Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w25 March kr. 8-13
  • Suasua Sɛnea Yehowa Ne Yesu Dwen

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Suasua Sɛnea Yehowa Ne Yesu Dwen
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NYA YEHOWA ADWENE
  • BRƐ WO HO ASE
  • ‘MA W’ADWENEM NNA HƆ’
  • Osuaa Bɔne Fafiri Fii Ne Wura Hɔ
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Odii Nokware Wɔ Sɔhwɛ Ahorow Mu
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Wopɛ Sɛ Wusi Gyinae Bi a, Wobɛyɛ Dɛn Akyerɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Ne Wura Kyerɛɛ no Sɛnea Wɔde Bɔne Firi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
w25 March kr. 8-13

ADESUA ASƐM 10

DWOM 31 O Wo ne Onyankopɔn Nnantew!

Suasua Sɛnea Yehowa Ne Yesu Dwen

“Esiane sɛ Kristo huu amane ɔhonam mu nti, mo nso momfa adwenkoro no ara nhyɛ mo ho den.”—1 PET. 4:1.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Yɛbɛhwɛ sɛnea ɔsomafo Petro suasuaa sɛnea Yesu dwen ne sɛnea yɛn nso yebetumi ayɛ saa.

1-2. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi dɔ Yehowa, na dɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔdɔ Yehowa?

BIBLE ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Luka 10:27) Yesu ma yehui sɛ, ɛno ne ahyɛde a na ɛho hia paa wɔ Mose Mmara no mu. Hyɛ no nsow sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn koma dɔ Yehowa, kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ nea yɛn ani gye ho, atenka a yɛwɔ anaa yɛn suban ne Yehowa apɛde hyia. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn kra nyinaa dɔ Yehowa. Ɛno kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ahoɔden nyinaa som no. Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene dɔ Yehowa, kyerɛ sɛ, sɛnea yesusuw nneɛma ho no, ɛsɛ sɛ ɛne Yehowa adwene hyia. Nea ɛwom paa ne sɛ, sɛnea Yehowa dwen no, yɛrentumi nte ase nwie da. Nanso sɛ yesua “Kristo adwene” ho ade a, ɛbɛma yɛate Onyankopɔn adwene ase, efisɛ Yesu dwen te sɛ ne Papa pɛpɛɛpɛ.—1 Kor. 2:16.

2 Yesu de n’adwene nyinaa dɔɔ Yehowa. Ná onim nea Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ, na na wasi ne bo sɛ, sɛ Onyankopɔn apɛde a ɔbɛyɛ no bɛma wahu amane mpo a, ɔbɛyɛ. Esiane sɛ na Yesu de asi n’ani so sɛ ɔbɛyɛ n’Agya apɛde nti, wamma biribiara antwe no amfi saa botae no ho.

3. Dɛn na ɔsomafo Petro sua fii Yesu hɔ, na dɛn na ɔno nso hyɛɛ ne nuanom Kristofo nkuran sɛ wɔnyɛ? (1 Petro 4:1)

3 Petro ne asomafo a aka no nyaa hokwan ne Yesu bɔe, na wɔhuu sɛnea odwen. Bere a Petro kyerɛw ne krataa a edi kan no, ɔhyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wɔmfa adwenkoro no ara a na Kristo wɔ no bi nhyɛ wɔn ho den. (Kenkan 1 Petro 4:1.) Asɛm a Petro de dii dwuma a yɛakyerɛ ase “nhyɛ mo ho den” no, ɛkyerɛ sɛnea asraafo de akode hyehyɛ wɔn ho de kɔ ɔko. Sɛ Kristofo nya Kristo adwene no bi a, wɔbenya akode a ɛbɔ adwuma paa a wɔbetumi de ako atia wɔn sintɔ ne wiase a Satan di so yi.—2 Kor. 10:​3-5; Efe. 6:12.

4. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Yɛbɛhwɛ sɛnea na Yesu dwen, na yɛahwɛ sɛnea yebetumi asuasua no. Wei bɛma yɛahu (1) sɛnea yebenya Yehowa adwene na ama yɛn nyinaa ayɛ adwenkoro, (2) sɛnea yɛbɛbrɛ yɛn ho ase, ne (3) sɛnea yɛbɛbɔ Yehowa mpae asrɛ no sɛ ɔmma yɛn adwenem nna hɔ.

NYA YEHOWA ADWENE

5. Ɛyɛɛ dɛn na bere bi Petro annya Yehowa adwene?

5 Yɛnhwɛ bere bi a Petro annya Yehowa adwene. Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem akohu amane pii wɔ asɔfo mpanyimfo no nsam na wɔakum no. (Mat. 16:21) Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ den ma Petro sɛ obegye atom sɛ Yehowa bɛma kwan ma wɔakum Yesu, efisɛ na ɔno ne Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ a Israelfo nyinaa ani da no so. (Mat. 16:16) Enti Petro de Yesu kɔɔ nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, ka asɛmpa ma wo ho; eyi remma wo so da.” (Mat. 16:22) Petro ne Yesu anyɛ adwene efisɛ na onni Yehowa adwene.

6. Dɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ Yehowa adwene?

6 Ná Yesu ne ne soro Agya no adwene hyia wɔ biribiara ho. Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Fi me so, Satan! Woyɛ hintidua ma me, efisɛ wunnwen Onyankopɔn adwene, na mmom nnipa adwene.” (Mat. 16:23) Ɛbɛyɛ sɛ na Petro wɔ adwempa, nanso Yesu bɔɔ n’afotu no gui. Dɛn na yebetumi asua afi mu? Yehowa ansoma Yesu amma sɛ ommedwudwo ne ho. Saa da no, Petro suae sɛ ɛsɛ sɛ onya Onyankopɔn adwene.

7. Akyiri yi, dɛn na Petro yɛe a ɛkyerɛ sɛ wanya Yehowa adwene? (Hwɛ mfoni no.)

7 Akyiri yi, Petro kyerɛe sɛ ɔpɛ sɛ onya Yehowa adwene. Ná bere adu sɛ wɔn a wɔnyɛ Yudafo a wɔntwaa twetia no bɛka Onyankopɔn nkurɔfo ho. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Petro sɛ ɔnkɔka asɛmpa no nkyerɛ Kornelio. Wɔn a wɔnyɛ Yudafo a wɔdii kan bɛkaa Yehowa asomfo ho no, na ɔka ho. Ná Yudafo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo nka, enti na ɛsɛ sɛ Petro yɛ n’adwene yiye ansa na watumi akɔyɛ saa adwuma no. Bere a Petro huu adwene a Yehowa wɔ wɔ wɔn a wɔnyɛ Yudafo ho no, ɔsesaa n’adwene. Ɛno nti, bere a Kornelio somae sɛ wɔnkɔfrɛ Petro mmra no, ‘wampopo ne ti.’ (Aso. 10:​28, 29) Ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ Kornelio ne ne fiefo, na wɔbɔɔ asu.—Aso. 10:​21-23, 34, 35, 44-48.

Petro ne wɔn a ɛka ne ho no akodu Kornelio fie, na Kornelio di wɔn anim de wɔn rekɔ soro hɔ dan no baako mu.

Petro rewura Kornelio fie (Hwɛ nkyekyɛm 7)


8. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa adwene? (1 Petro 3:8)

8 Mfe bi akyi no, Petro hyɛɛ ne nuanom Kristofo nkuran sɛ ‘wɔnyɛ adwenkoro.’ (Kenkan 1 Petro 3:8.) Sɛ yesua Yehowa ho ade wɔ n’Asɛm no mu na yenya n’adwene no bi a, yɛne yɛn nuanom Kristofo nyinaa bɛyɛ adwenkoro. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yesu tuu n’akyidifo fo sɛ wɔmfa Ahenni no nni kan wɔ wɔn asetenam. (Mat. 6:33) Asɛm a Yesu kae yi nti, ebia ɔdawurubɔfo bi a ɔwɔ w’asafo mu besi gyinae sɛ ɔbɛyɛ bere nyinaa som adwuma no bi. Sɛ́ anka yebetu no fo sɛ mma ɔmmfa saa adwuma no nkyekyere ne ho no, ɛsɛ sɛ yɛkamfo no wɔ saa anammɔn a watu no ho, na yɛboa no.

BRƐ WO HO ASE

9-10. Dɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔbrɛ ne ho ase paa?

9 Anadwo a ade rebɛkye ama wɔakum Yesu no, ɔkyerɛɛ Petro ne asomafo a aka no ahobrɛase ho asuade titiriw bi. Aduan a etwa to a na Yesu ne n’asomafo no bedi ansa na wawu no, na wadi kan asoma Petro ne Yohane sɛ wɔnkɔyɛ ho ntotoe. Ɛbɛyɛ sɛ wɔhwɛ hui sɛ, mpopaho ne ade a wɔde nsu begu mu wɔ hɔ a sɛ ahɔho no ba a wɔbetumi de ahohoro wɔn nan ho ansa na wɔadidi. Nanso sɛ ahɔho no ba a, hena na na ɔbɛbrɛ ne ho ase ayɛ saa adwuma yi?

10 Yesu fii ne pɛ mu yɛɛ saa adwuma yi; ɔkyerɛe sɛ ɔbrɛ ne ho ase paa. Asomafo no ho dwiriw wɔn paa sɛ wɔhui sɛ Yesu reyɛ adwuma a ɛsɛ sɛ akoa na ɔyɛ. Yesu yii n’ataade nguguso guu hɔ, faa mpopaho de sii n’asen, de nsu guu ade mu, na ofii ase hohoroo wɔn nan ho. (Yoh. 13:​4, 5) Ebia ɛkyɛe kakra ansa na ɔrehohoro asomafo 12 no nyinaa nan ho awie; Yuda a na ɔrebeyi no ama mpo, ɔhohoroo ne nan ho. Ne nyinaa mu no, Yesu brɛɛ ne ho ase yɛɛ saa adwuma no. Afei Yesu too ne bo ase bisaa wɔn sɛ: “Nea mayɛ ama mo yi, mote ase? Mofrɛ me ‘Ɔkyerɛkyerɛfo’ ne ‘Awurade,’ na ɛyɛ ne kwan so, efisɛ meyɛ Ɔkyerɛkyerɛfo ne Awurade. Enti sɛ me a meyɛ Awurade ne Ɔkyerɛkyerɛfo no, mahohoro mo nan ho a, mo nso, ɛsɛ sɛ obiara hohoro ne yɔnko nan ho.”—Yoh. 13:​12-14.

Sɛ obi brɛ ne ho ase a, adwene a okura nso ka ho

11. Dɛn na Petro yɛe a ɛkyerɛ sɛ na wasua ahobrɛase? (1 Petro 5:5) (Hwɛ mfoni no nso.)

11 Petro suasuaa Yesu ahobrɛase. Yesu kɔɔ soro akyi no, Petro yɛɛ anwanwade bi; ɔsaa ɔbarima bi a wɔwoo no obubuafo yare. (Aso. 1:​8, 9; 3:​2, 6-8) Saa anwanwade a ɔyɛe no maa nnipa pii betwaa hɔ hyiae. (Aso. 3:11) Baabi a wɔtetee Petro no, nea na ɛho hia nkurɔfo paa ne sɛ wɔbegye din na wɔanya dibea akɛse. Enti wohwɛ a, na wei bɛma Petro abɔ ne ho safohene anaa? Daabi. Petro annye anuonyam no, mmom ɔbrɛɛ ne ho ase de anuonyam a ɛsɛ fata Yehowa ne Yesu maa wɔn. Ɔkaa sɛ: “Ɛnam [Yesu] din so, ɛne gyidi a yɛwɔ wɔ ne din mu so na ɔbarima a muhu no na munim no yi anya ahoɔden.” (Aso. 3:​12-16) Krataa a Petro kyerɛw kɔmaa Kristofo no mu no, ɔma wɔhui sɛ ehia sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase. Nsɛmfua a ɔde dii dwuma no, ebia ɛbɛkae yɛn bere a Yesu de mpopaho sii n’asen hohoroo n’asomafo no nan ho no.—Kenkan 1 Petro 5:​5, ɛne ase hɔ asɛm no.

Petro ne Yohane gyina asɔrefie hɔ. Petro ama ne nsa so akyerɛ soro; ɔbarima a ɔyɛ obubuafo fi ne maame yam a Petro saa no yare no gyina wɔn nkyɛn.

Bere a Petro yɛɛ anwanwade bi wiei no, ɔbrɛɛ ne ho ase de anuonyam a ɛsɛ fata Yehowa ne Yesu maa wɔn. Yɛn nso, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase yɛ nneɛma pa ama afoforo, a yɛnhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ bi ahyɛ yɛn anan anaa wɔbɛhyɛ yɛn anuonyam (Hwɛ nkyekyɛm 11-12)


12. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Petro na yɛakɔ so abrɛ yɛn ho ase?

12 Yebetumi asuasua Petro na yɛakɔ so abrɛ yɛn ho ase. Kae sɛ, ɛnyɛ nsɛm a obi ka kɛkɛ na ɛkyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase, mmom adwene a okura nso ka ho. Asɛm a Petro de dii dwuma a wɔakyerɛ ase ahobrɛase no, ebetumi nso akyerɛ sɛ obi benya “ahobrɛase adwene.” Sɛ yɛwɔ ahobrɛase adwene a, ɛnyɛ sɛ yɛpɛ sɛ nkurɔfo kamfo yɛn nti na yɛbɛyɛ nneɛma pa ama afoforo, mmom ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne nnipa nti na yɛbɛyɛ. Sɛ yeyi yɛn yam yɛ nea yebetumi biara som Yehowa ne yɛn nuanom na sɛ obiara anhu mpo a, ɛkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase.—Mat. 6:​1-4.

‘MA W’ADWENEM NNA HƆ’

13. Yɛka sɛ obi ‘adwenem da hɔ’ a, ɛkyerɛ sɛn?

13 Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi ‘adwenem da hɔ’? (1 Pet. 4:7) Kristoni a n’adwenem da hɔ no, ɔyɛ nea obetumi biara sɛ obesisi gyinae a ɛne Yehowa adwene hyia. Kristoni a ɔte saa nim sɛ ɔne Yehowa ayɔnkofa ne ade a ɛho hia paa wɔ asetenam. Ɔmma ne ho so, na onnya adwene sɛ onim biribiara. Afei nso, ɔda no adi sɛ ɔde ne ho to Yehowa so, enti ɔbɔ no mpae daa.a

14. Ɛyɛɛ dɛn na bere bi Petro amfa ne ho anto Yehowa so?

14 Anadwo a ade rebɛkye ama wɔakum Yesu no, ɔbɔɔ n’asuafo no kɔkɔ sɛ: “Nea ɛbɛba me so no bɛto mo nyinaa hintidua anadwo yi.” Ɛnna Petro de akokoduru kaa sɛ: “Sɛ nea ɛbɛba wo so no bɛto wɔn nyinaa hintidua mpo a, me de, ɛrento me hintidua da!” Saa anadwo no, Yesu tuu n’asuafo no bi fo sɛ: “Monkɔ so nwɛn na mommɔ mpae daa.” (Mat. 26:​31, 33, 41) Sɛ Petro de saa afotu no yɛɛ adwuma a, ebia anka obenya akokoduru aka sɛ ɔyɛ Yesu suani. Nanso, Petro yii ne Wura no mae, na akyiri yi onuu ne ho paa.—Mat. 26:​69-75.

15. Anadwo a ade rebɛkye ama Yesu awu no, dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na n’adwenem da hɔ?

15 Yesu de ne ho too Yehowa so koraa. Ɛwom sɛ na sintɔ biara nni Yesu ho, nanso ɔbɔɔ mpae mpɛn pii. Ɛno boaa no ma onyaa akokoduru de yɛɛ Yehowa apɛde. (Mat. 26:​39, 42, 44; Yoh. 18:​4, 5) Sɛnea Yesu bɔɔ mpae mpɛn pii saa anadwo no, ɛbɛyɛ sɛ enyaa Petro so tumi paa, na ne werɛ amfi da.

16. Dɛn na Petro yɛe a ɛkyerɛ sɛ na wabɛyɛ obi a n’adwenem da hɔ? (1 Petro 4:7)

16 Akyiri yi, Petro de ne ho too Yehowa so kɛse, enti na ɔbɔ mpae daa. Bere a Onyankopɔn nyan Yesu no, ɔmaa Petro ne asomafo a aka no awerɛhyem sɛ wɔbenya honhom kronkron sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi aka asɛmpa no. Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntwɛn wɔ Yerusalem nkosi sɛ wɔbenya honhom kronkron no. (Luka 24:49; Aso. 1:​4, 5) Bere a Petro retwɛn no, dɛn na ɔyɛe? Petro ne ne nuanom Kristofo “bɔɔ mpae daa.” (Aso. 1:​13, 14) Akyiri yi, krataa a edi kan a Petro kyerɛwee no, ɔhyɛɛ ne nuanom Kristofo nkuran sɛ wɔmma wɔn adwenem nna hɔ, na wɔmfa wɔn ho nto Yehowa so mmɔ mpae daa. (Kenkan 1 Petro 4:7.) Petro suae sɛ ɔde ne ho bɛto Yehowa so, na ɔbɛyɛe sɛ adum wɔ asafo no mu.—Gal. 2:9.

17. Sɛ yɛwɔ ɔdom akyɛde bi mpo a, dɛn na ehia sɛ yɛkɔ so yɛ? (Hwɛ mfoni no nso.)

17 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn adwenem da hɔ a, ɛsɛ sɛ yɛtaa bɔ Yehowa mpae. Sɛ yɛwɔ ɔdom akyɛde bi mpo a, yenim sɛ ehia sɛ yɛkɔ so bɔ Yehowa mpae. Enti, bere a ɛsɛ sɛ yesisi gyinae akɛse no, saa bere no paa na ehia sɛ yɛbɔ Yehowa mpae hwehwɛ akwankyerɛ, na yenya awerɛhyem sɛ onim nea ɛbɛboa yɛn paa.

Petro de ne ho too Yehowa so kɛse, enti na ɔbɔ mpae daa. Yɛn nso, sɛ yɛpɛ sɛ yɛn adwenem da hɔ a, ɛsɛ sɛ yɛtaa bɔ Yehowa mpae hwehwɛ ne mmoa, ɛnkanka bere a ɛsɛ sɛ yesisi gyinae akɛse no (Hwɛ nkyekyɛm 17)b


18. Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛakɔ so anya Yehowa adwene?

18 Yɛda Yehowa ase paa sɛ sɛnea ɔbɔɔ yɛn nti yetumi suasua ne suban. (Gen. 1:26) Ɛwom, yɛrentumi nsuasua Yehowa pɛpɛɛpɛ. (Yes. 55:9) Nanso, yebetumi asuasua Petro na yɛayere yɛn ho anya Yehowa adwene daa. Enti, momma yɛnkɔ so nnya Yehowa adwene, yɛmmrɛ yɛn ho ase, na yɛmma yɛn adwenem nna hɔ.

YƐBƐYƐ DƐN . . .

  • anya Yehowa adwene?

  • abrɛ yɛn ho ase?

  • ama yɛn ‘adwenem ada hɔ’?

DWOM 30 M’agya, Me Nyankopɔn, ne M’adamfo

a Sɛ wopɛ adwene a emu da hɔ ho nsɛm pii a, hwɛ “Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu” a n’asɛmti ne “2 Timoteo 1:7—‘Onyankopɔn Amma Yɛn Ehu Honhom,’” na hwɛ asɛmti ketewa a ɛne “Adwene a emu da hɔ” no. Wubehu wɔ jw.org anaa JW Library® app no so.

b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi rekɔpɛ adwuma, na bere a ɔretwɛn sɛ wɔbɛfrɛ no abisabisa no nsɛm no, ɔrebɔ mpae wɔ ne tirim.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena