Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w25 April kr. 26-31
  • Anuanom Mmerante​—Munsuasua Marko Ne Timoteo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anuanom Mmerante​—Munsuasua Marko Ne Timoteo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SUASUA MARKO—YI WO YAM SOM AFOFORO
  • SUASUA TIMOTEO—KYERƐ SƐ WODƆ AFOFORO
  • AFOTU PA A PAUL DE MAE NO BETUMI ABOA WO
  • YƐSOM AFOFORO A, ƐDE NHYIRA BA
  • ‘Wɔhyɛɛ Nsafo No Den’
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Wopɛ Sɛ Wusi Gyinae Bi a, Wobɛyɛ Dɛn Akyerɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Anuanom Mmarima​—Morebɔ Mo Ho Mmɔden Abɛyɛ Asafo Mu Asomfo Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Kae Sɛ Yehowa Ne “Onyankopɔn Teasefo” No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
w25 April kr. 26-31

ADESUA ASƐM 18

DWOM 65 Kɔ W’anim!

Anuanom Mmerante—Munsuasua Marko Ne Timoteo

“Fa Marko ka wo ho bra, efisɛ ɔboa me wɔ ɔsom adwuma no mu.”—2 TIM. 4:11.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛnea Marko ne Timoteo nhwɛso betumi aboa anuanom mmerante ma wɔanya su ahorow a ɛbɛboa wɔn ma wɔatumi asom afoforo yiye.

1-2. Ɔhaw bɛn na anka ebetumi asiw Marko ne Timoteo kwan sɛ wɔbɛsom afoforo yiye?

ANUANOM mmerante, mopɛ sɛ moyɛ pii wɔ Yehowa som mu, na moyere mo ho boa mo asafo mufo anaa? Yegye di sɛ mopɛ sɛ moyɛ saa. Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yehu sɛ anuanom mmerante pii pɛ sɛ wɔsom afoforo. (Dw. 110:3) Nanso ebia nneɛma bi betumi ayɛ osiakwan ama mo. Ebia wopɛ sɛ wotrɛw wo som adwuma mu, nanso wunnim sɛnea w’abrabɔ bewie wo daakye, enti wotwetwe wo ho. Ebia wunyaa ɔsom hokwan bi nanso woanso mu, efisɛ na wunnye nni sɛ wubetumi ayɛ no yiye. Sɛ saa a, kae sɛ ɛnyɛ wo nko ara na biribi a ɛte saa ato wo pɛn.

2 Marko ne Timoteo nso hyiaa ɔhaw bi a ɛtete saa. Ɛwom sɛ na wɔnnim sɛnea wɔn abrabɔ bewie wɔn anaa na wɔnni suahu, nanso wɔamma ɛno ansiw wɔn kwan sɛ wɔbɛsom afoforo. Yɛhwɛ Marko sei a, bere a ɔsomafo Paul ne Barnaba ka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛka wɔn ho wɔ wɔn asɛmpatrɛw akwantu a edi kan no mu no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔne ne maame te wɔn fie papa bi mu. (Aso. 12:​12, 13, 25) Marko gyaw ne fie no hɔ kɔtrɛw ne som adwuma mu. Odii kan kɔɔ Antiokia. Ɛno akyi no, ɔkɔkaa Paul ne Barnaba ho, na wɔtutuu akwan kɔɔ akyirikyiri. (Aso. 13:​1-5) Timoteo nso, bere a Paul ka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛka ne ho ma wɔnyɛ asɛnka adwuma no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔne n’awofo na ɛte. Esiane sɛ na Timoteo yɛ aberante, na onni suahu nti, anka ebetumi ama wate nka sɛ ɔmfata sɛ ɔne Paul bɛkɔ. (Fa toto 1 Korintofo 16:​10, 11 ne 1 Timoteo 4:12 ho.) Nanso ɔne Paul kɔe, na onyaa nhyira pii.—Aso. 16:​3-5.

3. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Marko ne Timoteo som bo paa ma Paul? (2 Timoteo 4:​6, 9, 11) (Hwɛ mfoni no nso.) (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Bere a Marko ne Timoteo yɛ mmerante no, wɔsuaa sɛnea wɔbedi nneɛma pii ho dwuma wɔ asafo no mu. Wei ma wɔnyaa suahu paa. Ná saa mmarima yi som bo ma Paul ara ma bere a ohui sɛ ɔrebewu no, ɔkaa sɛ wɔmmra ne nkyɛn. (Kenkan 2 Timoteo 4:​6, 9, 11.) Suban pa bɛn na Marko ne Timoteo daa no adi a ɛmaa Paul pɛɛ wɔn asɛm saa? Anuanom mmerante bɛyɛ dɛn asuasua wɔn suban pa no? Afei nso, afotu pa a Paul de mae no, sɛn na ebetumi aboa mmerante nnɛ?

Mfoni: 1. Marko de nea Paul ne Barnaba bedi ne nea wɔbɛnom rekɔma wɔn. 2. Timoteo rekenkan krataa bi akyerɛ asafo mu mpanyimfo bi, na wɔayɛ aso retie.

Ná Paul pɛ Marko ne Timoteo asɛm paa, efisɛ wɔn mmeranteberem no, wɔtuu wɔn ho mae yɛɛ nnwuma pii wɔ Yehowa som mu (Hwɛ nkyekyɛm 3)b


SUASUA MARKO—YI WO YAM SOM AFOFORO

4-5. Sɛn na Marko yii ne yam som afoforo?

4 Bible ho ɔbenfo bi ka sɛ, som a yɛbɛsom afoforo no, ɛkyerɛ sɛ “yɛbɛyere yɛn ho aboa wɔn; sɛ ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ saa mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ.” Marko yɛɛ wei ho nhwɛso fɛfɛɛfɛ maa yɛn. Paul asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so mmienu no mu no, wamfa Marko anka ne ho ankɔ, na ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ Marko yaw paa. (Aso. 15:​37, 38) Nanso Marko anka sɛ ɛno nti ɔrensom ne nuanom.

5 Marko ne ne busuani Barnaba kɔyɛɛ ɔsom adwuma no wɔ baabi foforo. Bɛyɛ mfe 11 akyi bere a Paul da afiase wɔ Roma no, Marko ka wɔn a wɔkɔboaa no no ho. (Filem. 23, 24) Nokwasɛm ne sɛ, mmoa a Marko de maa Paul no, n’ani sɔe ara ma ɔkaa Marko ho asɛm sɛ ‘wakyekye ne werɛ paa.’—Kol. 4:​10, 11.

6. Kristofo a wɔn ho akokwaw te sɛ Petro a Marko ne wɔn bɔe no, ɛboaa no sɛn? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

6 Kristofo a wɔn ho akokwaw a Marko ne wɔn bɔe no boaa no. Marko tenaa Paul nkyɛn kakra wɔ Roma, na ɛno akyi no, ɔkɔɔ Babilon ne ɔsomafo Petro kɔyɛɛ ɔsom adwuma no. Wɔn baanu no nyaa ayɔnkofa a emu yɛ den ara ma Petro kaa sɛ, ‘Marko yɛ ne ba.’ (1 Pet. 5:13) Bere a wɔboom yɛɛ adwuma no, ɛbɛyɛ sɛ Petro kaa Yesu asetena ne ne som adwuma ho nsɛm pii kyerɛɛ Marko, na akyiri yi ɔno nso kyerɛwee wɔ Marko Asɛmpa no mu.a

7. Dɛn na onua aberante bi a ne din de Seung-Woo yɛe de suasuaa Marko? (Hwɛ mfoni no nso.)

7 Marko antoto ne som ase, na ɔtwe bɛn anuanom a wɔn ho akokwaw. Dɛn na wubetumi ayɛ de asuasua Marko? Ebia na worehwɛ kwan sɛ wubenya ɔsom hokwan bi nanso wo nsa nkae. Sɛ saa a, nya abotare na hwehwɛ akwan foforo a wubetumi afa so asom Yehowa ne asafo no. Yɛnhwɛ Seung-Woo a seesei ɔyɛ asafo mu panyin no. Ɔyɛ aberantewaa no, na ɔtaa de ne ho toto anuanom mmerantewaa afoforo. Ebinom nyaa hokwan ahorow bi gyaa no. Seung-Woo tee nka sɛ mpanyimfo no atwa no agya, na akyiri yi ɔkaa sɛnea ɔte nka no kyerɛɛ wɔn. Asafo mu panyin baako ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ nea obetumi biara nsom afoforo, na mpo nneɛma pa a ɔyɛ ma afoforo no, sɛ nkurɔfo nhu a, ɔnkɔ so nyɛ. Seung-Woo de afotu no yɛɛ adwuma, na ofii ne pɛ mu boaa wɔn a wɔn mfe akɔ anim, ne wɔn a wɔhia mmoa na wɔatumi akɔ adesua no. Otwa n’ani hwɛ n’akyi a, ɔka sɛ: “Sɛ yɛka sɛ yɛnsom afoforo yiye a, mibehuu nea ɛkyerɛ ankasa. Bere a meyɛɛ nneɛma pɔtee boaa afoforo no, ɛmaa m’ani gyei paa.”

Onua aberante bi de ne kar akɔfa onua bi a ne mfe akɔ anim aba adesua.

Sɛ anuanom mmerante ne anuanom a wɔn ho akokwaw taa bɔ a, ɛboa wɔn sɛn? (Hwɛ nkyekyɛm 7)


SUASUA TIMOTEO—KYERƐ SƐ WODƆ AFOFORO

8. Adɛn nti na Paul faa Timoteo kaa ne ho ne no tutuu akwan? (Filipifo 2:​19-22)

8 Mmeae a Paul kɔe a wɔtan n’ani no, sɛ na ɔresan akɔ hɔ a, na ebehia sɛ onya anuanom a wɔwɔ akokoduru ka ne ho. Odii kan paw Kristoni bi a ne ho akokwaw a ne din de Silas sɛ ɔne no nkɔ. (Aso. 15:​22, 40) Akyiri yi, Paul paw Timoteo nso kaa ne ho. Adɛn nti na ɔpaw Timoteo? Ade baako ne sɛ, na wɔbɔ no din pa. (Aso. 16:​1, 2) Afei nso, na Timoteo yi ne yam boa afoforo.—Kenkan Filipifo 2:​19-22.

9. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ na Timoteo dwen ne nuanom ho ampa?

9 Efi bere a Timoteo fii ase ne Paul yɛɛ ɔsom adwuma no, Timoteo kyerɛe sɛ odwen afoforo ho sen ɔno ara ne ho. Ɛno nti, na Paul wɔ ahotoso sɛ, sɛ ogyaw Timoteo wɔ Beroia a, obetumi ahyɛ asuafo foforo no nkuran. (Aso. 17:​13, 14) Ɛda adi sɛ saa bere no, Timoteo suaa nneɛma pii fii Silas hɔ, efisɛ na ɔno nso wɔ Beroia. Nanso akyiri yi, Paul somaa Timoteo nko ara kɔɔ Tesalonika sɛ ɔnkɔhyɛ Kristofo a ɛwɔ hɔ no den. (1 Tes. 3:2) Mfe 15 a edi hɔ no, Timoteo suae sɛ ‘ɔne wɔn a wosu besu.’ Wei kyerɛ sɛ na ɔwɔ tema ma wɔn a wɔrehu amane no. (Rom. 12:15; 2 Tim. 1:4) Anuanom mmerante bɛyɛ dɛn asuasua Timoteo?

10. Ɛyɛɛ dɛn na onua bi a ne din de Woo Jae suae sɛ obedwen afoforo ho kɛse?

10 Onua bi a ne din de Woo Jae suae sɛ obedwen afoforo ho kɛse. Bere a ɔyɛ aberante no, na ɛyɛ den ma no sɛ ɔne anuanom a wɔn ani afi bɛbɔ nkɔmmɔ. Enti odu Ahenni Asa so a, okyia wɔn a na watwam. Asafo mu panyin bi ka kyerɛɛ Woo Jae sɛ, sɛ ɔpɛ sɛ ɔne anuanom bɔ nkɔmmɔ a, obetumi aka biribi a wɔyɛe a n’ani gye ho akyerɛ wɔn. Afei nso, ɔpanyin no hyɛɛ no nkuran sɛ nea ɔhwɛ a onii no ani begye ho no, onnwen ɛno ho. Woo Jae de afotu no yɛɛ adwuma. Seesei ɔyɛ asafo mu panyin na ɔka sɛ: “Seesei sɛ obi anyin oo, sɛ osua oo, ɛnyɛ den sɛ me ne no bɛbɔ nkɔmmɔ. Ɛyɛ me dɛ sɛ nea nkurɔfo refa mu no, mitumi te wɔn ase yiye. Wei aboa me paa ma mihu nea metumi ayɛ de aboa me nuanom Kristofo.”

11. Anuanom mmerante bɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wɔdwen wɔn asafo mufo ho? (Hwɛ mfoni no nso.)

11 Anuanom mmerante, mo nso munsua sɛ mubedwen afoforo ho. Sɛ wokɔ adesua a, nnipa a ɛwɔ hɔ no, sɛ wɔadi mfe sɛn oo, sɛ wɔfi he oo, wo ne obiara nkasa. Bisa sɛnea wɔn ho te, na tie nea wɔbɛka. Bere rekɔ so no, wubehu nea wubetumi ayɛ de aboa wɔn. Ebia wubehu sɛ, awarefo bi a wɔn mfe akɔ anim no, sɛɛ wɔhia obi ma wakyerɛ wɔn JW Library® app no mu. Wubetumi aboa wɔn anaa? Anaa ebia wubehu sɛ wɔne obiara nyɛɛ asɛnka ho nhyehyɛe. Wubetumi ne wɔn ayɛ nhyehyɛe akɔ asɛnka anaa? Sɛ woyɛ saa nneɛma yi de boa afoforo a, anuanom a aka no besuasua.

Onua aberante bi ne onua bi a ne mfe akɔ anim reyɛ afie afie asɛnka. Onua a ne mfe akɔ anim no ne ɔbarima bi rekasa, na onua aberante no kura tablɛt a ɔreyi video.

Anuanom mmerante betumi ayɛ nneɛma pii de aboa asafo no (Hwɛ nkyekyɛm 11)


AFOTU PA A PAUL DE MAE NO BETUMI ABOA WO

12. Afotu a Paul de maa Timoteo no, sɛn na ebetumi aboa mmerante?

12 Paul maa Timoteo afotu pa a ebetumi aboa no ma asi no yiye wɔ n’asetenam ne ne som adwuma mu. (1 Tim. 1:18; 2 Tim. 4:5) Anuanom mmerante, mo nso, Paul afotu pa no betumi aboa mo. Ɛbɛboa mo sɛn? Paul nkrataa mmienu a ɔkyerɛw kɔmaa Timoteo no, kenkan na fa no sɛ wo ara na ɔkyerɛw brɛɛ wo, na hwɛ afotu a ɛwom a wubetumi de abɔ wo bra. Yɛnhwɛ ɛho nhwɛso kakra.

13. Yɛbɛyɛ dɛn akɔ so abata Yehowa ho denneennen?

13 “Fa onyamesom pa si w’ani so na fa tete wo ho.” (1 Tim. 4:7b) Dɛn ne onyamesom pa? Ɛyɛ bata a yɛbɛbata Yehowa ho denneennen ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ n’ani. Esiane sɛ wɔamfa onyamesom pa anwo yɛn nti, ehia sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden ansa na yɛatumi ada no adi. Yɛbɛyɛ no sɛn? Sɛnea na ammirikatufo yere wɔn ho paa tenetene wɔn apɔw mu ansa na wɔakosi akan no, Greek asɛmfua a yɛakyerɛ ase “tete wo ho” no, mpɛn pii no, ɛno na na wɔde ka ho asɛm. Ná ehia sɛ ammirikatufo a ɛte saa no tumi hyɛ wɔn ho so na wɔanya su ahorow a ɛbɛboa wɔn ma wɔadi nkonim wɔ akansi no mu. Yɛn nso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho so, na yɛatumi anya su ahorow a ɛbɛboa yɛn ma yɛabɛn Yehowa.

14. Sɛ yɛrekan Bible a, botae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde si yɛn ani so? Ma ho nhwɛso.

14 Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho kenkan Bible da biara. Afei nso sɛ yɛrekan a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛbɛbɛn Yehowa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, aberante sikani bi a na ɔyɛ otumfoɔ baa Yesu nkyɛn. Nkɔmmɔ a wɔbɔe no, dɛn na yebetumi asua afi mu? (Mar. 10:​17-22) Ná aberante no gye di sɛ Yesu ne Mesia no, nanso esiane sɛ na ne gyidi sua nti, wantumi anni Yesu akyi. Ne nyinaa mu no, Yesu ‘dɔɔ no’; ɔne aberante no kasae kama. Ɛda adi sɛ na Yesu pɛ sɛ aberante no si gyinae pa. Ɔdɔ a na Yehowa wɔ ma aberante no, ɛno ara bi na Yesu nso yii no adi kyerɛɛ aberante no. (Yoh. 14:9) Sɛ woredwinnwen saa asɛm yi ho a, wubetumi ahwɛ w’asetenam na woabisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na ehia sɛ meyɛ na ama matumi abɛn Yehowa kɛse na masom afoforo yiye?’

15. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ onua aberante yɛ nhwɛso pa ma afoforo? Ma ho nhwɛso. (1 Timoteo 4:​12, 13)

15 “Yɛ nhwɛso ma anokwafo no.” (Kenkan 1 Timoteo 4:​12, 13.) Paul hyɛɛ Timoteo nkuran sɛ ɔnyere ne ho wɔ akenkan ne nkyerɛkyerɛ mu. Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara. Ɔhyɛɛ ne nkuran nso sɛ ɔnna ɔdɔ ne gyidi adi, na ɔmma ne ho ntew. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ yɛda suban pa adi a, etumi nya afoforo so tumi koraa sen nsɛm a yɛka. Fa no sɛ yɛama wo ɔkasa bi, na ɛfa sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no ho. Sɛ wo ara woyere wo ho paa wɔ asɛnka adwuma no mu a, wubetumi de akokoduru ama ɔkasa no. Wo nhwɛso pa no bɛma tumi aba w’asɛm no mu.—1 Tim. 3:13.

16. (a) Nneɛma nnum bɛn na mmerante betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔreyɛ nhwɛso pa ama afoforo? (b) Ɔkwan bɛn so na onua aberante betumi ayɛ nhwɛso pa ama afoforo wɔ “ɔkasa” mu?

16 Sɛ yɛhwɛ 1 Timoteo 4:12 a, Paul bobɔɔ nneɛma nnum bi a onua aberante betumi ayɛ de akyerɛ sɛ ɔreyɛ nhwɛso pa ama afoforo. Wubetumi de asi w’ani so na woasua emu biara ho ade. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, fa no sɛ wopɛ sɛ woyɛ nhwɛso pa wɔ “ɔkasa” mu. Akwan a wubetumi afa so de w’anom kasa ahyɛ afoforo nkuran no, dwinnwen ho. Sɛ woda so te w’awofo nkyɛn a, wubetumi ada wɔn ase mpɛn pii wɔ nea wɔyɛ ma wo no ho. Sɛ obi yɛ dwumadi wɔ adesua ase na mopɔn a, nea w’ani gyee ho wɔ ne dwumadi no ho no, wubetumi akamfo no wɔ ho. Afei nso, wubetumi de wo ara wo nsɛm ama mmuae wɔ adesua ase. Sɛ woyere wo ho yɛ nhwɛso pa wɔ ɔkasa mu a, ɛbɛkyerɛ sɛ worenya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu.—1 Tim. 4:15.

17. Sɛ onua aberante bi de botae bi asi n’ani so wɔ Yehowa som mu a, dɛn na ɛbɛboa no ma watumi adu ho? (2 Timoteo 2:22)

17 “Guan fi mmabunbere mu akɔnnɔ ho, na di trenee . . . akyi.” (Kenkan 2 Timoteo 2:22.) Paul hyɛɛ Timoteo nkuran sɛ, akɔnnɔ a ebetumi ama ayɛ den sɛ obedu ne botae ho na asɛe ɔne Yehowa ntam no, ɔnyere ne ho nko ntia. Wo nso, ebia woahu sɛ, nneɛma bi wɔ hɔ a, ɛnhyɛ da nyɛ bɔne, nanso ɛmma wunnya bere mfa nyɛ pii wɔ Onyankopɔn som mu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia wode bere pii bɔ bɔɔl tu mmirika, anaa woyɛ nneɛma bi a ɛtete saa. Ebi nso a wode bere pii kyinkyin intanɛt so, anaa wobɔ video geem paa. Wubetumi de saa bere no bi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu na woaboa afoforo anaa? Ebia wubetumi aboa ma wɔasiesie mo Ahenni Asa no, anaa woayɛ baguam adansedi no bi. Sɛ woyɛ saa dwumadi ahorow yi bi a, ɛda adi sɛ, wubenya nnamfo foforo. Saa nnamfo yi bɛboa wo ma wode botae ahorow asisi w’ani so wɔ Yehowa som mu, na wɔbetumi aboa wo ma woadu ho.

YƐSOM AFOFORO A, ƐDE NHYIRA BA

18. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ esii Marko ne Timoteo yiye paa wɔ Yehowa som mu?

18 Marko ne Timoteo de nneɛma bɔɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi ayi wɔn yam asom afoforo, na esii wɔn yiye paa wɔ Yehowa som mu. (Aso. 20:35) Marko tutuu akwan kɔɔ mmeae pii sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi asom ne mfɛfo agyidifo. Afei nso, ɔkyerɛw Yesu asetena ne ne som adwuma ho nsɛm. Timoteo boaa Paul ma wɔtetee nsafo ahorow, na ɔboaa Paul nso ma wɔhyɛɛ anuanom den. Ɛda adi pefee sɛ, ahofama a Marko ne Timoteo daa no adi no, Yehowa ani sɔe paa.

19. Afotu a Paul de maa Timoteo no, adɛn nti na ehia sɛ anuanom mmerante de yɛ adwuma, na wɔyɛ saa a, ɛbɛboa wɔn sɛn?

19 Yɛhwɛ nkrataa mmienu a Paul kyerɛw kɔmaa aberante Timoteo no a, ɛma yehu pefee sɛ, na Timoteo da Paul koma so paa. Nanso Yehowa na ɔmaa Paul kyerɛw nkrataa mmienu no. Wei ma yehu sɛ, mmerante a mowɔ hɔ nnɛ nso, Yehowa dɔ mo paa. Ɔpɛ sɛ esi mo yiye. Enti momfa Paul afotu no nyɛ adwuma, na munnya ɔpɛ sɛ mobɛsom afoforo yiye. Moyɛ saa a, ebesi mo yiye nnɛ, na daakye nso ‘mubeso nkwa ankasa no mu denneennen.’—1 Tim. 6:​18, 19.

WUBEBUA SƐN?

  • Dɛn na woasua afi nea Marko yɛe no mu?

  • Wobɛyɛ dɛn asuasua Timoteo na woakyerɛ sɛ wudwen afoforo ho paa?

  • Paul afotu bɛn na ebetumi aboa onua aberante ma wayɛ pii wɔ Yehowa som mu?

DWOM 80 “Monka Nhwɛ na Munhu sɛ Yehowa Ye”

a Ná Petro yɛ obi a ofi ne koma nyinaa mu kasa a ɔmfa biribiara nsie. Enti sɛnea Yesu tee nka na ɔyɛɛ n’ade wɔ tebea ahorow mu no, na ɛrenyɛ den sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ mu pefee akyerɛ Marko. Ɛno nti na ɛbɛyɛ sɛ, sɛnea na Yesu te nka ne sɛnea na ɔyɛ n’ade no, Marko kaa ho asɛm mpɛn pii wɔ ne nhoma no mu no.—Mar. 3:5; 7:34; 8:12.

b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Paul ne Barnaba asɛmpatrɛw akwantu no mu no, wɔakɔsoɛ fie bi mu, na Marko repɛ biribi ama wɔadi. Timoteo akɔsra asafo bi, na ɔrehyɛ anuanom a ɛwɔ hɔ no nkuran.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena