Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w25 February kr. 8-13
  • Sɛnea Wubetumi Anya Yehowa Bɔnefakyɛ So Mfaso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wubetumi Anya Yehowa Bɔnefakyɛ So Mfaso
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • YEHOWA YI YƐN BƆNE FI HƆ
  • YEHOWA POPA YƐN BƆNE
  • YEHOWA MA YƐNE NE NTAM SAN YƐ KAMA
  • SƐNEA YENYA YEHOWA BƆNEFAKYƐ SO MFASO
  • Gye Tom Sɛ Yehowa De Wo Bɔne Akyɛ Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Onyankopɔn a ‘Oyi Ne Yam De Bɔne Kyɛ’
    Bɛn Yehowa
  • Yehowa, Onyankopɔn a ‘Wayɛ Krado Sɛ Ɔde Bɔne Befiri’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nea Enti a Yɛn Ani Sɔ Yehowa Bɔnefakyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
w25 February kr. 8-13

ADESUA ASƐM 7

DWOM 15 Kamfo Yehowa Abakan No!

Sɛnea Wubetumi Anya Yehowa Bɔnefakyɛ So Mfaso

“Wo na wode bɔne kyɛ koraa.”—DW. 130:4.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Yɛbɛhwɛ mfatoho ahorow bi a ɛwɔ Bible mu a ɛma yehu sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ koraa. Wei bɛma yɛn mu biara akyerɛ Yehowa bɔnefakyɛ ho anisɔ kɛse.

1. Sɛ obi ka sɛ ɔde yɛn bɔne akyɛ yɛn a, adɛn nti na mpɛn pii no, ɛyɛ den sɛ yebehu nea ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ ankasa?

“MEDE WO BƆNE AKYƐ WO.” Sɛ wuhu sɛ woaka asɛm bi anaa woayɛ biribi ma ahaw obi na ɔka saa asɛm no kyerɛ wo a, ebetumi ama wo koma atɔ wo yam paa! Sɛ obi ka sɛ, “Mede wo bɔne akyɛ wo” a, dɛn paa na ɛkyerɛ? Wohwɛ a, nea onii no pɛ sɛ ɔkyerɛ ne sɛ, moda so ara yɛ nnamfo anaa? Anaa nea ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ ne sɛ ɔmpɛ sɛ moka nea esii no ho asɛm bio? Nipa de, sɛ ɔka sɛ ɔde wo bɔne akyɛ wo a, ebetumi ayɛ den sɛ wubehu nea ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ ankasa.

2. Sɛn na Bible kyerɛkyerɛ Yehowa bɔnefakyɛ mu? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

2 Sɛnea Yehowa de nnipa a sintɔ wɔ yɛn ho bɔne kyɛ yɛn no, ɛnyɛ saa koraa na yɛde yɛn yɔnko nipa bɔne kyɛ no. Yehowa bɔnefakyɛ de, ɛda mu fua. Odwontofo no kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Wo na wode bɔne kyɛ koraa sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa besuro wo.”a (Dw. 130:4) Anokwa, Yehowa de, ɔde bɔne kyɛ a na ɔde ‘akyɛ koraa.’ Sɛ yɛka bɔnefakyɛ a, Yehowa na ɔma yehu nea ɛkyerɛ paa. Ɛtɔ da na Bible akyerɛwfo no reka Yehowa bɔnefakyɛ ho asɛm a, Hebri asɛmfua a wɔde di dwuma no, sɛ nipa de ne yɔnko nipa bɔne kyɛ no a wɔmfa saa asɛmfua no nni dwuma da.

3. Sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ ne sɛnea nnipa nso de bɔne kyɛ no, nsonsonoe bɛn na ɛwom? (Yesaia 55:​6, 7)

3 Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɔpopa bɔne no korakora. Ayɔnkofa a na yɛne no wɔ no, ɔsan ma yɛn nsa ka no pɛpɛɛpɛ te sɛ nea yɛnyɛɛ bɔne biara da. Yɛda Yehowa ase paa sɛ daa oyi ne yam de yɛn bɔne kyɛ yɛn korakora.—Kenkan Yesaia 55:​6, 7.

4. Sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ korakora no, ɔkwan bɛn na ɔfa so boa yɛn ma yɛte ase?

4 Sɛ ɛsono sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ, ɛnna ɛsono sɛnea nnipa a bɔne wɔ yɛn ho nso de bɔne kyɛ a, ɛnde yɛbɛyɛ dɛn ate Yehowa bɔnefakyɛ ase? Yehowa de mfatoho kyerɛkyerɛ ne bɔnefakyɛ mu. Adesua yi mu no, yebesusuw bi ho. Wei bɛma yɛahu sɛnea Yehowa popa yɛn bɔne na bere koro no ara, ɔma yɛsan nya ayɔnkofa a na yɛne no wɔ no. Sɛ yesusuw mfatoho ahorow no ho a, ɛbɛma yɛanya anisɔ kɛse ama yɛn soro Agya a ne mmɔborɔhunu dɔɔso no, efisɛ Yehowa de bɔne kyɛ a na ɔde akyɛ.

YEHOWA YI YƐN BƆNE FI HƆ

5. Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛma yɛte nka sɛn?

5 Bible taa de bɔne toto adesoa a emu yɛ duru ho. Ɔhene Dawid kaa ɔno ara ne bɔne ho asɛm sɛ: “Me mfomso aboro me so, na ɛdɛn me sɛ adesoa duruduru.” (Dw. 38:4) Nanso Yehowa de abɔnefo a wɔanu wɔn ho bɔne kyɛ wɔn. (Dw. 25:18; 32:5) Hebri asɛmfua a yɛakyerɛ ase sɛ ‘fakyɛ’ no, nea ɛkyerɛ paa ne sɛ “wubepagyaw biribi” anaa “wobɛma biribi so.” Enti bɔne a ayɛ sɛ adesoa a ɛso yɛn no, Yehowa pagyaw anaa oyi fii yɛn so. Wei ma yɛn kɔn mu dwo yɛn paa.

Nsa bi apagyaw bɔtɔ duruduru bi afi onua bi kɔn ho

‘Ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn’ (Dw. 32:⁠5)


6. Sɛ Yehowa pagyaw yɛn bɔne anaa ɔsoa a, ɛhe na ɔde kɔ?

6 Mfatoho foforo nso ma yehu sɛ Yehowa pagyaw yɛn bɔne anaa ɔsoa a, ɔde kɔ akyirikyiri. Dwom 103:12 ka sɛ: “Sɛnea apuei ne atɔe ntam ware no, saa ara na wama yɛne yɛn mmarato ntam aware.” Apuei ne atɔe nhyia da; ebiara nam ne kwan. Wei kyerɛ sɛ, Yehowa soa yɛn bɔne a, baabi a ɔde kɔ no, ɛwɔ akyirikyiri ara ma yɛrentumi mfa yɛn adwene mpo mmu. Wei ma yenya awerɛhyem sɛ, sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, na ɔde akyɛ yɛn koraa!

Awia rekɔtɔ.

“Sɛnea apuei ne atɔe ntam ware no” (Dw. 103:​12)


7. Bible ka sɛ, sɛ Yehowa yi yɛn bɔne fi hɔ a, ɔde kɔ he? (Mika 7:​18, 19)

7 Wohwɛ a, Yehowa soa yɛn bɔne no kɔ akyirikyiri a, ɔkɔkora so anaa? Daabi. Ɔhene Hesekia kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Woatow me bɔne nyinaa agu w’akyi” anaa sɛnea ase hɔ asɛm no ka no: “Woayi me bɔne nyinaa afi w’anim.” (Yes. 38:​9, 17; ase hɔ asɛm) Saa mfatoho yi ma yehu sɛ, sɛ abɔnefo nu wɔn ho a, Yehowa tow wɔn bɔne no gu, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenhu bio. Yebetumi akyerɛ saa asɛm yi ase wɔ ɔkwan foforo so sɛ: ‘Woama [me bɔne] ayɛ te sɛ nea menyɛɛ bɔne biara.’ Bible de mfatoho foforo nso kyerɛkyerɛ saa asɛm yi mu wɔ Mika 7:​18, 19. (Kenkan.) Ɛhɔ ka sɛ Yehowa tow yɛn bɔne gu po ase tɔnn. Tete no, sɛ obi tow biribi to po mu na ɛkɔtɔ ase a, na obiara rentumi nkoyi da.

Mfoni: 1. Bɔtɔ duruduru bi da Yehowa ahengua no akyi. 2. Bɔtɔ duruduru bi akɔtɔ po ase.

“Woatow me bɔne nyinaa agu w’akyi” ( Yes. 38:⁠17)

“Wobɛtow wɔn bɔne nyinaa agu ɛpo ase tɔnn” (Mika 7:​19)


8. Ebesi ha yi, dɛn na yɛasua?

8 Mfatoho ahorow a yɛasusuw ho yi ma yehu sɛ, sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, na ɔde akyɛ yɛn korakora. Enti ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ahonim bu yɛn fɔ. Dawid kae a ɔmmoa sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔde wɔn mmarato akyɛ wɔn na wɔakata wɔn bɔne so; anigye ne onipa a Yehowa remmu ne bɔne ho akontaa da.” (Rom. 4:​6-8) Wei na yɛfrɛ no bɔnefakyɛ no!

YEHOWA POPA YƐN BƆNE

9. Bible mu mfatoho bɛn na ɛma yehu sɛ, sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, na ɔde akyɛ yɛn?

9 Bible mu mfatoho ahorow bi boa yɛn ma yehu sɛ, agyede no nti sɛ yɛyɛ bɔne na yenu yɛn ho a, Yehowa popa yɛn bɔne. Bible ka sɛ Yehowa hohoro yɛn bɔne. Wei ma efĩ a ɛwɔ yɛn ho no kɔ. (Dw. 51:7; Yes. 4:4; Yer. 33:8) Yehowa ankasa ka wei ho asɛm sɛ: “Ɛwom, mo bɔne te sɛ koogyan, nanso ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; ɛwom, ayɛ kɔɔ te sɛ kɔben, nanso ɛbɛyɛ fitaa sɛ oguan nwi.” (Yes. 1:18) Sɛ ade kɔkɔɔ ka ntama fitaa mu a, ɛyɛ den paa sɛ wobɛhoro ama akɔ. Nanso, Yehowa nam saa mfatoho yi so ma yɛn awerɛhyem sɛ, obetumi ahohoro yɛn bɔne; obetumi ahoro no sɛ ntama ma nkekae biara afi mu.

Onuawa bi hyɛ ataade fitaa bi a ade kɔkɔɔ aka mu. Akyiri yi, onuawa no hyɛ ataade koro no ara a nkekae no afi mu.

“Ɛwom, mo bɔne te sɛ koogyan, nanso ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma” ( Yes. 1:​18)


10. Sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ koraa no, mfatoho foforo bɛn na ɔde kyerɛkyerɛ mu?

10 Sɛnea yɛadi kan ahu wɔ adesua a edi wei anim mu no, Bible de bɔne toto ‘ɛka’ ho. (Mat. 6:12; Luka 11:4) Enti bere biara a yɛbɛyɛ bɔne atia Yehowa no, na ɛka no bi abɛka ho. Yɛde Yehowa ka kɛse paa! Nanso sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, bɔne ho ka a na yɛde no no, otwam. Ɔnsan mmɛdan yɛn saa bɔne no ho ka. Saa mfatoho yi ma yehu ampa sɛ, sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛma yɛn ho dwo yɛn na yɛn koma tɔ yɛn yam!

Nsa bi retew krataa bi mu bere a onua bi rekasa.

