Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp22 nɔma 1 kr. 3
  • Yebetumi Adi Ɔtan So Nkonim!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yebetumi Adi Ɔtan So Nkonim!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adɛn Nti Na Ɔtan Abu So Wɔ Wiase Yi Mu Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
  • Nnianim nsɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
  • Bere Bi Bɛba a Ɔtan Befi Hɔ!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
  • Anidaso Wɔ Hɔ Ma Wɔn A Wɔtan Wɔn!
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
wp22 nɔma 1 kr. 3
Mfoni Ahorow: Ɛfa papa bi ho. Ɔredwinnwen amane a ɔtan nti, ɔrefa mu no ho, na ama wayɛ basaa. 1. Ɔbea bi a okura fon redidi barima no atɛm. 2. Ɔbea foforo bi nso atwee n’ani rehwɛ no; wutumi hu sɛ ɔmfa no nyɛ hwee. 3. Ɔbarima bi a okura koowaa krataa nso aka ne se asi so rehwɛ no. 4. Obi rema kaseɛbɔ wɔ TV so.

Yebetumi Adi Ɔtan So Nkonim!

Obi ayɛ wo biribi a ɛkyerɛ sɛ ɔtan wo pɛn?

Sɛ obi nyɛɛ wo biribi saa da mpo a, ebia woahu biribi saa anaa woate ho asɛm pɛn. Ɛnnɛ sɛ wutie kaseɛbɔ a, wobɛte no na nkurɔfo reyɛ afoforo bɔne. Adɛn a, wɔyɛ abibifo anaa aborɔfo, anaa wɔne wɔn mfi ɔman baako so. Ɛtɔ da nso a wobɛte sɛ, nkurɔfo atu wɔn ani asi mmarima a wɔne mmarima da ne mmea a wɔne mmea da so. Wei nti, aman pii rehyehyɛ mmara sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a ɔtan nti obedi ne yɔnko bɔne no, wɔde no bɛfa mmara kwan so.

Sɛ obi hu sɛ afoforo tan no a, ɛnyɛ den sɛ ɔno nso bɛtan wɔn. Ɛba saa a, nneɛma a wɔde yɛ no no, ɔno nso yɛ bi tua ka. Afei na abɛyɛ manso bi a ɛda hɔ; ɛto ntwa da.

Ebia baabi a wufi, kasa a woka, anaa biribi foforo nti, nkurɔfo ne wo nni no yiye. Ebi nso a na obi adidi wo atɛm, wadi wo ho fɛw, anaa wahunahuna wo pɛn. Nanso ɔtan kɔ akyiri sen saa. Ɔtan de, nea ɛtaa kowie ne awurukasɛm, nsisi, mmonnaato, anaa awudisɛm. Ebi wɔ hɔ koraa a, ɔtan nti, ebinom tumi tu wɔn ani si nnipakuw bi so sɛ wɔbɛtɔre wɔn ase.

Yebesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ nhoma yi mu, na ɛbɛsan akyerɛ yɛn sɛnea yebedi ɔtan so nkonim:

  • Adɛn nti na ɔtan abu so saa?

  • Yɛbɛyɛ dɛn adi ɔtan so nkonim?

  • Bere bi bɛba a obiara rentan ne yɔnko bio anaa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena