ADESUA ASƐM 46
Sɛ Afei Na Moaware a, Momma Yehowa Som Ho Nhia Mo Paa
“Yehowa ne m’ahoɔden . . . Ɔno na mede me koma to no so.”—DW. 28:7.
DWOM 131 “Nea Onyankopɔn Aka Abom”
NEA YƐREBESUAa
1-2. (a) Wɔn a afei na wɔaware no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho to Yehowa so? (Dwom 37:3, 4) (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?
WOREBƐWARE, anaa afei ara na waware? Sɛ saa a, yegye di sɛ, esiane sɛ wodɔ wo hokafo no paa nti, worehwɛ kwan sɛ mo aware no bɛsɔ. Nanso kae sɛ, aware biara nni hɔ a ɔhaw nnim. Afei nso, gyinae a ɛho hia wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ musisi. Sɛnea mubedi ɔhaw a mubehyia no ho dwuma, ne gyinae a mubesisi no na ɛbɛkyerɛ sɛ mo anigye no bɛtena hɔ akyɛ anaa ɛrenni gyina. Sɛ mode mo ho to Yehowa so a, mubesisi gyinae pa, mo aware no bɛsɔ, na mo anigye ayɛ kɛse. Sɛ moamma Onyankopɔn adwene ankyerɛ mo kwan a, ebetumi de ɔhaw aba, na ama mo aware no agyigya. Ɛba saa a, ɛbɛsɛe mo anigye.—Kenkan Dwom 37:3, 4.
2 Adesua yi, wɔn a afei na wɔaware paa na ɛfa wɔn ho, nanso ɔhaw a ɛbɛka ho asɛm no, awarefo nyinaa betumi ahyia bi. Afei nso, ɛbɛka nhwɛso a mmarima ne mmea anokwafo bi a Bible ka wɔn ho asɛm yɛe, na yɛahwɛ nea yebetumi asua afi mu. Yebetumi de asuade a ɛwom no ayɛ adwuma wɔ yɛn asetenam ne yɛn aware mu. Bio nso, awarefo bi a wɔwɔ yɛn bere yi so no, yɛbɛhwɛ nea yebetumi asua afi wɔn hɔ.
WƆN A AFEI NA WƆAWARE NO, ƆHAW BƐN NA WOBETUMI AHYIA?
Gyinae bɛn na sɛ wɔn a wɔaware foforo sisi a ebia ɛremma wontumi ntrɛw wɔn som adwuma mu? (Hwɛ nkyekyɛm 3-4)
3-4. Wɔn a afei na wɔaware no, ɔhaw bɛn na wobetumi ahyia?
3 Sɛ ebinom ware foforo a, ɛyɛ a nkurɔfo tu wɔn fo sɛ wɔnyɛ nea awarefo dodow no ara yɛ no bi. Ɛho nhwɛso ne sɛ, wɔn awofo anaa abusuafo betumi aguan wɔn ho sɛ wɔnyɛ na wɔnwo. Ebi nso a, wɔn nnamfo a wɔwɔ adwempa ne abusuafo bɛhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔntɔ fie, na wonsiesie mu kama.
4 Sɛ awarefo anhwɛ yiye a, gyinae a wobesisi no betumi ama ɛka amene wɔn. Ɛba saa a, da biara, ɛsɛ sɛ ɔbea ne ɔbarima no nyinaa yɛ adwuma nnɔnhwerew pii ansa na wɔatumi atutu ka no. Afei wɔn ani bɛba wɔn ho so no, na wonnya kwan nyɛ kokoam adesua, abusua som ne asɛnka adwuma no. Ebia awarefo no bɛtoto adesua mu mpo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bere pii bɛyɛ adwuma anya sika anaa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn adwuma remfi wɔn nsa. Ebewie ase no, hokwan a anka wɔde bɛtrɛw wɔn som adwuma mu ama wɔn ani agye no, wobɛhwɛ na abɔ wɔn.
5. Dɛn na wusua fi Klaus ne Marisa suahu no mu?
5 Nea ato nkurɔfo wɔ asetena mu ma yehu sɛ, sɛ obi de n’adwene nyinaa si sikapɛ so a, ɛmma n’ani nnye. Momma yɛnhwɛ nea ɛtoo awarefo bi a wɔn din de Klaus ne Marisa, na ɛbɛma yɛate nea yɛreka yi ase.b Wɔhyɛɛ abrabɔ ase no, wɔn mmienu nyinaa de wɔn bere nyinaa yɛɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya asetena pa adwudwo wɔn ho. Nanso, wɔn koma mu paa de, na wonni anigye. Klaus ka sɛ: “Ná yɛanya ama abu yɛn so, nanso Onyankopɔn som mu de, na botae biara nsi yɛn ani so. Sɛ mɛka nokware a, na yennya yɛn ho atwaye koraa, na na adwinnwen hyɛ yɛn so.” Ebia wo nso, woabehu sɛ, sɛ wode w’adwene si sikapɛ so a, ɛmfa anigye mmrɛ wo. Sɛ saa a, mma w’aba mu mmu. Sɛ wususuw ɛsa pa a afoforo atwa ato hɔ no ho a, ebetumi aboa wo. Nea edi kan no, momma yɛnhwɛ nea okununom betumi asua afi nea Ɔhene Yehosafat yɛe no mu.
FA WO HO TO YEHOWA SO TE SƐ ƆHENE YEHOSAFAT
6. Bere a Ɔhene Yehosafat hyiaa ɔhaw kɛse bi no, ɔkwan bɛn so na ɔde afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 3:5, 6 no yɛɛ adwuma?
6 Okununom, nneɛma a ɛsɛ sɛ mudi ho dwuma no, ɛtɔ da a mote nka sɛ ama mo kɔn mu rebu anaa? Sɛ saa a, ɛnde mubetumi asua biribi afi nea Ɔhene Yehosafat yɛe no mu. Esiane sɛ na ɔyɛ ɔhene nti, ɔno na na ɛsɛ sɛ ɔbɔ ɔman mũ no nyinaa ho ban! Ɔkwan bɛn na ɔfaa so yɛɛ saa adwumasono no? Yehosafat yɛɛ nea obetumi de bɔɔ ɔmanfo no ho ban. Bammɔ a na ɛwɔ Yuda nkurow mu no, omiaa mu, na ɔboaboaa asraafo a wɔn ho yɛ den bɛboro 1,160,000 ano. (2 Be. 17:12-19) Akyiri yi, Yehosafat hyiaa ɔhaw kɛse bi. Asraafodɔm kɛse bi a wofi Ammon, Moab ne Seir mmepɔw so baa Yehosafat ne n’abusua, ne ne manfo so. (2 Be. 20:1, 2) Dɛn na Yehosafat yɛe? Ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa no na ɔmma no ahoɔden. Nea ɔyɛe no kyerɛ sɛ, ɔde afotu pa a ɛwɔ Mmebusɛm 3:5, 6 (Kenkan.) no yɛɛ adwuma. Yehosafat mpae a ɛwɔ 2 Beresosɛm 20:5-12 no ma yehu sɛ na ɔbrɛ ne ho ase. Afei nso, ɛma yehu sɛ na ɔwɔ ne soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no mu ahotoso paa. Ɔkwan bɛn so na Yehowa tiee Yehosafat mpaebɔ no?
7. Ɔkwan bɛn so na Yehowa tiee Yehosafat mpaebɔ no?
7 Yehowa faa Lewini bi a ne din de Yahasiel so kasa kyerɛɛ Yehosafat. Yehowa kaa sɛ: “Munkogyinagyina hɔ, monyɛ komm na monhwɛ sɛnea Yehowa begye mo nkwa.” (2 Be. 20:13-17) Sɛ wo ne atamfo rekɔko a, wobɛkɔ akogyina hɔ komm? Yennye nni sɛ saa na asraafo yɛ. Nanso saa akwankyerɛ yi de, na emfi nnipa; ná efi Yehowa hɔ. Yehosafat de ne werɛ nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn mu, enti ɔyɛɛ nea Yehowa kae no. Bere a ɔne ne manfo no rekohyia atamfo no, wamfa asraafo a wonim akodi yiye no anni anim. Mmom ɔde nnwontofo a wonni akode biara no na edii anim. Yehowa amma Yehosafat nsa ansi fam; Yehowa dii atamfo no so nkonim.— 2 Be. 20:18-23.
Sɛ wɔn a wɔaware foforo bɔ mpae na wosua Onyankopɔn Asɛm no a, ɛbɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn som paa na ɛho hia wɔn wɔ wɔn aware mu (Hwɛ nkyekyɛm 8, 10)
8. Dɛn na okununom betumi asua afi nea Yehosafat yɛe no mu?
8 Okununom, mubetumi asua biribi afi nea Yehosafat yɛe no mu. Mo na ɛyɛ mo asɛde sɛ mode nea mo abusua hia ma wɔn, enti moyɛ adwumaden de bɔ wɔn ho ban, na mohwɛ wɔn. Sɛ muhyia ɔhaw a, anhwɛ a mobɛte nka sɛ mo ara mubetumi adi ho dwuma. Nanso, hwɛ na woamfa wo ho anto wo nyansa so. Mmom, wo nko ara bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo. Ɛno akyi no, wo ne wo yere nso mfi mo koma nyinaa mu mmɔ mpae. Sua Bible, na yɛ nhwehwɛmu wɔ asafo nhoma ahorow mu fa hwehwɛ akwankyerɛ fi Yehowa hɔ. Akwankyerɛ biara a wubenya no, fa yɛ adwuma. Gyinae a wode Bible afotu besisi no, ebinom ne wo renyɛ adwene, na anhwɛ mpo a wɔbɛka akyerɛ wo sɛ nyansa nni nea woreyɛ no mu. Ebia wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, sɛ wopɛ sɛ esi w’abusua yiye a, ɛno ara ne sika ne agyapade. Nanso kae nea Yehosafat yɛe no. Ɔde ne ho too Yehowa so, na ɔde ne nneyɛe nso sii so dua. Yehowa annan n’akyi ankyerɛ saa ɔbarima nokwafo no, enti wo nso, ɔrennan n’akyi nkyerɛ wo. (Dw. 37:28; Heb. 13:5) Dɛn bio na awarefo betumi ayɛ na ama wɔn ani agye?
MA YEHOWA SOM HO NHIA WO PAA TE SƐ ODIYIFO YESAIA NE NE YERE
9. Dɛn na yebetumi aka afa odiyifo Yesaia ne ne yere ho?
9 Yehowa som paa na na ɛho hia odiyifo Yesaia ne ne yere. Ná Yesaia yɛ odiyifo, na ɛbɛyɛ sɛ adwuma a na adiyifo yɛ no, na ne yere nso yɛ bi, efisɛ na wɔfrɛ no “odiyifobea.” (Yes. 8:1-4) Ɛda adi pefee sɛ na Yesaia ne ne yere mfa wɔn som nni agorɔ. Hwɛ sɛnea wei yɛ nhwɛso pa ma awarefo a ɛwɔ hɔ nnɛ!
10. Sɛ awarefo sua Bible nkɔmhyɛ a, sɛn na ɛbɛboa wɔn ama wɔayɛ nea wobetumi biara wɔ Yehowa som mu?
10 Sɛ awarefo yɛ nea wobetumi nyinaa de som Yehowa a, ɛbɛkyerɛ sɛ Yehowa som paa na ɛho hia wɔn. Sɛ wobom sua Bible nkɔmhyɛ, na wohu sɛnea ɛbam pɛpɛɛpɛ no a, ɛbɛma ahotoso a wɔwɔ wɔ Yehowa mu no ayɛ kɛse.c (Tito 1:2) Afei nso, nea wɔbɛyɛ ama Bible nkɔmhyɛ bi aba mu no, wobetumi adwinnwen ho. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yesu nkɔmhyɛ a ɛka sɛ wɔbɛka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa ansa na awiei no aba no, wobetumi ahwɛ nea wɔyɛ a ɛbɛma saa asɛm no aba mu. (Mat. 24:14) Sɛ awarefo bi hu paa sɛ Bible nkɔmhyɛ reba mu a, ɛbɛkanyan wɔn ma wɔayɛ nea wobetumi biara wɔ Yehowa som mu.
MOMFA AHENNI NO NNI KAN WƆ MO ASETENA MU TE SƐ PRISKILA NE AKWILA
11. Dɛn na Priskila ne Akwila tumi yɛe, na adɛn ntia?
11 Awarefo a wɔn ani mfii betumi asua biribi afi Priskila ne Akwila hɔ. Ná wɔyɛ Yudafo awarefo bi a na wɔte Roma. Wɔtee Yesu ho asɛmpa no na wɔbɛyɛɛ Kristofo. Akyinnye biara nni ho sɛ, na wɔn ani gye asetena a na wɔwom no ho. Nanso bere a Ɔhempɔn Klaudio hyɛe sɛ Yudani biara mfi Roma no, prɛko pɛ wɔn asetena dan butuwii. Dɛn na na Akwila ne Priskila bɛyɛ? Baabi a na wɔatena ara ama ɛhɔ agye wɔn no, na ɛsɛ sɛ wotu fi hɔ kɔhwehwɛ baabi foforo. Afei nso, na ɛsɛ sɛ wɔkɔpɛ baabi foforo na wofi wɔn ntamadan adwuma no ase bio. Wohwɛ a, ɔhaw a ɛte saa ma wopiaa Ahenni adwuma no too nkyɛn anaa? Yegye di sɛ wunim mmuae no. Bere a Akwila ne Priskila tu kɔɔ Korinto no, wɔne asafo a ɛwɔ hɔ no boom somee, na wɔne ɔsomafo Paul yɛɛ adwuma de hyɛɛ anuanom a ɛwɔ hɔ no den. Akyiri yi, nkurow a na wohia asɛmpakafo wɔ hɔ no, wotu kɔɔ hɔ kɔboae. (Aso. 18:18-21; Rom. 16:3-5) Ɛwom sɛ na wɔwɔ adwuma pii yɛ, nanso wo de, hwɛ sɛnea na wɔn ani begye afa!
12. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ awarefo de honhom fam botae sisi wɔn ani so?
12 Awarefo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi de Ahenni no adi kan wɔ wɔn asetena mu de asuasua Priskila ne Akwila. Bere a ɔbea ne ɔbarima bi reyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛware no, saa bere no na eye paa sɛ wɔka botae a wɔde besisi wɔn ani so ho asɛm. Sɛ awarefo bom sisi honhom fam botae a wɔpɛ sɛ wodu ho ho gyinae, na wɔyere wɔn ho yɛ ho adwuma a, hokwan pii bebue ama wɔn, na wobehu sɛ Yehowa redi boa wɔn. (Ɔsɛnk. 4:9, 12) Momma yɛnhwɛ Russell ne Elizabeth suahu no. Russell ka sɛ, “Bere a yɛreyɛ nhyehyɛe aware no, yɛhyɛɛ da kaa honhom fam botae a yɛde besisi yɛn ani so ho asɛm.” Elizabeth nso ka sɛ, “Yɛbɔɔ saa nkɔmmɔ no sɛnea ɛbɛyɛ a daakye bi sɛ yɛresi gyinae foforo bi a, ɛrenkopia saa honhom fam botae no nto nkyɛn.” Nea Russell ne Elizabeth yɛe nti, wotumi tu kɔɔ Micronesia kɔboae, efisɛ na wohia adawurubɔfo pii wɔ hɔ.
Sɛ wɔn a wɔaware foforo de honhom fam botae sisi wɔn ani so a, ɛbɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn som paa na ɛho hia wɔn wɔ wɔn aware mu (Hwɛ nkyekyɛm 13)
13. Sɛnea Dwom 28:7 ma yehu no, sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, dɛn na ebefi mu aba?
13 Awarefo bebree ayɛ wɔn ade te sɛ Russell ne Elizabeth. Wɔatwitwa nneɛma so ayɛ wɔn ho awiɛmfoɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya bere pii ayɛ asuafoyɛ adwuma no bi. Sɛ awarefo de botae a wobetumi adu ho sisi wɔn ani so wɔ Yehowa som mu, na wobom yɛ ho adwuma a, nneɛma pa pii fi mu ba. Wobehu paa sɛ Yehowa hwɛ wɔn, ahotoso a wɔwɔ wɔ ne mu no bɛyɛ kɛse, na wɔn ani begye paa.—Kenkan Dwom 28:7.
FA WO HO TO YEHOWA BƆHYƐ AHOROW SO TE SƐ ƆSOMAFO PETRO NE NE YERE
14. Dɛn na ɔsomafo Petro ne ne yere yɛ de kyerɛe sɛ bɔhyɛ a ɛwɔ Mateo 6:25, 31-34 no, wɔwɔ mu ahotoso?
14 Awarefo betumi asuasua ɔsomafo Petro ne ne yere nhwɛso no. Bere a edi kan a ɔsomafo Petro hyiaa Yesu no, ɛno akyi bɛyɛ abosome nsia rekɔ afe no, na ɛsɛ sɛ Petro si gyinae bi a ɛho hia paa. Adwuma a na Petro yɛ de hwɛ n’abusua ne mpataayi. Enti bere a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ onyae n’adwuma no na ommedi n’akyi no, na ɛsɛ sɛ odwen n’abusua ho. (Luka 5:1-11) Ne nyinaa mu no, osii gyinae sɛ obedi Yesu akyi ne no akɔka asɛmpa no. Ná wei yɛ gyinae pa! Yebetumi aka sɛ, Petro yere nso taa n’akyi. Bible ma yehu sɛ Yesu wusɔre akyi no, anyɛ hwee koraa no, Petro ne ne yere tutuu akwan kakra. (1 Kor. 9:5) Akyinnye biara nni ho sɛ, esiane sɛ na ne yere no yɛ Kristoni bea a ɔyɛ nhwɛso pa nti, ɛmaa Petro tumi de ahotoso tuu Kristofo awarefo fo. (1 Pet. 3:1-7) Yehowa bɔhyɛ a ɛne sɛ, sɛ yɛde Ahenni no di kan wɔ yɛn asetena mu a ɔbɛhwɛ ama yɛn nsa aka nea yehia no, ɛda adi sɛ na Petro ne ne yere wɔ mu ahotoso.—Kenkan Mateo 6:25, 31-34.
15. Dɛn na wusua fi nea Tiago ne Esther yɛe no mu?
15 Sɛ mowaree nkyɛe pii a, dɛn na mobɛyɛ na moatumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu? Ade baako a mubetumi ayɛ ne sɛ mobɛhwɛ nea awarefo binom ayɛ. Mubetumi akenkan wei ho nhwɛso wɔ nsɛm a ɛba toatoa so a yɛato din, “Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa” no. Tiago ne Esther yɛ awarefo a wofi Brazil. Nsɛm a ɛtete saa a wɔkenkanee no boaa wɔn ma wonyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛkɔ akɔsom wɔ baabi a adawurubɔfo nnɔɔso. Tiago kyerɛ mu sɛ: “Bere a yɛkenkan osuahu ahorow no, yehui sɛ Yehowa boa n’asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ. Ɛno nti, na yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛde Yehowa afotu yɛ adwuma, na yehu Yehowa nsa wɔ yɛn asetena mu.” Ewiee ase no, wotu kɔɔ Paraguay wɔ afe 2014 mu, na wɔda so ara reka asɛmpa no kyerɛ wɔn a ɛka Portuguese kasa wɔ ɔman no mu no. Esther ka sɛ: “Kyerɛwsɛm baako a ɛda yɛn koma so paa ne Efesofo 3:20. Ɔsom adwuma a yɛreyɛ no ama yɛahu no mpɛn pii sɛ saa asɛm no yɛ nokware.” Krataa a Paul kyerɛw kɔmaa Efesofo no mu no, ɔmaa yɛn awerɛhyem sɛ, nea yɛsrɛ no, Yehowa bɛma yɛn aboro so koraa. Saa asɛm yi yɛ nokware paa!
Sɛ wɔn a wɔaware foforo hwehwɛ afotu fi anuanom a wɔwɔ osuahu hɔ a, ɛbɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn som paa na ɛho hia wɔn wɔ wɔn aware mu (Hwɛ nkyekyɛm 16)
16. Sɛ awarefo a wɔn ani mfii pɛ sɛ wohu botae a wobetumi de asisi wɔn ani so a, henanom afotu na ebetumi aboa wɔn?
16 Wɔn a wɔatumi de wɔn ho ato Yehowa so no suahu betumi aboa awarefo a wɔn ani mfii. Awarefo binom de mfe bebree ayɛ bere nyinaa som adwuma no bi. Enti sɛ mopɛ sɛ muhu botae a mubetumi de asisi mo ani so a, mubetumi akogye afotu afi wɔn hɔ. Wei yɛ ɔkwan baako a mobɛfa so akyerɛ sɛ mode mo ho to Yehowa so. (Mmeb. 22:17, 19) Asafo mu mpanyimfo nso betumi aboa awarefo a wɔn ani mfii ama wɔde botae a wobetumi adu ho asisi wɔn ani so wɔ Onyankopɔn som mu.
17. Dɛn na ɛtoo Klaus ne Marisa, na dɛn na yebetumi asua afi wɔn suahu no mu?
17 Ɛtɔ da a, ɔkwan pɔtee a yɛpɛ sɛ yɛfa so trɛw yɛn som adwuma mu no, wobɛhwɛ na akɔfa baabi foforo koraa. Momma yɛnhwɛ nea ɛtoo Klaus ne Marisa a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no. Wɔwaree akyi mfe mmiɛnsa no, wotu fii wɔn fie kɔboaa Finland Betel a na wɔresi no. Nanso bere a wɔkɔe no, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔbɛtena hɔ abosome nsia pɛ. Mfiase no, anyɛ wɔn dɛ. Nanso ankyɛ koraa na wɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wonkosua Arabic kasa. Seesei wɔde anigye reka asɛmpa no kyerɛ wɔn a wɔka Arabic kasa wɔ ɔman bi so. Sɛ Marisa bu kɔmpɔ hwɛ n’akyi a, ɔka sɛ: “Sɛ ɛsɛ sɛ wode wo ho to Yehowa so koraa na wokɔyɛ biribi a wonyɛɛ bi da a, ehu betumi aka wo. Nanso, daa mihu sɛ Yehowa boa yɛn akwannuasa nyinaa so. Wei ama ahotoso a mewɔ wɔ Yehowa mu no ayɛ kɛse.” Sɛnea Klaus ne Marisa asɛm no ma yehu no, sɛ mode mo ho to Yehowa so koraa a, mubetumi anya awerɛhyem sɛ ɔremma mo nsa nsi fam da.
18. Dɛn na awarefo yɛ a ɛbɛma wɔakɔ so de wɔn ho ato Yehowa so?
18 Yehowa na ɔhyehyɛɛ aware. (Mat. 19:5, 6) Ɔpɛ sɛ awarefo ani gye wɔ wɔn aware mu. (Mmeb. 5:18) Awarefo a mo ani mfii, adɛn na montena ase nsese nhwɛ nea mode mo asetena reyɛ? Moreyɛ nea mubetumi nyinaa ama Yehowa ahu sɛ mo ani sɔ nea wayɛ ama mo no anaa? Mommɔ Yehowa mpae. Monhwehwɛ Bible mu nnyinasosɛm a ɛbɛboa mo, na momfa afotu a Yehowa de bɛma mo no nyɛ adwuma. Sɛ moma Yehowa som ho hia mo paa wɔ mo aware mu a, mubetumi anya awerɛhyem sɛ mo ani begye, na mo koma bɛtɔ mo yam!
DWOM 132 Yɛayɛ Baako
a Gyinae ahorow bi wɔ hɔ a, sɛ yesi a, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yebenya bere ne ahoɔden a yɛde bɛsom Yehowa yiye. Wɔn a afei na wɔaware no, wɔn paa na ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ gyinae ahorow bi a wobesisi no, ɛnyɛ ɛnnɛ anaa ɔkyena na ɛho nsunsuanso no befi hɔ. Adesua yi bɛboa wɔn ma wɔasisi gyinae pa, na ama wɔanya anigye ne akomatɔyam wɔ wɔn aware mu.
b Wɔasesa edin ahorow no bi.
c Nkɔmhyɛ no bi wɔ Nokware Som—Yehowa Ama So Bio! nhoma no, ti 6, 7 ne 19.