“Fa yɛn aka kyɛ yɛn” (Mat. 6:​12)


11. Sɛ Bible ka sɛ ‘wɔapopa’ yɛn bɔne a, ɛkyerɛ sɛn? (Asomafo Nnwuma 3:19)

11 Bɔne ho ka a yɛde Yehowa no, ɛnyɛ sɛ otwam kɛkɛ, na mmom ɔpopa nso. (Kenkan Asomafo Nnwuma 3:19.) Sɛ yɛde obi ka na otwa ka no mu a, ebia ɔde pɛn anaa pɛnsere bɛsan mu. Nanso obiara a ɔbɛhwɛ krataa no so no, obetumi ahu ɛka no. Nanso sɛ yɛrepopa biribi de a, ɛno yɛ soronko. Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛate mfatoho yi ase no, tete no, adubiri a na wɔde kyerɛw ade no, na wɔde bidie, nnua mu nsu tentann ne nsu na ɛfra yɛ. Sɛ wɔde kyerɛw biribi na obi pɛ sɛ ɔpopa a, na obetumi de sapɔw abɔ nsu mu de atwitwiw so. Enti sɛ obi de ka na sɛ ‘wɔpopa’ a, ɛyera koraa; obiara ntumi nhu nea na wɔakyerɛw wɔ hɔ no bio. Ɛma ɛyɛ te sɛ nea na onipa no nnee ka da. Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛahu sɛ yɛyɛ bɔne a, ɛnyɛ sɛ Yehowa twam kɛkɛ, na mmom ɔpopa fi hɔ koraa!—Dw. 51:9.

Nsa bi de sapɔw repopa nkyerɛwee a ɛwɔ krataa bi so.

“Mma wɔmpopa mo bɔne” (Aso. 3:​19)


12. Mfatoho a ɛfa omununkum tumm ho no, dɛn na yesua fi mu?

12 Yehowa de mfatoho foforo kyerɛ yɛn sɛnea ɔpopa yɛn bɔne. Ɔka sɛ: “Mɛpopa wo mmarato te sɛ nea omununkum akata so, na mapopa wo bɔne te sɛ nea omununkum tumm akata so.” (Yes. 44:22) Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛte sɛ nea ɔde omununkum tumm akata so, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara renhu bio.

Omununkum a ahyehyɛ.

“Mɛpopa wo mmarato te sɛ nea omununkum akata so” ( Yes. 44:​22)


13. Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛma yɛte nka sɛn?

13 Dɛn na yesua fi saa mfatoho ahorow yi mu? Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ahonim kɔ so bu yɛn fɔ. Bɔne ho ka biara a yɛde no, Yesu Kristo de ne mogya no atwam koraa. Wei nti, ɛte sɛ nea yɛnyɛɛ bɔne koraa da. Sɛ yɛyɛ bɔne na yenu yɛn ho na Yehowa de kyɛ yɛn a, na ɔde akyɛ yɛn koraa. Saa na Yehowa bɔnefakyɛ te.

YEHOWA MA YƐNE NE NTAM SAN YƐ KAMA

Onuawa bi gyina abɔnten baabi dinn redwinnwen nsɛm ho.

Sɛ yɛn soro Agya no de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛma yɛne ne ntam san yɛ kama (Hwɛ nkyekyɛm 14)


14. Adɛn nti na yebetumi agye adi sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn koraa? (Hwɛ mfoni no nso.)

14 Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛma yɛne ne ntam san yɛ kama. Ɛboa yɛn na yɛn ahonim ankɔ so anhaw yɛn. Ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ Yehowa de yɛn bɔne ho abufuw ahyɛ ne mu, na ɔrepɛ kwan bi afa so atwe yɛn aso. Ɔrenyɛ saa da. Sɛ Yehowa ka sɛ ɔde yɛn bɔne akyɛ yɛn a, adɛn nti na yebetumi agye no adi? Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo Yeremia sɛ: “Mede wɔn mfomso bɛkyɛ wɔn, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.” (Yer. 31:34) Ɔsomafo Paul nso faa saa asɛm koro yi ara kae. Ɔkaa sɛ: “Merenkae wɔn bɔne bio.” (Heb. 8:12) Dɛn paa na saa asɛm no kyerɛ?

Onua bi rehwɛ soro.

‘Merenkae wɔn bɔne bio’ ( Yer. 31:​34)


15. Sɛ Yehowa ka sɛ ɔrenkae yɛn bɔne bio a, ɛkyerɛ sɛn?

15 Bible mu no, sɛ wɔde asɛmfua “kae” di dwuma a, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛkyerɛ sɛ obi de n’adwene rekɔ biribi a asi atwam so. Mmom ebetumi nso akyerɛ sɛ obi reyɛ biribi anaa ɔretu biribi ho anammɔn. Ɔbɔnefo a na wɔabɔ no asɛndua mu wɔ Yesu nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Yesu, sɛ woba w’Ahenni mu a, kae me.” (Luka 23:​42, 43) Ɛnyɛ sɛ na ɔpɛ sɛ Yesu adwene ba no so kɛkɛ, mmom na ɔpɛ sɛ Yesu yɛ biribi ma no. Mmuae a Yesu de maa no no kyerɛ sɛ na obenyan ɔbɔnefo no. Enti, sɛ Yehowa ka sɛ ɔrenkae yɛn bɔne bio a, ɛkyerɛ sɛ ɔde bɔne no akyɛ yɛn koraa, na ɔrentwe yɛn aso wɔ ho bio.

16. Sɛnea Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn koraa no, Bible de toto dɛn ho?

16 Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛma yɛte nka sɛ yɛade yɛn ho. Bible de mfatoho foforo kyerɛkyerɛ saa asɛm no mu. Esiane sɛ bɔne ne sintɔ wɔ yɛn ho nti, Bible ka sɛ yɛyɛ “bɔne nkoa.” Nanso Yehowa bɔnefakyɛ nti, yɛte sɛ nkoa a wɔama ‘yɛade yɛn ho afi bɔne ho.’ (Rom. 6:​17, 18; Adi. 1:5) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛma yɛn ani gye paa te sɛ akoa a wade ne ho.

Abankaba a egu obi nsa mu atew.

“Wɔama moade mo ho afi bɔne ho” (Rom. 6:​18)


17. Sɛn na Yehowa bɔnefakyɛ sa yɛn yare? (Yesaia 53:5)

17 Kenkan Yesaia 53:5. Mfatoho a etwa to a yebesusuw ho no ma yehu sɛ, yɛte sɛ nnipa a owuyare abɔ wɔn. Esiane agyede afɔre a Yehowa nam ne Ba no so de mae nti, Bible ka sɛ Yehowa asa yɛn yare. (1 Pet. 2:24) Bɔne ama yɛne Yehowa ntam asɛe, nanso agyede afɔre no nti, Yehowa tumi de yɛn bɔne kyɛ yɛn, na ɛma yɛne ne ntam san yɛ kama bio. Sɛ obi yare denneennen na onya ayaresa a, ɛma onii no ani gye paa. Yɛn nso, sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn na yɛne ne ntam san yɛ kama a, ɛma yedi ahurusi.

Mfoni: Yesu afɔrebɔ no resiesie yɛne Yehowa ntam. 1. Yesu sɛn dua so. 2. Onua bi te abɔnten baabi dinn rebɔ mpae.

“N’akuru nti, wɔsaa yɛn yare” ( Yes. 53:⁠5)


SƐNEA YENYA YEHOWA BƆNEFAKYƐ SO MFASO

18. Mfatoho ahorow a Bible de kyerɛkyerɛ Yehowa bɔnefakyɛ mu no, dɛn na yɛasua afi mu? (Adaka a yɛato din “Sɛnea Yehowa De Yɛn Bɔne Kyɛ Yɛn” no, hwɛ ɛno nso.)

18 Mfatoho ahorow a Bible de kyerɛkyerɛ Yehowa bɔnefakyɛ mu no, dɛn na yɛasua afi mu? Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, na ɔde akyɛ yɛn korakora, na ɔrentwe yɛn aso wɔ ho bio. Wei ma yɛne yɛn soro Agya no san nya ayɔnkofa a emu yɛ den. Ɛsɛ sɛ yɛkae nso sɛ, sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, na wakyɛ yɛn ade kɛse. Ɛnyɛ adwuma bi anaa biribi a yɛayɛ ama Yehowa nti na ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn, mmom ɔdɔ a ɔdɔ yɛn nti na ɔdom yɛn de yɛn bɔne kyɛ yɛn.—Rom. 3:24.

Mfatoho ahorow a yɛadi kan aka ho asɛm wɔ adesua yi mu ho mfoni na edidi so yi. Mfoni: Yehowa yi yɛn bɔne fi hɔ. 1. ‘Ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn’: Nsa bi apagyaw bɔtɔ duruduru bi afi onua bi kɔn ho. 2. “Sɛnea apuei ne atɔe ntam ware no”: Awia rekɔtɔ. 3. “Woatow me bɔne nyinaa agu w’akyi”: Bɔtɔ duruduru bi da Yehowa ahengua no akyi. 4. “Wobɛtow wɔn bɔne nyinaa agu ɛpo ase tɔnn”: Bɔtɔ duruduru bi akɔtɔ po ase. Mfoni: Yehowa popa yɛn bɔne. 1. “Ɛwom, mo bɔne te sɛ koogyan, nanso ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma”: Onuawa bi hyɛ ataade fitaa bi a ade kɔkɔɔ aka mu. Akyiri yi, onuawa no hyɛ ataade koro no ara a nkekae no afi mu. 2. “Fa yɛn aka kyɛ yɛn”: Nsa bi retew krataa bi mu bere a onua bi rekasa. 3. “Mma wɔmpopa mo bɔne”: Nsa bi de sapɔw repopa nkyerɛwee a ɛwɔ krataa bi so. 4. “Mɛpopa wo mmarato te sɛ nea omununkum akata so”: Omununkum a ahyehyɛ. Mfoni: Yehowa ma yɛne ne ntam san yɛ kama. 1. ‘Merenkae wɔn bɔne bio’: Onua bi rehwɛ soro. 2. “Wɔama moade mo ho afi bɔne ho”: Abankaba a egu obi nsa mu atew. 3. “N’akuru nti, wɔsaa yɛn yare”: Yesu sɛn dua so. Mfoni a ɛka ho no, onua bi te abɔnten baabi dinn rebɔ mpae.

19. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ? (Romafo 4:8) (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

19 Kenkan Romafo 4:8. Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ Yehowa Nyankopɔn de yɛn mu biara bɔne ‘kyɛ no koraa’! (Dw. 130:4) Nanso sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ehia sɛ yɛyɛ biribi titiriw bi. Yesu kaa sɛ: “Sɛ moamfa nkurɔfo mfomso ankyɛ wɔn a, mo Agya nso remfa mo mfomso nkyɛ mo.” (Mat. 6:​14, 15) Ɛnde ɛda adi sɛ, ɛho hia sɛ yesuasua sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ no. Nanso yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Adesua a edi hɔ no bɛma yɛahu.

WUBEBUA SƐN?

  • Sɛnea Yehowa yi yɛn bɔne fi hɔ no, sɛn na Bible kyerɛkyerɛ mu?

  • Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa popa yɛn bɔne?

  • Sɛn na wunya Yehowa bɔnefakyɛ so mfaso?

DWOM 46 Yɛda Wo Ase, Yehowa

a Sɛ wohwɛ tete Hebri nkyerɛwee no mu a, ɛde nsɛm bi di dwuma wɔ Dwom 130:​4, na ɛma yehu sɛ Yehowa bɔnefakyɛ da mu fua; ɛnte sɛ sɛnea nnipa de bɔne kyɛ no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena