsɛm so no ho. Afei nso, sɛ wɔamfa wɔn ho anhyɛ ahonhonsɛm mu a, na wɔn abusuafo ne akuraa no asefo nyinaa sɔre tia wɔn denneennen. Nanso ne nyinaa mu no, wonyaa akokoduru de gyinaa ano. Sɛ wokɔ nkuraase a, na nkurɔfo di hia buruburoo. Ná wɔn mu pii nkɔɔ sukuu, nanso na wɔn ani gye Bible ho paa.
Sɛ Adansefo no mma kɔ sukuu a, asɔre a na wɔyɛ wɔ hɔ no, na wɔmfa wɔn ho nhyɛ mu, na na wɔnto ɔman nnwom nso. Enti ɛmaa ɛho asɛm kopuee asɛnnibea. Minyaa hokwan yɛɛ saa nsɛm no bi ho adwuma. Nea na wɔyɛ wɔ sukuu mu hɔ no, esiane sɛ Adansefo mma no amfa wɔn ho anhyɛ mu nti, woyii wɔn adi. Nanso akokoduru ne nokwaredi a wɔdaa no adi no, ɛhyɛɛ me gyidi den paa.
Afrika man ketewa bi a na wɔfrɛ no Swaziland a seesei wɔfrɛ no Eswatini nso, anuanom a ɛwɔ hɔ no hyiaa ɔhaw foforo bi. Bere a Ɔhene Sobhuza II wui no, wɔhyɛɛ mmara sɛ ɔmanfo nyinaa mfa wɔn ho nhyɛ ayi ho amanne bi mu. Ná ɛsɛ sɛ mmarima werɛw wɔn ti ho nyinaa, na mmea nso twa wɔn ti ma ɛkɔ fam. Sɛ anuanom de wɔn ho hyɛ saa amanne no mu a, na ɛte sɛ nea wɔresom wɔn nananom a wɔawuwu, enti wɔanyɛ. Ɛno maa wɔtan wɔn ani paa. Nokware a wodi maa Yehowa no kaa yɛn koma paa. Yesuaa nokwaredi ne abotare ho ade pii fii yɛn nuanom abibifo no hɔ, na ɛno hyɛɛ yɛn gyidi den paa.
MESAN KƆYƐƐ ADWUMA WƆ BAABI A YETINTIM NHOMA
Afe 1981 no, bere a yɛrebefi ase de kɔmputa atintim nhoma no, wɔkaa sɛ menkɔboa. Enti mesan kɔyɛɛ adwuma wɔ baabi a yetintim nhoma no. Ná nneɛma resesa ntɛmntɛm! Ná akwan a wɔfa so tintim nhoma resesa paa. Obi a ɔtɔn mfiri a wɔde tintim nhoma maa Betel afiri foforo bi sɛ yɛnsɔ nhwɛ a yentua hwee. Wei nti, Linotype mfiri nkron a na yedi kan de yɛ nhoma no ho adwuma ansa na yɛatintim no, yɛsesaa ne nyinaa de foforo yi nnum hyɛɛ anan. Yɛhyehyɛɛ afiri kɛse bi nso a wɔde tintim nhoma kaa ho. Afei de, na yetumi tintim nhoma ntɛmntɛm paa!
Kɔmputa boaa yɛn ma yehuu sɛnea yɛbɛfa akwan foforo so de MEPS ahyehyɛ nsɛm wɔ nkrataa so. Bere a yɛn baanan no fi Canada baa South Africa no, Linotype afiri ne mfiri foforo a na yɛde yɛ adwuma no, sɛ wode toto nea na afei yɛde reyɛ adwuma no ho a, na wuhu sɛ nsakrae a aba no sõ. (Yes. 60:17) Saa bere no, na yɛn nyinaa aware anuanom mmea akwampaefo a wɔdɔ Yehowa paa. Ná me ne Bill da so ara resom wɔ Betel. Ken ne Dennis de, na wɔannya mma, na na wɔwɔ mpɔtam hɔ ara.
Ná adwuma no yɛ ara na ɛreyɛ kɛse wɔ Betel. Ná yɛkyerɛ asafo nhoma ase tintim wɔ kasa pii mu, na na yɛde bi nso kɔma Betel ahorow nso. Enti na yehia Betel foforo a ɛso. Anuanom sii Betel foforo bi wɔ beae bi a ɛyɛ fɛ wɔ Johannesburg atɔe, na wohyiraa so afe 1987. Bere a adwuma no reyɛ kɛse wɔ South Africa no nyinaa na mewɔ hɔ, na minyaa hokwan nso somee sɛ Baa Boayikuw no muni mfe pii. Wei nyinaa maa m’ani gyei paa.
YENYAA DWUMADI FOFORO!
Afe 2001 no, ɛyɛɛ me nwonwa paa sɛ wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔka United States Baa Boayikuw a na wɔatew no foforo no ho. Ɛwom sɛ yɛrefi South Africa no, na ɛyɛ yɛn yaw sɛ yɛregyaw yɛn adwuma ne yɛn nnamfo hɔ, nanso na ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛrekɔhyɛ abrabɔ foforo ase wɔ United States Betel.
Nanso na nea ɛhaw yɛn ne sɛ yebegyaw Laura maame a na ne mfe akɔ anim no hɔ. Baabi a na yɛakodi wɔ New York no, na yɛrentumi mmoa Laura maame ahe biara. Nanso ne nua mmea mmiɛnsa kaa sɛ wɔbɛhwɛ ama ne nsa aka nea ohia nyinaa. Wɔkaa sɛ: “Yɛrentumi nyɛ bere nyinaa som adwuma no bi, enti sɛ yɛhwɛ Maame a, ɛno bɛma moatumi akɔ so ayɛ mo adwuma no.” Yɛn ani asɔ nea wɔyɛe no paa.
Saa pɛpɛɛpɛ na me nuabarima ne ne yere a na wɔte Toronto a ɛwɔ Canada nso yɛe. Wɔhwɛɛ me maame a na ɔyɛ okunafo saa bere no. Ná wɔne no atena bɛboro mfe 20. Yekoduu New York no, ankyɛ na Maame wui. Sɛnea woyii wɔn yam hwɛɛ Maame kosii ne wuda no, yɛn ani sɔ paa. Sɛ wowɔ awofo a wɔn mfe akɔ anim a, ɛtɔ da a, wɔn hwɛ nna fam. Enti sɛ wunya abusuafo a wɔpɛ sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ wɔn asetenam na wɔboa hwɛ wɔn a, ɛyɛ nhyira kɛse paa!
Mekɔɔ United States no, mede mfe kakra yɛɛ adwuma wɔ baabi a wotintim nhoma. Seesei abɛɛfo mfiri na yɛde yɛ adwuma, enti ɛnyɛ den sɛ kan no. Nnansa yi de, meyɛ adwuma wɔ dwumadibea a ɛtotɔ nneɛma. M’ani agye paa sɛ mfe 20 a atwam no, manya hokwan ayɛ adwuma wɔ United States Betel kɛse mu ha. Seesei anuanom a ɛyɛ adwuma wɔ ha no bɛyɛ 5,000, ɛnna wɔn a wofi fie bɛboa nso bɛyɛ 2,000.
Mfe 60 a atwam no, sɛ obi ka kyerɛɛ me sɛ mɛba abepue ha a, anka minnye nni. Mfe bebree yi nyinaa, Laura ayi ne yam aboa me paa. Metumi aka sɛ asi me yiye paa! Dwumadi ahorow a yɛanya wɔ Yehowa som mu no, yɛn ani sɔ paa. Afei nso, nnipa ahorow-ahorow a yɛne wɔn ayɛ adwuma, ne wɔn a yɛkɔsrasra Betel a ɛwɔ aman horow so a yehyia wɔn no, ɛno nso yɛn ani sɔ paa. Seesei madi boro mfe 80, enti wɔatew m’adwuma so, efisɛ anuanom mmerante bebree wɔ hɔ a wobetumi ayɛ adwuma no.
Odwontofo no kaa sɛ: “Anigye ne ɔman a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa.” (Dw. 33:12) Saa asɛm no yɛ nokware turodoo! Ɛyɛ me dɛ paa sɛ matumi ne Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ anigye no abom resom no.