Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w24 December kr. 30
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abɔfo No Yɛ “Ahonhom A Wɔsom”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Sɛnea Abɔfo Betumi Aboa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Abɔfo Sɛnea Wɔn Nneyɛe Ka Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Suasua Abɔfo Anokwafo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
w24 December kr. 30

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Henanom ne “abɔfo a wɔapaw wɔn” a 1 Timoteo 5:21 ka wɔn ho asɛm no?

Ná ɔsomafo Paul ne Timoteo nyinaa yɛ asafo mu mpanyimfo. Paul kyerɛw kɔmaa Timoteo sɛ: “Mehyɛ wo denneennen wɔ Onyankopɔn ne Kristo Yesu ne abɔfo a wɔapaw wɔn no anim sɛ, di akwankyerɛ ahorow yi so a wonyɛ nyiyim ne animhwɛ.”—1 Tim. 5:21.

Momma yenni kan nhwɛ abɔfo a yɛrentumi nka sɛ wɔka “abɔfo a wɔapaw wɔn” no ho. Ɛda adi pefee sɛ 144,000 no nka ho. Bere a Paul kyerɛw Timoteo no, na Kristofo a wɔasra wɔn no mu biara nnya nkɔɔ soro. Asomafo no ne afoforo nso a na wɔasra wɔn no, na wɔnnya mmɛyɛɛ honhom abɔde, enti ɛda adi sɛ, yɛrentumi nka sɛ wɔn ne “abɔfo a wɔapaw wɔn” a na Paul reka wɔn ho asɛm no.—1 Kor. 15:​50-54; 1 Tes. 4:​13-17; 1 Yoh. 3:2.

Afei nso, “abɔfo a wɔapaw wɔn no,” ɛrentumi mma sɛ wɔne abɔfo a wɔyɛɛ asoɔden wɔ Noa bere so no. Saa abɔfo no kodii Satan akyi na wɔbɛyɛɛ ahonhommɔne, na na wɔne Yesu nka. (Gen. 6:2; Luka 8:​30, 31; 2 Pet. 2:4) Daakye, Yesu bɛtow wɔn agu amena donkudonku no mu mfe 1,000. Ɛno akyi no, ɔbɛsɛe wɔne Ɔbonsam nyinaa.—Yuda 6; Adi. 20:​1-3, 10.

Paul kaa “Onyankopɔn ne Kristo Yesu” ho asɛm wɔ nkyekyɛm baako no ara mu. Enti, “abɔfo a wɔapaw wɔn” a ɔkaa wɔn ho asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ wɔne abɔfo a wɔwɔ soro a na wɔtaa Onyankopɔn ne Kristo Yesu akyi no.

Abɔfo anokwafo mpempem bebree na ɛwɔ hɔ. (Heb. 12:​22, 23) Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ adwuma koro na wɔn nyinaa yɛ. (Adi. 14:​17, 18) Kae sɛ, bere bi Yehowa maa ɔbɔfo baako pɛ kokunkum Asiria asraafo 185,000. (2 Ahe. 19:35) Ɛbɛyɛ sɛ abɔfo no bi adwuma nso ne sɛ “wɔbɛboaboa biribiara a ɛto hintidua ne wɔn a wɔyɛ nneɛma bɔne ano afi [Yesu Ahenni] no mu.” (Mat. 13:​39-41) Ebia ebinom nso ‘bɛboaboa wɔn a wapaw wɔn no ano’ akɔ soro. (Mat. 24:31) Afei nso, wɔde ahyɛ wɔn mu binom nsa sɛ ‘wɔnwɛn yɛn wɔ akwan nyinaa mu.’—Dw. 91:11; Mat. 18:10; fa toto Mateo 4:11; Luka 22:43 ho.

Awarefo bi nam asɛnka mu, na ɔbɔfo bi rekyerɛ wɔn kwan akɔ fie bi mu. Ɔbarima bi wɔ fie hɔ rebɔ mpae.

“Abɔfo a wɔapaw wɔn” a 1 Timoteo 5:21 ka wɔn ho asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn na na wɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ nsafo no so. Bere a na Paul reka “abɔfo a wɔapaw wɔn” no ho asɛm no, sɛnea asafo mu mpanyimfo bedi wɔn asɛde ho dwuma no, ɔde ɛho afotu maa wɔn. Afei nso, ɔkaa sɛ, ɛsɛ sɛ asafo no mufo de obu ma mpanyimfo no. Paul kyerɛɛ mu sɛ, sɛ mpanyimfo no reyɛ wɔn adwuma a, ɛnsɛ sɛ ‘wɔyɛ nyiyim ne animhwɛ.’ Afei nso, sɛ wɔresi gyinae a, ɛsɛ sɛ wɔsusuw ho kɔ akyiri paa; ɛnsɛ sɛ wɔyɛ no gya-so-gya-so. Nea enti a na ehia paa sɛ wɔde Paul afotu no yɛ adwuma ne sɛ, na wɔreyɛ wɔn adwuma no “wɔ Onyankopɔn ne Kristo Yesu ne abɔfo a wɔapaw wɔn no anim.” Enti, ɛda adi pefee sɛ na abɔfo no bi adwuma ne sɛ wɔbɛboa asafo no. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, wɔbɔ Onyankopɔn asomfo ho ban, wɔdi asɛnka adwuma no anim, na wɔde ɛho amanneɛbɔ kɔma Yehowa.—Mat. 18:10; Adi. 14:6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena