Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w22 April kr. 2-3
  • Sɛnea Wubetumi Agyina Dadwen Ano

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wubetumi Agyina Dadwen Ano
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ƐBOAA DAWID MA OTUMI GYINAA DADWEN ANO
  • SƐ DADWEN BI BƐTƆ WO SO A, SUASUA DAWID
  • YEHOWA BƐBOA WO AMA WOATUMI AGYINA DADWEN ANO
  • Montow Mo Dadwen Nyinaa Ngu Yehowa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Fa wo Dadwen Nyinaa To Yehowa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Dɛn na Bible Aka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Dadwen
    Nyan!—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
w22 April kr. 2-3
Onua bi rebɔ mpae ama ne yere a ɔda ayaresabea.

Sɛnea Wubetumi Agyina Dadwen Ano

DADWEN betumi ayɛ te sɛ adesoa bi a ɛrebu yɛn kɔn mu. (Mmeb. 12:25) Dadwen bi reteetee wo paa ma enti wugye wo ho a ennye? Sɛ saa a, hu sɛ ɛnyɛ wo nko. Ebia yɛn mu bebree rehwɛ yɛn abusuafo a wɔyare, yɛn dɔfo bi awu, atoyerɛnkyɛm bi ato yɛn, anaa yɛrehyia ɔhaw bi a ɛretwe yɛn mu nsu. Ɛnde, dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi agyina dadwen ano?a

Sɛ yɛhwɛ nea Ɔhene Dawid yɛe a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu nea yebetumi ayɛ de agyina dadwen ano. Ohyiaa ɔhaw akɛseakɛse pii wɔ n’asetena mu. Ɛtɔ da mpo a, na ɔne owu bɔ mpunimpu. (1 Sam. 17:34, 35; 18:10, 11) Dɛn na ɛboaa Dawid ma otumi gyinaa dadwen ano? Dɛn na yebetumi asua afi ne nhwɛso no mu?

NEA ƐBOAA DAWID MA OTUMI GYINAA DADWEN ANO

Dawid hyiaa ɔhaw pii toatoaa so. Bere a Ɔhene Saul wudifo no repɛ no akum no a na ɔreguan no, wo de, hwɛ nea esii. Bere a Dawid ne ne mmarima no fi akono san baa fie no, wobehui sɛ atamfo abewia wɔn nneɛma, wɔahyew wɔn afie, na wɔakyere wɔn yerenom ne wɔn mma kɔ. Wɔn ho dwiriw wɔn paa. Dɛn na Dawid yɛe? “Dawid ne mmarima a wɔka ne ho no maa wɔn nne so sui ara maa osũ no mee wɔn.” Nea ɛmaa Dawid ho yeraw no kɛse koraa ne sɛ, na ne mmarima a ogye wɔn di no “rekeka sɛ wobesiw no abo.” (1 Sam. 30:1-6) Enti, na Dawid rehyia ɔhaw akɛse mmiɛnsa bere koro no ara mu: Ná n’abusua nkwa da asiane mu, na osuro sɛ ne mmarima no bekum no, na na Ɔhene Saul nso da so ara retaataa no. Ɛbɛyɛ sɛ na dadwen rebu Dawid kɔn mu!

Dɛn na Dawid yɛe? Ɛhɔ ara na ‘ɔde ne ho too Yehowa, ne Nyankopɔn so, na onyaa ahoɔden.’ Wohwɛ a, ɔyɛɛ no sɛn? Nea na Dawid taa yɛ ne sɛ, biribiara mu no, ɔbɔ mpae hwehwɛ Yehowa mmoa, afei, nea Yehowa ayɛ ama no pɛn nso, ɛyɛ a odwinnwen ho. (1 Sam. 17:37; Dw. 18:2, 6) Dawid hui sɛ, ɛho hia sɛ ɔhwehwɛ Yehowa akwankyerɛ, enti obisaa Yehowa nea ɔnyɛ. Bere a Dawid huu nea Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ no, wantwentwɛn ne nan ase koraa na otuu ho anammɔn. Ɛno nti, Yehowa hyiraa ɔne ne mmarima no, na wotumi kɔko gyee wɔn mmusua ne wɔn nneɛma no. (1 Sam. 30:7-9, 18, 19) Wuhuu nneɛma mmiɛnsa a Dawid yɛe no? Ɔbɔɔ mpae hwehwɛɛ mmoa fii Yehowa hɔ, nea Yehowa ayɛ ama no pɛn no, odwinnwen ho, na akwankyerɛ a Yehowa de maa no no nso, otuu ho anammɔn. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Dawid? Momma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a yebetumi ayɛ.

SƐ DADWEN BI BƐTƆ WO SO A, SUASUA DAWID

Mfoni: Nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛatumi agyina dadwen ano. 1. Bɔ mpae. Onua bi rebɔ mpae ama ne yere a ɔda ayaresabea. 2. Dwinnwen nea Yehowa ayɛ ama wo no ho. Onua no akae bere bi a na ɔda ayaresabea a onua bi bɛkenkan kyerɛwsɛm bi de hyɛɛ no nkuran. 3. Tu anammɔn. Onua no ne ne yere a ɔyare no te hɔ, na ɔrekenkan kyerɛwsɛm bi de ahyɛ no nkuran.

1. Bɔ mpae. Bere biara a wobɛte nka sɛ dadwen abɛtɔ wo so no, bɔ Yehowa mpae na ɔmma wo nyansa. Sɛ yɛbɔ mpae na yɛka yɛn haw nyinaa kyerɛ Yehowa a, ebetumi atew yɛn dadwen so. Ebia tebea bi a yɛwom nti, nea yebetumi ayɛ ara ne sɛ yɛbɛbɔ mpae tiawa wɔ yɛn tirim. Bere biara a yɛbɛhwehwɛ mmoa afi Yehowa hɔ no, nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛn nso, yɛwɔ ahotoso te sɛ Dawid. Ɔkaa sɛ: “Yehowa ne me botan, m’abannennen, ne me Gyefo. Me Nyankopɔn yɛ me botan. Ɔno ne me guankɔbea.” (Dw. 18:2) So ɛyɛ ampa sɛ mpaebɔ boa? Onuawa kwampaefo bi a ne din de Kahlia ka sɛ: “Mebɔ mpae wie a, na m’asom adwo me. Mpaebɔ boa me ma mihu nneɛma sɛnea Yehowa hu no no, na ɛma minya ne mu ahotoso kɛse.” Anokwa, mpaebɔ yɛ akyɛde kɛse a efi Yehowa hɔ a ɛboa yɛn ma yetumi gyina dadwen ano.

2. Dwinnwen nea Yehowa ayɛ ama wo no ho. Sɛ wohwɛ w’asetenam a, ebia wobɛkae sɛ ɔhaw bi a wuhyiae no, sɛ Yehowa ammoa wo a, anka woantumi annyina ano. Sɛnea Yehowa aboa yɛn, ne sɛnea ɔboaa n’asomfo tete no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛma yenya akokoduru. Afei nso, ɛma yenya Yehowa mu ahotoso kɛse. (Dw. 18:17-19) Asafo mu panyin bi a ne din de Joshua ka sɛ: “Me mpae biara a Yehowa abua no, makyerɛw ato hɔ. Wei nti, mitumi kae biribi pɔtee a mibisa fii Yehowa hɔ ma ɔyɛ maa me no.” Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yedwinnwen nea Yehowa ayɛ ama yɛn pɛn no ho a, ɛma yenya ahoɔden foforo de gyina dadwen ano.

3. Tu anammɔn. Sɛ yehyia ɔhaw bi a, ansa na yebesi nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ ho gyinae no, yebetumi akɔhwehwɛ akwankyerɛ a edi mu paa afi Onyankopɔn Asɛm no mu. (Dw. 19:7, 11) Nnipa bebree ahu sɛ, sɛ wɔyɛ nhwehwɛmu wɔ kyerɛwsɛm pɔtee bi ho a, ɛboa wɔn paa ma wohu sɛnea wɔde bɛbɔ wɔn bra. Asafo mu panyin bi a ne din de Jarrod kyerɛ mu sɛ: “Sɛ meyɛ nhwehwɛmu a, ɛboa me ma mihu sɛnea wɔde kyerɛwnsɛm no di dwuma wɔ akwannuasa nyinaa so. Afei nso, ɛma mete nea Yehowa reka akyerɛ me no ase yiye. Wei ma asɛm no tumi wura me komam tɔnn, na ɛma mitumi tu ho anammɔn.” Sɛ yɛhwehwɛ Yehowa akwankyerɛ fi Kyerɛwnsɛm no mu, na yɛde yɛ adwuma a, ɛboa yɛn paa ma yetumi gyina dadwen ano.

YEHOWA BƐBOA WO AMA WOATUMI AGYINA DADWEN ANO

Dawid hui sɛ, sɛ obetumi agyina dadwen ano a, gye sɛ Yehowa boa no. Mmoa a Yehowa de maa no no, n’ani sɔe ara ma ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn tumi nti, mitumi foro ɔfasu. Nokware Nyankopɔn no na ɔde ahoɔden kata me ho.” (Dw. 18:29, 32) Yebetumi ate nka sɛ ɔhaw a yɛrefa mu no te sɛ ɔfasu a yentumi mforo. Nanso sɛ Yehowa ka yɛn ho a, ɔhaw biara a ɛte sɛ ɔfasu no, yebetumi adi so! Sɛ yɛbɔ Yehowa mpae hwehwɛ mmoa, yedwinnwen nea wayɛ ama yɛn nyinaa ho, na akwankyerɛ biara a ɔde bɛma yɛn no, yetu ho anammɔn a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, ɔbɛma yɛn ahoɔden ne nyansa a yɛde begyina yɛn dadwen ano!

a Sɛ dadwen hyɛ obi so boro so a, ebia ebehia sɛ okohu dɔkta.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena