ADESUA ASƐM 12
DWOM 77 Hann Ahyerɛn Wɔ Wiase
Twe Wo Ho Fi Sum No Ho—Tena Hann No Mu
“Kan no na moyɛ sum, nanso afei de moyɛ hann.”—EFE. 5:8.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Hann ne sum a ɛho asɛm wɔ Efesofo ti 5 no, nea yebetumi asua afi mu.
1-2. (a) Bere a Paul rekyerɛw krataa akɔma Efesofo no, na tebea bɛn mu na ɔwɔ? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?
BERE a Roma aban no kaa ɔsomafo Paul hyɛɛ fie no, na ɔpɛ sɛ ɔhyɛ ne nuanom Kristofo nkuran. Nanso na ɔno ankasa rentumi nkɔ, enti ɔkyerɛw nkrataa kɔmaa wɔn. Emu baako ne nea ɔkyerɛw kɔmaa Efesofo no. Ɔkyerɛw no bɛyɛ afe 60 anaa 61.—Efe. 1:1; 4:1.
2 Bɛyɛ mfe du ansa na Paul rekyerɛw krataa akɔma Efesofo no, ɔtenaa Efeso de bere pii kaa asɛmpa no kyerɛkyerɛe. (Aso. 19:1, 8-10; 20:20, 21) Ná ɔdɔ anuanom no paa, na na ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn ma wɔkɔ so di Yehowa nokware. Ɛnde, adɛn nti na ɔkyerɛw hann ne sum ho asɛm kɔmaa Kristofo a wɔasra wɔn no? Dɛn na Kristofo nyinaa betumi asua afi nea ɔkyerɛwee no mu? Momma yɛnhwehwɛ saa nsɛmmisa no ho mmuae.
WƆFII SUM MU BAA HANN MU
3. Krataa a Paul kyerɛw kɔmaa Efesofo no mu no, ntotoho bɛn na ɔyɛe?
3 Kristofo a na ɛwɔ Efeso no, Paul kyerɛw kɔmaa wɔn sɛ: “Kan no na moyɛ sum, nanso afei de moyɛ hann.” (Efe. 5:8) Ɛha yi, Paul de abrabɔ a na Efesofo no wom ne nsakrae a na wɔayɛ no totoo sum ne hann ho. Momma yɛnhwɛ nea enti a Paul tumi kaa sɛ “kan no” na Efesofo no ‘yɛ sum.’
4. Ɔkwan bɛn so na na atorosom de Efesofo no ayɛ nkoa?
4 Atorosom. Efesofo a Paul kyerɛw krataa kɔmaa wɔn no, ansa na wɔrebɛyɛ Kristofo no, na atoro nkyerɛkyerɛ ne gyidihunu de wɔn ayɛ nkoa. Efeso na na Greecefo nyamebea Artemi abosomfie a na agye din no wɔ. Saa bere no, nneɛma nson a na ɛyɛ nwanwa paa a nnipa ayɛ wɔ wiase no, na saa abosomfie yi ka ho. Nnipa a na ɛkɔ hɔ kɔsom no, na abosonsom adi wɔn ti. Ná adwumfo de dwetɛ yɛ abosom dan no ne nyamebea no sɛso, na na wɔtɔn nya sika pii. (Aso. 19:23-27) Afei nso, na nkonyaayi kɔ so wɔ kurow no mu paa.—Aso. 19:19.
5. Ɔkwan bɛn so na na Efesofo no bra asɛe?
5 Ɔbrafĩ. Ná Efesofo no bra asɛe pɔtɔɔ, na na wɔn ani mmu wɔn dwɛ. Nyamesom afahyɛ ne agorɔ a na wɔdi wɔ agoprama so no, na dodow no ara fa ɔbea ne ɔbarima nna ho. (Efe. 5:3) Ná Efesofo no mu bebree “ahonim awu.” Ahonim a awu no, ne nkyerɛase tẽẽ ne “wɔnte yaw bio.” (Efe. 4:17-19) Ansa na Efesofo no rebehu nea Yehowa pɛ ne nea ɔmpɛ no, wɔyɛ bɔne a na wɔn ahonim mmu wɔn fɔ. Afei nso na wɔnte nka sɛ Yehowa bebu wɔn atɛn. Ɛno nti, na Paul betumi aka wɔn ho asɛm sɛ “wɔn adwene aduru sum, na wɔatwe wɔn ho afi nkwa a Onyankopɔn de ma no ho.”
6. Adɛn nti na na Paul betumi aka sɛ ‘afei de Efesofo no yɛ hann’?
6 Nanso Efesofo no bi antena sum mu. Paul kyerɛwee sɛ ‘afei de wɔyɛ hann, efisɛ wɔyɛ Awurade dea.’ (Efe. 5:8) Saa bere yi de, na wɔama Onyankopɔn Asɛm a ɛte sɛ kanea no rekyerɛ wɔn kwan. (Dw. 119:105) Ná Efesofo no atwe wɔn ho afi atorosom ne ɔbrafĩ biara ho. Ná ‘wɔresuasua Onyankopɔn.’ Bio nso, na wɔreyɛ nea wɔbetumi biara asom Yehowa na wɔayɛ nea ɛsɔ n’ani.—Efe. 5:1.
7. Ɔkwan bɛn so na yɛn tebea no te sɛ Kristofo a na ɛwɔ Efeso no?
7 Yɛn nso, ansa na yerebehu nokware no, na yɛwɔ atorosom mu, na na yɛn bra nso asɛe. Ná yɛn mu binom di abosonsomfo afahyɛ; ná yɛn mu bi nso te ɔbrafĩ mu. Nanso bere a yesuaa nea Yehowa pɛ ne nea ɔmpɛ no, yɛyɛɛ nsakrae. Yefii ase yɛɛ nea Yehowa pɛ. Ɛno nti, yɛanya nhyira bebree. (Yes. 48:17) Nanso yɛda so ara gyina akono. Esum a yɛagyaw no akyi no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛammɛn ho bio. Ehia sɛ ‘yɛkɔ so nnantew sɛ hann mma.’ Yɛbɛyɛ no sɛn?
Image digitally reproduced with the permission of the Papyrology Collection, Graduate Library, University of Michigan, P.Mich.inv. 6238. Licensed under CC by 3.0
Nea Paul kyerɛw kɔmaa Efesofo no, ɛyɛ afotu pa a yebetumi de abɔ yɛn bra (Hwɛ nkyekyɛm 7)b
TWE WO HO FI SUM NO HO
8. Sɛnea Efesofo 5:3-5 kyerɛ no, dɛn na na ɛsɛ sɛ Efesofo no twe wɔn ho fi ho?
8 Kenkan Efesofo 5:3-5. Kristofo a na ɛwɔ Efeso no, nea ɛbɛyɛ na wɔatwe wɔn ho afi ɔbrafĩ ho no, na ɛsɛ sɛ wɔkɔ so kwati nneyɛe a ɛnsɔ Yehowa ani. Ná ɛnyɛ aguamammɔ nko na ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi ho, na mmom kasafĩ nso. Paul kaee Efesofo no sɛ, sɛ wɔpɛ sɛ wɔnya “kyɛfa . . . wɔ Kristo ne Onyankopɔn Ahenni mu” a, ɛsɛ sɛ wɔkwati nneyɛe a ɛtete saa.
9. Nneyɛe biara a ebetumi akowie aguamammɔ mu no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho?
9 Yɛn nso, “nnwuma funu a wɔyɛ wɔ sum mu no,” nneyɛe biara a ɛbɛma yɛde yɛn ho ahyɛ mu bi no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ko tia. (Efe. 5:11) Osuahu ama ada adi sɛ, sɛ obi taa hwɛ, otie, anaa ɔka aguamansɛm a, ɛnyɛ den sɛ ɔbɛyɛ bɔne. (Gen. 3:6; Yak. 1:14, 15) Ɔman bi mu no, anuanom bebree fii ase ne wɔn ho wɔn ho dii nkitaho wɔ sohyia midia so. Wɔhyɛɛ ase no, na wɔn mu pii bɔ honhom fam nkɔmmɔ. Nanso, eduu baabi no, na nneɛma a wɔka ho asɛm no mfata. Afei de, aguamansɛm na na wɔtaa de di nkɔmmɔ. Akyiri yi, wɔn mu bebree kaa sɛ, ɔbrafĩ ho nkɔmmɔ a na wɔdi no ma wɔbɔɔ aguaman.
10. Ɔkwan bɛn na Satan fa so daadaa yɛn? (Efesofo 5:6)
10 Satan wiase no bɔ mmɔden sɛ ɛbɛdaadaa yɛn; ɛpɛ sɛ yegye di sɛ, nea Yehowa ka sɛ ɛyɛ ɔbrafĩ no, ɛnyɛ saa koraa na ɛte. (2 Pet. 2:19) Wei nyɛ yɛn nwanwa! Ɔbonsam mfiri no baako a ɔde adi dwuma fi teteete ne sɛ ɔbɛsɛe nnipa adwene sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentumi nhu nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. (Yes. 5:20; 2 Kor. 4:4) Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ ɛnnɛ sini, TV so dwumadi, ne wɛbsaet ahorow hyɛ adwene ne nneyɛe a Yehowa kasa tia ho nkuran! Satan rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛanya adwene sɛ, nneyɛe bɔne ne ɔbrafĩ a nkurɔfo atu adi akyi no, sɛ obi yɛ bi a ɛnyɛ bɔne. Afei nso, sɛ ɔde ne ho hyem a, ɛma n’ani gye na ɛmfa nsunsuanso bɔne biara mma.—Kenkan Efesofo 5:6.
11. Ɔkwan bɛn so na Angela suahu no si so dua sɛ, ehia sɛ yɛde afotu a ɛwɔ Efesofo 5:7 no yɛ adwuma? (Hwɛ mfoni no nso.)
11 Nnipa a yɛne wɔn bɔ a ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yebetie Yehowa no, wɔn na Satan pɛ sɛ yɛne wɔn bɔ. Ɛno nti, Paul tuu Efesofo no fo sɛ, wɔn a wɔyɛ nea Onyankopɔn mpɛ no, ‘wɔnhwɛ na wɔankodi wɔn akyi.’ (Efe. 5:7) Nanso yɛn de, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye paa sen tete Efesofo no, efisɛ ɛnyɛ wɔn a yɛne wɔn bɔ anim ne anim no nko ara na wɔbetumi abɛyɛ yɛn nnamfo. Wɔn a yɛne wɔn di nkitaho wɔ sohyia midia so no, wɔn nso betumi abɛyɛ yɛn nnamfo. Angelaa a ɔte Asia no behui sɛ, sohyia midia betumi de obi ato asiane mu paa. Ɔka sɛ: “Ebetumi asum wo afiri, na ɛde nkakrankakra asɛe w’adwene. Eduu baabi no, nkurɔfo a wɔmfa Bible afotu mmɔ wɔn bra no, na ɛnhaw me sɛ me ne wɔn bɛbɔ wɔ sohyia midia so. Ewiee ase no, mifii ase nyaa adwene sɛ, sɛ meyɛ nea Yehowa kyi koraa a, ɛnyɛ hwee.” Anigyesɛm ne sɛ, asafo mu mpanyimfo bi a wɔn ani da fam boaa Angela ma ɔyɛɛ nsakrae. Ɔka sɛ: “Seesei nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho na mede hyɛ m’adwene mu, na ɛnyɛ sohyia midia so nneɛma.”
Sɛ yebetumi adi Yehowa mmara so a, wɔn a yɛfa wɔn nnamfo no ka ho bi paa (Hwɛ nkyekyɛm 11)
12. Yehowa mmara a ɛkyerɛ nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ no, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛde ayɛ dwuma?
12 Wiase no wɔ adwene bi sɛ, sɛ obi bu brabɔne a ɛnyɛ hwee. Nanso yɛn de, yenim sɛ ɛyɛ bɔne, enti ɛsɛ sɛ yɛkwati. (Efe. 4:19, 20) Ne nyinaa mu no, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘M’adwumamfo, me mfɛfo sukuufo, anaa obiara a onni Yehowa mmara so no, mehwɛ yiye sɛ me ne no remmɔ anaa? Sɛ mede akokoduru di Yehowa mmara so, na sɛ ɛno nti nkurɔfo ka sɛ m’asɛm yɛ den mpo a, dɛn na mɛyɛ?’ Sɛnea 2 Timoteo 2:20-22 kyerɛ no, sɛ yɛrefa nnamfo wɔ asafo no mu nso a, ebia ebehia sɛ yɛyɛ ahwɛyiye. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, wɔn mu bi wɔ hɔ a, ebia wɔrentumi mmoa yɛn mma yɛnkɔ so nsom Yehowa.
MONNANTEW “SƐ HANN MMA”
13. Sɛ Bible ka sɛ “monkɔ so nnantew sɛ hann mma” a, dɛn na ɛkyerɛ? (Efesofo 5:7-9)
13 Paul hyɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Efeso no nkuran sɛ wɔnkɔ so ntwe wɔn ho mfi sum no ho. Nanso ɛnyɛ ɛno nko, ɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ ‘wɔnkɔ so nnantew sɛ hann mma.’ (Kenkan Efesofo 5:7-9.) Ɛno kyerɛ sɛn? Yɛbɛka no tiawa a, ɛne sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra sɛ Kristofo bere nyinaa. Ɔkwan baako a yɛbɛfa so ayɛ saa ne sɛ yɛbɛyere yɛn ho asua Bible no ne asafo nhoma. Sɛ yɛreyɛ saa a, ɛho hia paa sɛ yɛma yɛn ani ku Yesu Kristo nhwɛso ne ne nkyerɛkyerɛ ho, efisɛ ɔno ne “wiase hann.”—Yoh. 8:12; Mmeb. 6:23.
14. Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron no betumi aboa yɛn?
14 Yehia Onyankopɔn honhom kronkron no nso na aboa yɛn ma yɛakɔ so abɔ yɛn bra “sɛ hann mma.” Adɛn ntia? Efisɛ wiase a ɔbrafĩ adonnɔn no yi, sɛ obi wom a, ɛyɛ den sɛ ɔbɛkɔ so ama ne ho atew. (1 Tes. 4:3-5, 7, 8) Honhom kronkron betumi aboa yɛn ma yɛako atia wiase adwene a ɛne Onyankopɔn de nhyia no. Afei nso, honhom kronkron betumi aboa yɛn ma yɛasow ‘papayɛ ne trenee’ aba.—Efe. 5:9.
15. Sɛ yɛpɛ sɛ yenya honhom kronkron a, dɛn na yebetumi ayɛ? (Efesofo 5:19, 20)
15 Ade baako a yebetumi ayɛ de anya honhom kronkron ne sɛ, yɛbɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa mma yɛn. Yesu kaa sɛ Yehowa de “honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no no.” (Luka 11:13) Afei nso, sɛ yɛbom yi Yehowa ayɛ wɔ asafo nhyiam ase a, ɛma yenya honhom kronkron. (Kenkan Efesofo 5:19, 20.) Onyankopɔn honhom kronkron no bɛboa yɛn ma yɛayɛ nea ɛsɔ n’ani.
16. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa? (Efesofo 5:10, 17)
16 Sɛ yɛresisi gyinae a ɛho hia a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mu ‘hu Yehowa apɛde,’ na yɛma ɛkyerɛ yɛn kwan. (Kenkan Efesofo 5:10, 17.) Sɛ yɛhwehwɛ Bible nnyinasosɛm a ɛfa yɛn tebea bi ho a, ɛkyerɛ sɛ yɛrehwehwɛ Onyankopɔn adwene wɔ asɛm no ho. Afei, sɛ yɛde n’afotu no yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa.
17. Yɛbɛyɛ dɛn de yɛn bere adi dwuma yiye? (Efesofo 5:15, 16) (Hwɛ mfoni no nso.)
17 Paul san tuu Kristofo a ɛwɔ Efeso no fo sɛ wɔmfa wɔn bere nyɛ nneɛma a ɛho hia. (Kenkan Efesofo 5:15, 16.) Yɛn tamfo Satan, “ɔbɔnefo no” mpɛ sɛ yenya yɛn ho atwaye koraa; ɔpɛ sɛ yɛde wiase no kyekyere yɛn ho sɛnea ɛbɛyɛ a yennya bere mpo mfa nsom Onyankopɔn. (1 Yoh. 5:19) Hokwan pii wɔ hɔ a Kristoni betumi anya de ayɛ pii wɔ Yehowa som mu, nanso ɛnyɛ den koraa sɛ Kristoni bɛma sikapɛ, adwuma a ɔbɛyɛ, anaa sukuu a ɔbɛkɔ abɛyɛ ade titiriw mmom wɔ n’asetena mu. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ wama wiase adwene rekyerɛ no kwan. Ɛwom, saa nneɛma no nhyɛ da nyɛ bɔne, nanso ɛnsɛ sɛ yɛde di kan wɔ yɛn asetenam. Sɛ yebetumi anantew “sɛ hann mma” a, ehia sɛ yɛde yɛn bere di dwuma yiye, kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ ‘yɛde yɛn bere yɛ nneɛma a ɛho hia.’
Kristofo a na wɔwɔ Efeso no, Paul ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn bere nyɛ nneɛma a ɛho hia (Hwɛ nkyekyɛm 17)
18. Dɛn na Donald yɛe a ɛma otumi de ne bere yɛɛ nneɛma a ɛho hia?
18 Hwehwɛ akwan a wubetumi afa so ayɛ pii wɔ Yehowa som mu. Saa na Donald a ɔte South Africa no yɛe. Ɔka sɛ: “Mehwɛɛ m’asetenam, na mesrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me ma menyere me ho wɔ asɛnka adwuma no mu. Mebɔɔ mpae sɛ ɔmma minnya adwuma a ɛbɛma manya bere pii akɔ asɛnka. Yehowa boaa me ma minyaa adwuma a ɛfata. Ɛno maa me ne me yeree nyinaa fii akwampae adwuma no ase.”
19. Yɛbɛyɛ dɛn akɔ so anantew “sɛ hann mma”?
19 Krataa a Paul kyerɛw kɔmaa Efesofo no, ɛbɛyɛ sɛ ɛboaa wɔn paa ma wɔkɔɔ so som Yehowa. Krataa no mu nsɛm a efi Yehowa hɔ no betumi aboa yɛn nso. Sɛnea yehui no, sɛ yɛrepɛ nea yɛde begyigye yɛn ani a, ebetumi aboa yɛn ma yɛapaw nea Yehowa nkasa ntia. Afei nso, ebetumi aboa yɛn ma yɛafa nnamfo pa. Ebetumi akanyan yɛn ma yɛakɔ so asua Bible no, sɛnea ɛbɛyɛ a nokware hann no bɛkyerɛ yɛn kwan wɔn yɛn abrabɔ mu. Bio nso, esi so dua sɛ honhom kronkron no ho hia paa, efisɛ ebetumi aboa yɛn ma yɛanya suban pa. Sɛ yɛde nea Paul kyerɛwee no yɛ adwuma a, ebetumi aboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa; gyinae a ɛtete saa no ne Yehowa adwene behyia. Yɛyɛ saa nneɛma yi a, yebetumi akwati wiase sum no na yɛatena hann no mu!
WUBEBUA SƐN?
“Hann” ne “sum” a ɛho asɛm wɔ Efesofo 5:8 no, dɛn na ɛkyerɛ?
Yɛbɛyɛ dɛn atwe yɛn ho afi “sum” no ho?
Yɛbɛyɛ dɛn ‘akɔ so anantew sɛ hann mma’?
DWOM 95 Hann no Kɔ So Hyerɛn
a Wɔasesa edin no bi.
b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Nea yehu wɔ ha yi yɛ krataa a ɔsomafo Paul kyerɛw kɔmaa Efesofo no a wɔahwɛ so akyerɛw bi; wei yɛ teteete de no bi