ADESUA ASƐM 7
Sɛnea Wobɛkenkan Bible Anya So Mfaso Kɛse
“Bere a wokenkanee no, wotee ase dɛn?”—LUKA 10:26.
DWOM 97 Nkwa Gyina Bible no So
NEA YƐREBESUAa
1. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Kyerɛwnsɛm no ho hia Yesu?
FA NO sɛ Yesu rekyerɛkyerɛ no, na wowɔ hɔ a woretie bi. Ná ɔtaa fa Kyerɛw Kronkron no mu asɛm ka, efisɛ na wakyere agu ne tirim. Nokwasɛm ne sɛ, Yesu asubɔ akyi no, nsɛm a odii kan kae ne nsɛm a etwa to a ɔkae ansa na ɔrewu no, ebi wɔ hɔ a ɔfa fii Kyerɛwnsɛm no mu.b (Deut. 8:3; Dw. 31:5; Luka 4:4; 23:46) Nea ɛte ne sɛ, mfe mmiɛnsa ne fã a Yesu de yɛɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, na ɔtaa kenkan Kyerɛwnsɛm no wɔ baguam, na na ɔfa mu asɛm ka san kyerɛkyerɛ mu.—Mat. 5:17, 18, 21, 22, 27, 28; Luka 4:16-20.
Yesu asetena mu nyinaa no, ɔkyerɛe sɛ Kyerɛwnsɛm no da ne koma so, na ɔde bɔɔ ne bra (Hwɛ nkyekyɛm 2)
2. Bere a Yesu renyin no, dɛn na ɛboaa no ma ohuu Kyerɛwnsɛm no mu yiye? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)
2 Mfe pii ansa na Yesu refi ne som adwuma ase no, na watie Onyankopɔn Asɛm akenkan no mpɛn pii. Sɛ Yesu abusua no wɔ fie na wɔrebɔ nkɔmmɔ a, ɛnyɛ dɛn ara a na Yesu bɛte sɛ Maria ne Yosef afa Kyerɛwnsɛm no mu asɛm reka.c (Deut. 6:6, 7) Yebetumi aka paa sɛ Homeda biara na Yesu ne n’abusua kɔ hyiadan mu. (Luka 4:16) Sɛ ɔkɔ hɔ na wɔrekenkan Kyerɛwnsɛm no a, ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ aso tie no yiye. Bere rekɔ so no, Yesu suae sɛ ɔno ankasa bɛkenkan Nkyerɛwee Kronkron no. Ɛno nti, Yesu behuu Kyerɛwnsɛm no mu yiye, na na n’ani gye ho paa. Afei nso, ɔma ɛkyerɛɛ no kwan wɔ biribiara mu. Wokae asɛm a esii wɔ asɔrefie hɔ bere a na Yesu adi mfe 12 pɛ no? Akyerɛkyerɛfo a na wɔnim Mose Mmara no mu paa no, ‘sɛnea na Yesu adwenem dɔ na oyi nsɛm ano nti, wɔn ho dwiriw wɔn yiye.’—Luka 2:46, 47, 52.
3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?
3 Yɛn nso, sɛ yɛtaa kenkan Kyerɛwnsɛm no a, yebehu mu yiye, na yɛn ani begye ho paa. Nanso, yɛbɛyɛ dɛn anya nea yɛkenkan no so mfaso kɛse? Wɔn a na wɔnim Mmara no te sɛ akyerɛwfo, Farisifo, ne Sadukifo no, yebetumi asua biribi afi asɛm a Yesu ka kyerɛɛ wɔn no mu. Ná saa nyamesom akannifo no taa kenkan Kyerɛwnsɛm no, nanso wɔamfa emu nsɛm no anyɛ adwuma. Yesu kaa nneɛma mmiɛnsa nti a saa mmarima no annya Kyerɛwnsɛm no so mfaso kɛse. Nsɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no bɛboa yɛn ama yɛatu mpɔn wɔ nea edidi so yi mu: (1) Sɛnea yɛbɛte nea yɛkenkan no ase, (2) sɛnea yɛbɛtweetwee Bible no mu anya akorade, ne (3) sɛnea yɛbɛma Onyankopɔn Asɛm no anwene yɛn.
SƐNEA WOBƐTE NEA WOKENKAN NO ASE
4. Dɛn na Luka 10:25-29 ma yehu fa Onyankopɔn Asɛm a yɛbɛkenkan no ho?
4 Sɛ yɛkan biribi wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu a, yɛpɛ sɛ yɛte ase. Anyɛ saa a, yɛrennya nea yɛkenkan no so mfaso papa. Wo de, yɛnhwɛ nkɔmmɔ bi a Yesu ne “ɔbarima bi a onim Mmara no” bɔe. (Kenkan Luka 10:25-29.) Bere a ɔbarima no bisaa nea ɔbɛyɛ na watumi anya daa nkwa no, Yesu de no kɔɔ Onyankopɔn Asɛm no mu, na obisaa no sɛ: “Dɛn na wɔakyerɛw wɔ Mmara no mu? Bere a wokenkanee no, wotee ase dɛn?” Ɔbarima no tumi yii asɛm no ano yiye, na ɔfaa Kyerɛwnsɛm no mu asɛm kaa sɛ, ɛsɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nipa. (Lev. 19:18; Deut. 6:5) Nanso, hyɛ nea edi hɔ a ɔkae yi nsow: “Hena paa ne me yɔnko?” Wei ma ɛda adi sɛ wante nea ɔkenkanee no ase. Ɛno nti, na onnim sɛnea ɔde saa kyerɛwnsɛm no bɛbɔ ne bra yiye wɔ n’asetenam.
Sɛnea yɛbɛkenkan ade ate ase no yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yesua
5. Sɛ yɛbɔ mpae na yɛto yɛn bo ase kenkan Bible a, sɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛate ase yiye?
5 Sɛ yɛtaa kan Onyankopɔn Asɛm a, yebetumi ate ase yiye. Nyansahyɛ a edidi so yi betumi aboa wo. Bɔ mpae ansa na woafi ase akenkan. Yehia Yehowa mmoa na yɛatumi ate Kyerɛwnsɛm no ase, enti yebetumi asrɛ no sɛ ɔmma yɛn ne honhom kronkron na yɛatumi de yɛn adwene asi nea yɛrekan no so. Afei to wo bo ase kenkan. Ɛno bɛboa wo ama woate nea worekenkan no ase. Sɛ wokan Bible no den, anaa sɛ wobɔ nea wɔakyere agu afiri so no, na wohwɛ Bible no mu di akyi a, ebetumi aboa wo. Sɛ wutie nea wɔakenkan no, na wohwɛ wo Bible mu a, ɛbɛboa wo ama woate Onyankopɔn Asɛm no ase, ɛbɛma woakae nea woakenkan no, na wubesua nneɛma pii nso afi mu. (Yos. 1:8) Sɛ wokan wie a, san bɔ mpae da Yehowa ase sɛ ɔde n’Asɛm no ama yɛn, na srɛ no sɛ ɔmmoa wo na fa nea woakenkan no yɛ adwuma.
Adɛn nti na sɛ wokyerɛw nsɛm kakra gu hɔ a, ɛbɛboa wo ma woate nea wokenkan no ase na woakae? (Hwɛ nkyekyɛm 6)
6. Sɛ worekenkan Bible a, adɛn nti na sɛ wubisabisa wo ho nsɛm, na wokyerɛw nsɛm kakra gu hɔ a, ebetumi aboa wo? (Hwɛ mfoni no nso.)
6 Nyansahyɛ mmienu a edi hɔ yi nso bɛboa wo ma woate Bible no ase yiye. Bisa wo ho nsɛm bere a worekenkan Bible no. Sɛ wokan biribi wɔ Bible mu a, bisa wo ho sɛ: ‘Henanom na ɛreka wɔn ho asɛm? Hena na ɔrekasa? Ɔne hena na ɛrekasa, na adɛn ntia? Bere bɛn ne ɛhefa na asɛm no sii?’ Sɛ wubisa nsɛm a ɛtete saa a, ɛbɛboa wo ma wode w’adwene asi nsɛntitiriw a ɛwɔ nea worekenkan no mu so, na woadwen ho. Afei nso, bere a worekenkan no, sɛ wohyɛ biribi nsow a, ɛyɛ a kyerɛw to hɔ. Sɛ wokyerɛw biribi to hɔ a, ɛma wudwen ho yiye, na ɛboa ma wote nea worekenkan no ase yiye. Afei nso, ɛboa wo ma wokae nea woakenkan no. Nneɛma a wubetumi akyerɛw ato hɔ no bi ni: nsɛmmisa, nea wuhui wɔ nhwehwɛmu a woyɛe mu, ne nsɛntitiriw no a wobɛbɔ no mua. Afei, wubetumi ahyɛ sɛnea wode nea woakenkan no bɛyɛ adwuma no nsow, anaa sɛnea wote nka wɔ nea woakenkan no ho no, wubetumi akyerɛw ato hɔ. Ebia wubehu sɛ, sɛ wokyerɛw nsɛm kakra gu hɔ a, ɛbɛboa wo ama woahu Bible no sɛ, asɛm a Onyankopɔn ankasa akyerɛw ama wo.
7. Yɛrekan Bible a, suban bɛn na ehia sɛ yenya, na adɛn ntia? (Mateo 24:15)
7 Yesu ma yehuu suban bi a ehia sɛ yenya na sɛ yɛrekenkan Onyankopɔn Asɛm a, yɛatumi ate ase. Ɛno ne nhumu. (Kenkan Mateo 24:15.) Dɛn ne nhumu? Nea nhumu kyerɛ ne sɛ, wubehu sɛnea asɛm bi fa asɛm foforo ho, anaa sɛnea asɛm bi yɛ soronko wɔ asɛm foforo ho, anaa sɛnea wubedwen asɛm bi a wɔnhyɛɛ da nkaa no pen ho akɔ akyiri ahu nea ɛkyerɛ. Bio nso, sɛnea Yesu kyerɛe no, yehia nhumu na yɛatumi ahu nsɛm a ɛresisi a ɛkyerɛ sɛ Bible nkɔmhyɛ reba mu. Afei nso, biribiara a yɛbɛkenkan afi Bible mu no, yehia nhumu na yɛanya so mfaso kɛse.
8. Yɛbɛyɛ dɛn de nhumu akenkan ade?
8 Yehowa ma n’asomfo nya nhumu. Enti ɛyɛ a bɔ no mpae na ka kyerɛ no sɛ ɔmmoa wo na nya nhumu. (Mmeb. 2:6) Wobɛyɛ dɛn ayɛ wo mpae no ho adwuma? To wo bo ase susuw nea woakenkan no ho, na hwɛ sɛnea ɛfa nea wunim dedaw ho. Ade baako a ɛbɛboa wo ne sɛ, wode nhoma a ɛboa ma yesua Bible te sɛ Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu bɛyɛ adwuma. Saa nhoma ahorow yi bɛboa wo ama woate Bible mu asɛm bi ase, na woahu sɛnea wode bɛyɛ adwuma wɔ w’asetenam. (Heb. 5:14) Sɛ wode nhumu kenkan ade a, ɛbɛma sɛnea wote Kyerɛwnsɛm no ase no akɔ anim.
SƐNEA WOBƐTWEETWEE BIBLE NO MU ANYA AKORADE
9. Kyerɛwnsɛm no mu asɛm a ɛho hia bɛn na Sadukifo no buu wɔn ani guu so?
9 Nhoma nnum a edi kan wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, na Sadukifo no nim mu yiye, nanso nsɛm bi a ɛho hia a ɛwɔ nhoma a efi Onyankopɔn hɔ yi mu de, wɔbuu wɔn ani guu so. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, yɛnhwɛ sɛnea Yesu buaa Sadukifo no bere a wɔkobisaa no owusɔre ho asɛm no. Obisaa wɔn sɛ: “Monkenkanee Mose nhoma no mu asɛm a ɛfa nwura ho no? Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’” (Mar. 12:18, 26) Ɛwom sɛ na Sadukifo no akenkan saa asɛm no mpɛn pii, nanso asɛm a Yesu bisae no ma ɛdaa adi sɛ na wɔabu wɔn ani agu asɛnhia bi a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu so. Ɛno ne owusɔre nkyerɛkyerɛ no.—Mar. 12:27; Luka 20:38.d
10. Sɛ yɛrekan Bible a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so?
10 Nea merekan no, dɛn na metumi asua afi mu? Sɛ yɛrekan Bible a, biribiara a yebetumi asua afi nkyekyɛm bi anaa Bible mu asɛm bi mu no, yɛpɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so. Ɛnyɛ mfitiase nkyerɛkyerɛ no nko ara na yɛpɛ sɛ yehu, na mmom nokwasɛm ne nnyinasosɛm a emu dɔ a ɛnhyɛ da nyi ne ho no nso, yɛpɛ sɛ yehu.
11. Sɛnea 2 Timoteo 3:16, 17 ma yehu no, wobɛyɛ dɛn ahu akorade wɔ Bible mu?
11 Worekan Bible a, wobɛyɛ dɛn ahu akorade wom? Yɛnhwɛ nea 2 Timoteo 3:16, 17 ka. (Kenkan.) Hyɛ no nsow sɛ ‘Kyerɛwnsɛm no nyinaa ye’ ma (1) nkyerɛkyerɛ, (2) kasakyerɛ, (3) nneɛma ateɛteɛ, (4) ɛteɛ yɛn so. Bible mu nhoma a wontaa nkan mpo no, wubetumi anya mfaso nnan yi afi mu. Nea worekan no, tweetwee mu hwɛ nea ɛkyerɛ wo fa Yehowa, n’atirimpɔw, anaa Bible nnyinasosɛm ho. Hwɛ sɛnea ɛrekasa kyerɛ wo. Ɔkwan a wobɛfa so ayɛ saa ni: hwɛ sɛnea nkyekyɛm no reboa wo ama woahu suban anaa nneyɛe bɔne a ɛsɛ sɛ wuyi fi w’akwan mu, na ama woakɔ so adi Yehowa nokware. Afei hwɛ sɛnea wode nea worekenkan no bɛteɛteɛ nneɛma, anaa wode bɛteɛ adwene a ɛnteɛ, te sɛ ebia asɛm bi a obi aka wɔ asɛnka mu. Afei nso, hwɛ sɛnea nkyekyɛm no teɛ wo so, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛtete wo ama woadwen te sɛ Yehowa. Sɛ woma nneɛma nnan yi tena w’adwenem a, wubehu akorade a ɛbɛboa wo ama woanya wo Bible akenkan so mfaso kɛse.
MA NEA WOKENKAN NO NNWENE WO
12. Adɛn nti na Yesu bisaa Farisifo no sɛ “monkenkanee?”
12 Farisifo no nso, Yesu bisaa wɔn sɛ “monkenkanee?” Ɔyɛɛ saa na ama ada adi sɛ adwene a wɔwɔ wɔ Kyerɛwnsɛm no ho no mfata. (Mat. 12:1-7)e Nea ɛmaa Yesu kaa saa ne sɛ, na Farisifo no kyerɛ sɛ Yesu asuafo no abu Homeda no so. Yesu rebua wɔn no, ɔtwee adwene sii nhwɛso mmienu a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu so, na ɔfaa Hosea nhoma no mu asɛm ka de kyerɛe sɛ Farisifo no nte Homeda mmara no ase, na wɔnni mmɔborɔhunu. Adɛn nti na Onyankopɔn Asɛm a Farisifo no kenkanee no antumi annwene wɔn? Efisɛ ahantan nti, wɔamfa adwempa ankenkan. Suban a na wɔwɔ no amma wɔante nea wɔkenkanee no ase.—Mat. 23:23; Yoh. 5:39, 40.
13. Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde kenkan Bible no, na adɛn ntia?
13 Yesu nsɛm no ma yehu sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde adwempa kenkan Bible no. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ sɛ Farisifo no, na mmom ɛsɛ sɛ yebue yɛn adwene mu fann, na yɛyɛ krado sɛ yebesua biribi afi nea yɛkenkan no mu. Ɛsɛ sɛ ‘yɛbrɛ yɛn ho ase ma wɔdua asɛm no wɔ yɛn mu.’ (Yak. 1:21) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛbɛma kwan ama Onyankopɔn Asɛm agye ntini wɔ yɛn koma mu. Bible mu asuade a ɛfa mmɔborɔhunu, ayamhyehye, ne ɔdɔ ho no, gye sɛ yɛde adwempa kenkan ansa na atumi anwene yɛn.
Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yɛama kwan ama Onyankopɔn Asɛm renwene yɛn? (Hwɛ nkyekyɛm 14)f
14. Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yɛama kwan ama Bible no renwene yɛn? (Hwɛ mfoni no nso.)
14 Sɛnea yɛne nkurɔfo di no betumi ama yɛahu sɛ yɛama kwan ama Onyankopɔn Asɛm no renwene yɛn anaa. Farisifo no amma Onyankopɔn Asɛm no ansian ankɔ wɔn koma mu, enti ‘wɔbuu wɔn a wɔn ho nni asɛm no fɔ.’ (Mat. 12:7) Saa ara nso na adwene a yɛwɔ wɔ nkurɔfo ho, ne sɛnea yɛne afoforo di no bɛkyerɛ sɛ yɛama kwan ama Onyankopɔn Asɛm no renwene yɛn anaa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, so yɛtaa ka suban pa a afoforo wɔ ho asɛm, anaa ɛreyɛ ara ni na yɛreka wɔn mfomso ho asɛm? Yɛwɔ mmɔborɔhunu anaa, na yɛayɛ krado sɛ yɛde bɔne bɛkyɛ, anaa yɛkasa tia afoforo, na yɛde wɔn ho asɛm hyɛ yɛn mu? Saa nsɛmmisa no bɛma yɛahu sɛ yɛama kwan ama nea yɛkenkan no renya yɛn adwene, sɛnea yɛte nka, ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade so tumi anaa.—1 Tim. 4:12, 15; Heb. 4:12.
AKENKAN A ƐDE ANIGYE BA
15. Sɛn na na Yesu te nka wɔ Kyerɛw Kronkron no ho?
15 Ná Yesu ani gye Kyerɛw Kronkron no ho paa. Wɔhyɛɛ wei ho nkɔm wɔ Dwom 40:8. Ɛhɔ ka sɛ: “O me Nyankopɔn, nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ w’apɛde, na wo mmara wɔ me koma mu tɔnn.” Wei maa n’ani gyei, na ɔkɔɔ so ara som Yehowa. Yɛn nso, sɛ yɛyere yɛn ho ma Onyankopɔn Asɛm sian kɔ yɛn koma mu a, ɛbɛma yɛn ani agye na yɛbɛkɔ so asom Yehowa.—Dw. 1:1-3.
16. Dɛn na yɛbɛyɛ na ama yɛanya Onyankopɔn Asɛm a yɛkenkan no so mfaso kɛse? (Hwɛ adaka a yɛato din, “Yesu Nsɛm Betumi Aboa Wo Ama Woate Nea Wokenkan No Ase” no.)
16 Momma yɛmma Yesu nsɛm ne ne nhwɛso mmoa yɛn mma yentu mpɔn wɔ yɛn Bible akenkan mu. Sɛ yɛbɔ mpae ansa na yɛakan Bible no, sɛ yɛto yɛn bo ase kan, sɛ yebisabisa yɛn ho nsɛm, na yɛkyerɛw nsɛm kakra gu hɔ a, ɛbɛboa yɛn ama yɛate nea yɛkenkan no ase yiye. Yebetumi de nhumu ayɛ adwuma, na yɛato yɛn bo ase de asafo nhoma apɛɛpɛɛ nea yɛkenkan no mu. Yebetumi ate Kyerɛwnsɛm no ase akɔ akyiri; kyɛrɛwtohɔ a yennim ho asɛm papa mpo no, sɛ yɛto yɛn bo ase tweetwee mu a, yebenya akorade. Afei nso, sɛ yɛde adwempa kenkan Onyankopɔn Asɛm a, ebetumi anwene yɛn. Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ saa nneɛma yi a, yebenya yɛn Bible akenkan so mfaso kɛse, na ɛbɛma yɛabɛn Yehowa paa.—Dw. 119:17, 18; Yak. 4:8.
DWOM 95 Hann no Kɔ So Hyerɛn
a Yehowa asomfo nyinaa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkenkan n’Asɛm no da biara. Nkurɔfo pii nso kenkan Bible; nanso, ɛyɛ a wɔnhyɛ da nte nea wɔkenkan no ase. Yesu bere so nso, saa ara na na ɛte wɔ ebinom fam. Sɛ yesusuw asɛm a Yesu ka kyerɛɛ wɔn a na wɔkenkan Onyankopɔn Asɛm no ho a, ɛbɛma yɛanya asuade pii a ɛbɛboa yɛn ama yɛanya yɛn Bible akenkan so mfaso kɛse.
b Bere a Yesu bɔɔ asu na Yehowa de honhom kronkron sraa no no, nimdeɛ a na Yesu wɔ ansa na ɔreba asaase so no, ɛda adi sɛ Yehowa san de maa no.—Mat. 3:16.
c Ná Maria nim Kyerɛwnsɛm no mu yiye, na na ɔtwe adwene si so. (Luka 1:46-55) Kyerɛwnsɛm a na ɛwɔ hɔ saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ na Yosef ne Maria nni sika a wɔde bɛtɔ wɔn ankasa de. Sɛ wɔwɔ hyiadan mu na wɔrekenkan Onyankopɔn Asɛm a, ɛbɛyɛ sɛ na wɔtie no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a akyiri yi wɔbetumi akae.
d Hwɛ asɛm a n’asɛmti ne “Bɛn Onyankopɔn—‘Ɔyɛ Ateasefo Nyankopɔn’” a ɛbaa February 1, 2013, Ɔwɛn-Aban mu no.
e Hwɛ Mateo 19:4-6 no nso. Ɛhɔ no, Yesu bisaa Farisifo no asɛm koro no ara sɛ: “Monkenkanee?” Ɛwom sɛ na wɔakenkan kyerɛwtohɔ a ɛfa adebɔ ho no, nanso nea na ɛka fa adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ aware ho no de, na wɔabu wɔn ani agu so.
f MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi a ɔka anuanom a ɛhwɛ mfiri a wɔde yɛ adesua so wɔ Ahenni Asa so di mfomso pii bere a adesua rekɔ so no. Nanso adesua no baa awiei no, anuanom a ɛka ne ho no amfa wɔn adwene ansi ne mfomso no so, mmom wɔkamfoo no.