Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp24 nɔma 1 kr. 3
  • Papa Ne Bɔne: Ɛsɛ Sɛ Obiara Si Ho Gyinae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Papa Ne Bɔne: Ɛsɛ Sɛ Obiara Si Ho Gyinae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2024
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nya Gyidi—Sisi Gyinae Nyansam!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Sisi Gyinae A Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Sɛnea Yebetumi Asisi Gyinae Pa
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Nnianim Nsɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2024
wp24 nɔma 1 kr. 3
Aberante a ɔwɔ mfoni a edi kan no mu na ɛwɔ ha yi. Ɔpɛ sɛ ɔkɔ bepɔw bi atifi, na ɔbea bi a ɔyɛ adwuma wɔ beae a wakɔ no de map rekyerɛ no baabi a ɔbɛfa akɔ.

Papa Ne Bɔne: Ɛsɛ Sɛ Obiara Si Ho Gyinae

Sɛ woretu kwan akɔ baabi a wonkɔɔ hɔ da a, nea edidi so yi mu nea ɛwɔ he na wobɛyɛ?

  1. 1. Baabi a ebesi wo tirim sɛ fa biara, na wode w’ani akyerɛ hɔ.

  2. 2. Wuhu sɛ nkurɔfo nam kwan bi so rekɔ a, na woafa no sɛ wɔrekɔ baabi a worekɔ no nti, na woadi wɔn akyi.

  3. 3. Wobɛhwɛ map so anaa wubebisa w’adamfo a wugye no di a onim kwan no yiye ma wakyerɛ wo kwan.

Sɛ wofa nea edi kan anaa nea ɛtɔ so mmienu no a, ɛde wo bɛkɔ baabi, nanso ebia ɛremfa wo nkɔ baabi a wopɛ sɛ wokɔ no. Sɛ wofa nea ɛtɔ so mmiɛnsa no de a, ɛnde na wunim sɛ sɛnea ɛte biara wobɛkɔ akodu baabi a wopɛ sɛ wokɔ no.

Ɔbra te sɛ akwantu. Obiara pɛ sɛ n’akwantu no de no kɔ anigye mu daakye. Sɛ ɔbra no bɛkɔ yiye oo, sɛ ɛrenkɔ yiye oo, baabi a yegye akwankyerɛ fi na ɛbɛkyerɛ.

Gyinae a yesisi no pii wɔ hɔ a, ɛnyɛ gyinae kɛse biara, nanso ebi wɔ hɔ de a, ɛyɛ gyinae akɛse. Sɛnea yesisi gyinae akɛse no, ɛno na ɛkyerɛ nea yebu no sɛ ɛyɛ papa ne nea yebu no sɛ ɛyɛ bɔne. Gyinae bi saa no, sɛ wusi no yiye a, wo ne w’adɔfo benya so mfaso afebɔɔ, nanso sɛ woansi no yiye a, ɔhaw na ɛde bɛba. Nneɛma akɛse a ɛsɛ sɛ yesisi ho gyinae no bi ne:

  • Ɔbarima ne ɔbea nna ne aware

  • Nokwaredi, adwuma, ne sika

  • Sɛnea yɛtete mmofra

  • Sɛnea yɛne afoforo bɛtena

Nneɛma a yɛabobɔ so yi, wobɛyɛ dɛn ahu sɛ gyinae a wubesisi wɔ ho no bɛma asi wo ne w’abusua yiye daakye?

Asɛm a ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho ne sɛ: Dɛn na ɛbɛboa me ama masi papa ne bɔne ho gyinae?

Ɔwɛn-Aban yi bɛma woahu sɛ, nea Bible ka fa papa ne bɔne ho no, ɛno na edi mu, na ɛbɛkyerɛ wo sɛnea wode Bible bɛyɛ adwuma ama aboa wo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena