Ná wotumi de mmoa nso tua ti ade
So Wunim?
Adɛn nti na na tete Israelfo no tua ti ade?
BIBLE mu no, sɛ ɔbea ne ɔbarima bi pɛ sɛ wɔware, na mmusua mmienu no nyinaa gye tom a, na ɔbarima no anaa n’abusuafo tua ti ade ma ɔbea no abusuafo. Ná wotumi de nneɛma a ɛsom bo, mmoa, anaa sika tua. Ɛtɔ da a, na ebinom yɛ adwuma de tua ti ade no. Ɛho nhwɛso ne bere a Yakob yɛɛ adwuma mfe nson maa Rahel papa ansa na ɔde Rahel rema no aware no. (Gen. 29:17, 18, 20) Adɛn nti na na wotua ti ade?
Bible ho ɔbenfo Carol Meyers ka sɛ: “Ná kuayɛ ne adwuma titiriw a na ɛwɔ hɔ saa bere no. Enti sɛ obi de ne babea a ɔboa no wɔ kuayɛ mu ma aware a, na wahwere biribi. Ɛno nti, na ɔbarima no abusuafo tua ti ade de kyerɛ nea ɔbea no abusuafo ayɛ ama wɔn no ho anisɔ.” Mmusua mmienu a aware aka wɔn abom no, ɛbɛyɛ sɛ ti ade no nso boa maa ayɔnkofa a emu yɛ den bɛdaa wɔn ntam. Ná saa ayɔnkofa no tumi boa wɔn wɔ ahokyere bere mu. Bio nso, ti ade no ma ɛdaa adi sɛ wɔagye ɔbea no aware, enti obefi ne papa fie ne ne kunu akɔtena.
Sɛ ɔbarima bi tua ti ade a, ɛno nkyerɛ sɛ watɔ ɔbea no anaa abusuafo atɔn ɔbea no ama no. Nhoma a wɔato din Ancient Israel—Its Life and Institutions ka sɛ: “Sɛ Israelni barima bi rekɔware a, sika anaa biribi a ɛte saa a na ɛsɛ sɛ otua ma ɔbea no abusuafo no, sɛ obi gyina akyiri a, anhwɛ a ɔbɛka sɛ ɔretɔ ɔbea no. Nanso ɛbɛyɛ sɛ [ti ade] a na wotua no, ɛyɛ biribi kakra a na wɔde rema ɔbea no abusuafo esiane wɔn babea no a wɔde no ama aware nti, na ɛnyɛ sɛ ɛyɛ sika a wɔretua de atɔ ɔbea no.”
Besi nnɛ nyinaa, aman bi so no, nkurɔfo da so ara tua ti ade. Sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo regye ti ade a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ atwamene, na mmom ɛsɛ sɛ ‘wɔma nnipa nyinaa hu sɛ wɔwɔ ntease.’ (Filip. 4:5; 1 Kor. 10:32, 33) Wɔyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ wɔnyɛ “sikanibere” anaa adifudepɛ. (2 Tim. 3:2) Afei nso, sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo annye ti ade kɛse a ɔbarima no rentumi ntua a, ɛremma ɔbarima no ntu aware no nhyɛ da. Bio nso, sɛ ɔbarima no yɛ ɔkwampaefo a, ɔrente nka sɛ ɛsɛ sɛ ogyae akwampae adwuma no de ne bere nyinaa kɔyɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a obenya sika de abetua ti ade kɛse a wɔregye no.
Aman bi so no, aban no na ɛkyerɛ ti ade a ɛsɛ sɛ obi tua. Kristofo a wɔwɔ aman a ɛte saa so no di saa mmara no so. Adɛn ntia? Efisɛ Onyankopɔn Asɛm ka sɛ, ɛsɛ sɛ Kristofo ‘brɛ wɔn ho ase hyɛ atumfo a wɔkorɔn no ase,’ na wodi mmara biara a entia Onyankopɔn mmara so.—Rom. 13:1; Aso. 5:29.