Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
“Ɔbea” bɛn na Yesaia 60:1 ka ne ho asɛm no, na sɛn na ‘ɔsɔre’ na ‘ɔhyerɛn’?
Yesaia 60:1 kenkan sɛ: “O ɔbea, sɔre na hyerɛn, efisɛ wo hann apue. Yehowa anuonyam ahyerɛn wo so.” Efi nkyekyɛm 2 rekɔ no, wohwɛ nsɛm a ɛwɔ hɔ no a, ɛma yehu sɛ “ɔbea” no ne Sion, anaa Yerusalem a saa bere no na ɛyɛ Yuda ahenkurow. (Yes. 60:14; 62:1, 2) Yerusalem gyina hɔ ma Israel man no nyinaa. Nsɛm a Yesaia kyerɛwee no kɔfa nsɛmmisa mmienu bi ba: Nea edi kan, bere bɛn na Yerusalem ‘sɔree’ na ‘ɔhyerɛnee,’ na ɔyɛɛ no sɛn? Nea ɛtɔ so mmienu, Yesaia asɛm yi reba mu kɛse wɔ yɛn bere yi so anaa?
Bere bɛn na Yerusalem ‘sɔree’ na ɔhyerɛnee, na ɔyɛɛ no sɛn? Mfe 70 a na Yudafo no wɔ nkoasom mu wɔ Babilon no, na Yerusalem ne asɔrefie no adan amamfo. Nanso bere a Mediafo ne Persiafo dii Babilon so nkonim no, na Israelfo a ɛwɔ Babilon ahemman no mu nyinaa betumi asan akɔ wɔn kurom, na wɔakɔpagyaw nokwaresom bio. (Esra 1:1-4) Afe 537 ansa na Yesu reba no, mmusuakuw 12 no mu anokwafo kakra dii kan kɔɔ Yerusalem. (Yes. 60:4) Wɔkɔe no, wɔfii ase bɔɔ afɔre maa Yehowa, wɔdii afahyɛ ahorow no, na wɔfii ase sii asɔrefie no. (Esra 3:1-4, 7-11; 6:16-22) Ɛbaa saa no, Yehowa anuonyam san fii ase hyerɛn wɔ Yerusalem so, kyerɛ sɛ, ne nkurɔfo a na wɔafi nkoasom mu aba no so. Enti wɔn nso bɛyɛɛ hann maa amanaman a wɔte sum mu a na wɔnnim Yehowa no.
Nanso nkɔm a Yesaia hyɛe sɛ nneɛma bɛsan asi ne dedaw mu no, ɛnyɛ ne nyinaa na ɛbaa mu tete no. Israelfo dodow no ara ankɔ so antie Yehowa. (Neh. 13:27; Mal. 1:6-8; 2:13, 14; Mat. 15:7-9) Akyiri yi, wɔpoo Yesu Kristo a na ɔyɛ Mesia no mpo. (Mat. 27:1, 2) Afe 70 no, atamfo bɛsɛee Yerusalem ne asɔrefie no ne mprenu so.
Ná Yehowa aka ato hɔ sɛ awerɛhosɛm a ɛte saa besi. (Dan. 9:24-27) Ɛda adi pefee sɛ, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia ti 60 a ɛkyerɛ sɛnea nneɛma bɛsan asi ne dedaw mu no, na ɛnyɛ Yehowa atirimpɔw ne sɛ, ne nyinaa bɛba mu wɔ Yerusalem so.
Yesaia asɛm yi reba mu kɛse wɔ yɛn bere yi so anaa? Yiw, nanso ɛfa ɔbea foforo bi ho—“Yerusalem a ɛwɔ soro no.” Ɔsomafo Paul kaa ne ho asɛm sɛ: “Ɛno ne yɛn maame.” (Gal. 4:26) Yerusalem a ɛwɔ soro no, ɛno ne Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro a abɔfo anokwafo wom no. Ne mma ne Yesu ne Kristofo anokwafo 144,000 a wɔasra wɔn no. Kristofo a wɔasra wɔn no, wɔn nso wɔ ɔsoro anidaso a na Paul wɔ no bi. Wɔyɛ “ɔman kronkron”; wɔn ara na Bible frɛ wɔn “Onyankopɔn Israel no.”—1 Pet. 2:9; Gal. 6:16.
Sɛn na Yerusalem a ɛwɔ soro no ‘sɔree’ na ‘ɔhyerɛnee?’ Ɔnam ne mma a ɛwɔ asaase so a wɔasra wɔn no so na ɛyɛɛ saa. Nea wɔn nso faa mu no, yɛmfa ntoto nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia ti 60 no ho.
Asomafo no wu akyi no, awaefo a wɔayɛ sɛ nwura bɔne no bunkam Kristofo a wɔasra wɔn no so. Wei ma wɔdedae wɔ sum mu, enti na ɛsɛ sɛ ‘wɔsɔre.’ (Mat. 13:37-43) Ɛmaa Babilon Kɛse, a ɛno ne atorosom a ɛwɔ wiase nyinaa no de wɔn yɛɛ nkoa. Kristofo a wɔasra wɔn no kɔɔ so ara yɛɛ nkoa kosii “wiase yi awiei bere” no; saa bere no fii ase afe 1914. (Mat. 13:39, 40) Ɛno akyi bere tiaa bi wɔ afe 1919 no, wɔdee wɔn ho, na ntɛm ara wɔtuu wɔn ho guu asɛnka adwuma no mu maa hann no fii ase hyerɛnee.a Nkakrankakra, nnipa fi aman nyinaa mu aba hann no ho; Onyankopɔn Israel no mufo a wɔaka no nso ka ho. Wɔn ne “ahemfo” a Yesaia 60:3 ka wɔn ho asɛm no.—Adi. 5:9, 10.
Daakye, Kristofo a wɔasra wɔn no bɛma hann a efi Yehowa hɔ no ahyerɛn kɛse paa. Ɔkwan bɛn so? Wɔwie wɔn som adwuma wɔ asaase so a, wɔbɛkɔ akɔka “Yerusalem Foforo” no anaa Kristo ayeforo a wɔn dodow si 144,000 no ho. Wɔne Kristo bɛbom adi hene na wɔayɛ asɔfo.—Adi. 14:1; 21:1, 2, 24; 22:3-5.
Yerusalem Foforo no bɛboa paa ma asɛm a ɛwɔ Yesaia 60:1 no aba mu. (Fa Yesaia 60:1, 3, 5, 11, 19, 20 toto Adiyisɛm 21:2, 9-11, 22-26 ho.) Tete no, Yerusalem na na ɔhene no tena bu Israel man no. Wiase foforo no mu nso, Yerusalem Foforo no ne Kristo bɛka abom adi tumi. Ɔkwan bɛn so na Yerusalem Foforo no ‘befi Onyankopɔn nkyɛn wɔ soro asian’? Ɛne sɛ, ɛbɛtoto nneɛma yiye wɔ asaase so. Nnipa a wɔsuro Onyankopɔn a wɔfi aman nyinaa mu “bɛnantew ne hann mu.” Wɔbenya wɔn ho atetew afi bɔne ne owu ho. (Adi. 21:3, 4, 24) Nea ebefi mu aba ne sɛ, sɛnea Yesaia ne adiyifo afoforo kae no, “wobesiesie nneɛma nyinaa” ma ayɛ foforo. (Aso. 3:21) Bere a Kristo bɛyɛɛ Ɔhene no, saa bere no na wɔfii ase siesiee nneɛma nyinaa, na ɛbɛkɔ ara akosi sɛ Mfirihyia Apem Nniso no bɛba awiei.
a Nokwaresom a wɔsan maa so wɔ afe 1919 no, ɛho asɛm san wɔ Hesekiel 37:1-14 ne Adiyisɛm 11:7-12. Kristofo anokwafo nyinaa a wɔkɔɔ nkoasom mu bere tenteenten no, Hesekiel ka too hɔ sɛ, na bere bi bɛba ama wɔasan akeka wɔn ho. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm no nso ma yehu sɛ, anuanom mmarima kakraa bi a na wɔdi nneɛma anim a wɔbuu wɔn atɛnkyea de wɔn guu afiase bere tiaa bi no, na wɔbɛsan akeka wɔn ho wɔ Yehowa som mu. Afe 1919 no, wɔpaw wɔn sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no.—Mat. 24:45; hwɛ Nokware Som—Yehowa Ama So Bio! nhoma no, kr. 118.