Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w25 June kr. 14-19
  • Brɛ Wo Ho Ase Gye Tom Sɛ Ɛnyɛ Biribiara Na Wunim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Brɛ Wo Ho Ase Gye Tom Sɛ Ɛnyɛ Biribiara Na Wunim
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • YENNIM BERE A AWIEI NO BƐBA
  • YENNIM SƐNEA EBIA YEHOWA BƐBOA YƐN
  • YENNIM NEA EBESI ƆKYENA
  • SƐNEA YEHOWA NIM YƐN NO, YƐRENTUMI NTE ASE NWIE
  • Wopɛ Sɛ Wusi Gyinae Bi a, Wobɛyɛ Dɛn Akyerɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Kae Sɛ Yehowa Ne “Onyankopɔn Teasefo” No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Sɛnea Yehowa Bebu Atɛn Daakye No, Dɛn Na Yenim Wɔ Ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Nsɛm a Mmarima Anokwafo Kae De Dii Nkra No, Sua Biribi Fi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
w25 June kr. 14-19

ADESUA ASƐM 26

DWOM 123 Brɛ Wo Ho Ase Ma Nyankopɔn Nhyehyɛe

Brɛ Wo Ho Ase Gye Tom Sɛ Ɛnyɛ Biribiara Na Wunim

“Ade nyinaa so Tumfo no de, sɛnea ɔte no, ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase.”—HIOB 37:23.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Yebehu sɛ, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na yenim, yɛde yɛn adwene si nea yenim so, na yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina ɔhaw biara a yebehyia ano.

1. Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɔɔ yɛn, na adɛn ntia?

SƐNEA Yehowa bɔɔ yɛn nti, yetumi dwen, yetumi sua ade te ase, na yetumi de nea yesua no bɔ yɛn bra. Adɛn nti na ɔbɔɔ yɛn saa? Ɔpɛ sɛ ‘yenya ne ho nimdeɛ,’ na yɛde yɛn adwene yɛ adwuma de susuw nneɛma ho bere a yɛresom no no.—Mmeb. 2:​1-5; Rom. 12:1.

2. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yegye tom? (Hiob 37:​23, 24) (Hwɛ mfoni no nso.) (b) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na yenim a, ɛboa yɛn sɛn?

2 Ɛwom, sɛnea Yehowa bɔɔ yɛn nti, yetumi sua ade, nanso nneɛma pii wɔ hɔ a yennim. (Kenkan Hiob 37:​23, 24.) Momma yɛnhwɛ Hiob. Yehowa bisabisaa no nsɛm pii, na ɛmaa ɔno ara hui sɛ sɛɛ onnim hwee. Saa nsɛmmisa no boaa no ma ɔbrɛɛ ne ho ase na ɔsesaa n’adwene. (Hiob 42:​3-6) Yɛn nso, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na yenim a, ɛboa yɛn paa. Afei nso, ɛma yenya ahotoso sɛ, nea ehia paa sɛ yehu na ama yɛatumi asisi gyinae pa no, Yehowa bɛma yɛahu.—Mmeb. 2:6.

Hann bi fi soro atɔ Hiob so, na Yehowa rekasa akyerɛ no. Elihu ne Hiob nnamfo gyamserefo mmiɛnsa no nso wɔ hɔ bi a wɔrehwɛ nea ɛrekɔ so.

Sɛ yegye tom sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a yennim a, ɛbɛboa yɛn, sɛnea ɛboaa Hiob no (Hwɛ nkyekyɛm 2)


3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Adesua yi mu no, nneɛma bi a yennim ne sɛnea ebetumi ateetee yɛn no, yebesusuw bi ho. Afei nso, nea enti a eye sɛ yennim nneɛma bi no, yɛbɛdɔ mu asukɔ. Nea yebehu no bɛma yɛanya ahotoso paa sɛ, Yehowa ne “Nea ne nimdeɛ wie pɛyɛ no,” na nea ehia sɛ yehu biara obebue so akyerɛ yɛn.—Hiob 37:16.

YENNIM BERE A AWIEI NO BƐBA

4. Dɛn na Mateo 24:36 ka sɛ yennim?

4 Kenkan Mateo 24:36. Yennim bere a wiase yi awiei bɛba. Yesu mpo, bere a ɔwɔ asaase so no, na onnim “da no ne dɔn no.”a Akyiri yi, ɔka kyerɛɛ asomafo no sɛ, nneɛma bi wɔ hɔ a, mmere a ebesisi no, Yehowa ankasa “de ne tumi ahyehyɛ ato hɔ.” (Aso. 1:​6, 7) Bere a wiase yi bɛkɔ awiei no, Yehowa ahyɛ ato hɔ, nanso yɛn de, yɛrentumi nhu bere pɔtee no.

5. Esiane sɛ yennim bere a awiei no bɛba nti, ebetumi ama yɛate nka sɛn?

5 Esiane nea Yesu kae no nti, yennim bere tenten a ɛsɛ sɛ yɛtwɛn ansa na awiei no aba. Wei nti, anhwɛ a yɛn abam bebu, ɛnkanka sɛ yɛatwɛn Yehowa da no akyɛ a. Afei nso, sɛ yɛn abusuafo anaa afoforo di yɛn ho fɛw a, ebetumi ayɛ den sɛ yebegyina ano. (2 Pet. 3:​3, 4) Yebetumi anya adwene sɛ, sɛ yenim bere pɔtee a awiei no bɛba a, ebia anka ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebenya abotare na yɛamia yɛn ani agyina fɛwdi ano.

6. Adɛn nti na eye sɛ yennim bere a awiei no bɛba?

6 Nea ɛwom ne sɛ, yi a Yehowa nyii da no adi nkyerɛɛ yɛn no, ɛma yenya hokwan de kyerɛ sɛ yɛdɔ no, na yegye no di nti na yɛresom no. Yɛpɛ sɛ yɛsom Yehowa daa, na ɛnyɛ sɛ yɛresom no akosi da pɔtee bi. Sɛ́ anka yɛbɛma “Yehowa da” no agye yɛn adwene abɔ so no, nneɛma pa a ɛde bɛbrɛ yɛn no, ɛno mmom na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene kɔ so. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛyere yɛn ho asom Yehowa na yɛayɛ nea yebetumi biara asɔ n’ani.—2 Pet. 3:​11, 12.

7. Dɛn na yenim?

7 Ɛho hia paa sɛ yɛde yɛn adwene si nea yenim so. Baako ne sɛ, afe 1914 na awiei bere no fii ase. Yehowa nam Bible nkɔmhyɛ so ama yɛahu sɛ, saa afe pɔtee no na awiei bere no fii ase. Afei nso, efi saa afe no reba no, nneɛma a ebesisi ne sɛnea nkurɔfo bɛbɔ wɔn bra no, Yehowa kaa ho asɛm too hɔ. Ɛno nti, yegye di paa sɛ “Yehowa da kɛse no abɛn!” (Sef. 1:14) Bio nso, yenim adwuma a Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ; ɔpɛ sɛ yɛka “Ahenni no ho asɛmpa” no kyerɛ nnipa dodow biara a yebetumi. (Mat. 24:14) Yɛreka saa asɛmpa yi wɔ kasa bɛboro 1,000 mu wɔ aman bɛyɛ 240 so. Ɛho nhia sɛ yehu “da no ne dɔn no” ansa na yɛde nsi ne ahokeka ayɛ saa adwuma a ɛho hia yi.

YENNIM SƐNEA EBIA YEHOWA BƐBOA YƐN

8. Dɛn ne ‘nokware Nyankopɔn no nnwuma’ no? (Ɔsɛnkafo 11:5)

8 Ɛnyɛ bere nyinaa na yebetumi ate ‘nokware Nyankopɔn no nnwuma’ ase. (Kenkan Ɔsɛnkafo 11:5.) ‘Nokware Nyankopɔn no nnwuma’ no kyerɛ nea Yehowa yɛ, anaa nea ɔma kwan ma esi sɛnea ɛbɛyɛ a n’atirimpɔw bɛba mu. Nea enti a Yehowa ma kwan ma biribi si anaa sɛnea obetwitwa agye yɛn wɔ ɔhaw bi mu no, ɛnyɛ bere nyinaa na yebetumi ate ase. (Dw. 37:5) Sɛnea abofra nyin wɔ ne maame yam no, ɛyɛ den paa sɛ yɛbɛte ase; abɔde mu nyansahufo mpo ayɛ ara, nso wɔnnya ntee ase nwiei. Saa ara nso na ɛyɛ den sɛ yɛbɛte Yehowa nnwuma no bi ase.

9. Esiane sɛ yennim sɛnea ebia Yehowa bɛboa yɛn nti, dɛn na ebetumi ama yɛayɛ anaa atenka bɛn na yebetumi anya?

9 Esiane sɛ yennim sɛnea ebia Yehowa bɛboa yɛn nti, gyinae bi a ɛsɛ sɛ yesisi wɔ Yehowa som mu no, anhwɛ a yɛbɛtwetwe yɛn ho sɛ yebesi. Ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛde nneɛma bi bɛbɔ afɔre na yɛatumi atrɛw yɛn som mu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia ɛbɛyɛ den sɛ yebetwitwa nneɛma so anaa yɛbɛkɔ akɔboa wɔ baabi a wɔhia adawurubɔfo pii. Afei nso, esiane sɛ yɛantumi annu yɛn botae bi ho, anaa yenhu sɛ yɛn asɛnka adwuma no resow aba nti, anhwɛ a, ɛbɛyɛ yɛn sɛ Yehowa nnye yɛn ntom bio. Ɛno da nkyɛn a, ɔhaw bi a yɛrehyia wɔ asafo adwuma bi a yɛreyɛ mu nso betumi ama yɛate nka saa ara.

10. Esiane sɛ yennim sɛnea ebia Yehowa bɛboa yɛn nti, suban a ɛho hia bɛn na ɛboa yɛn ma yenya?

10 Esiane sɛ yennim sɛnea ebia Yehowa bɛboa yɛn nti, ɛboa yɛn ma yenya suban a ɛho hia te sɛ ahobrɛase. Ɛboa yɛn ma yehu sɛ Yehowa adwene ne n’akwan korɔn sen yɛn de. (Yes. 55:​8, 9) Afei nso, ɛboa yɛn ma yɛde yɛn ho to Yehowa so koraa, na yɛde yɛn akwan nyinaa hyɛ ne nsa. Sɛ yɛn asɛnka adwuma anaa asafo dwumadi bi a yɛreyɛ kɔ yiye a, yɛde ɛho ayeyi nyinaa ma Yehowa. (Dw. 127:1; 1 Kor. 3:7) Sɛ nneɛma ankɔ sɛnea yɛhwɛ kwan a, ehia sɛ yɛkae sɛ Yehowa hu nea ɛrekɔ so biara. (Yes. 26:12) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn fam de, na yɛkɔ so nya Yehowa mu ahotoso sɛ ɔno nso bɛyɛ ne fam de. Tete no, ɛtɔ da a na Yehowa kyerɛ ne nkurɔfo kwan anwanwakwan so. Yɛn nso, yegye di sɛ, sɛ wamfa saa kwan no ara so mpo a, akwankyerɛ biara a yehia no, ɔde bɛma yɛn.—Aso. 16:​6-10.

11. Dɛn na yenim a ebetumi aboa yɛn?

11 Yenim sɛ bere nyinaa Yehowa da ɔdɔ ne nyansa adi, na obu atɛntrenee. Yenim sɛ nea yɛyɛ ma no, ne nea yɛyɛ ma yɛn nuanom Kristofo no, n’ani gye ho paa. Afei nso, yenim sɛ obiara a odi nokware ma Yehowa no, ɔremfa n’akatua nni da.—Heb. 11:6.

YENNIM NEA EBESI ƆKYENA

12. Dɛn na Yakobo 4:​13, 14 ka sɛ yennim?

12 Kenkan Yakobo 4:​13, 14. Nokwasɛm a ntama biara nkata ho ne sɛ, yennim nea ebesi ɔkyena. Saa wiase yi mu de, ‘asiane to yɛn nyinaa bere a yɛnhwɛ kwan. (Ɔsɛnk. 9:11) Enti nea yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛyɛ no, sɛ ɛbɛyɛ yiye oo, sɛ ɛrenyɛ yiye oo, yɛrentumi nkyerɛ. Afei nso, sɛ yebetumi atena nkwa mu akosi sɛ yɛbɛyɛ awie oo, sɛ yɛrentumi oo, ɛno nso yɛrentumi nkyerɛ.

13. Esiane sɛ yennim nea ebesi daakye nti, ebetumi ama yɛate nka sɛn?

13 Ɔbra yi mu aforosian tumi kɔfa kɔdaanna bɛto yɛn so. Yɛn asetena tumi dan butuw prɛko pɛ; ɔhaw a yɛnhwɛ kwan tumi to yɛn. Ɛba saa a, yegye yɛn ho a ennye; wobɛhwɛ na yɛn ani nyinaa atutu aka yɛn nsam. Wei nti, daa wobɛhwɛ na yɛde nea ebetumi asi daakye ho asɛm rehaw yɛn ho. Ɛba saa a, na asɛe yɛn anigye. Afei nso, sɛ yɛrehwɛ biribi kwan na yɛn nsa anka, anaa botae bi a yɛde asi yɛn ani so amma mu a, etumi ma yɛn abam bu.—Mmeb. 13:12.

14. Dɛn na ebetumi ama yɛn ani agye paa? (Hwɛ mfoni no nso.)

14 Sɔhwɛ anaa amanehunu biara a yebehyia no, sɛ yemia yɛn ani gyina mu a, ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ pɛsɛmenkominya nti na yɛresom yɛn soro Agya no, na mmom ɔdɔ a yɛdɔ no ntia. Bible ma yehu sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ ɔhaw biara a yebehyia no, Yehowa beyi yɛn afi mu. Bio nso, nea ɛbɛto yɛn no, ɔnhyehyɛ ntoo hɔ. Onim sɛ, ɛnyɛ nea ebesi daakye a yebehu no na ɛbɛma yɛn ani agye. Mmom, sɛ yɛhwehwɛ n’akwankyerɛ na yetie no a, ɛno na ɛbɛma yɛn ani agye. (Yer. 10:23) Sɛ yɛresisi gyinae na yɛhwehwɛ n’akwankyerɛ a, na yɛn nso yɛreka nea Yakobo kae yi bi: “Sɛ Yehowa pɛ a, yebenya nkwa na yɛayɛ sɛɛ anaa sɛɛ.”—Yak. 4:15.

Mfoni: 1. Agya bi ne ne ba abarimaa de nneɛma regu wɔn go bag mu. Wɔde Bible ne nneɛma a wɔbehia regu bag no mu. 2. Nsu retɔ, na agya no, ne yere ne wɔn ba no abɔ tɛnt bi, ɛnna wɔhyɛ mu. Nneɛma a wɔde hyehyɛɛ wɔn go bag mu no, ɛno na wɔde redi dwuma.

Sɛ yɛhwehwɛ Yehowa akwankyerɛ na yetie no a, ɛbɛbɔ yɛn ho ban paa (Hwɛ nkyekyɛm 14-15)b


15. Dɛn na yenim fa daakye ho?

15 Ɛwom sɛ yennim adekyee mu nsɛm, nanso yenim sɛ Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛn daa nkwa; ebinom bɛkɔ soro na ebinom nso atena asaase so. Afei nso, yenim sɛ ɔrentumi nni atoro da, na biribiara nni hɔ a ebetumi ama ne bɔhyɛ no bi aka nsensɛnmu. (Tito 1:2) Ɔno nko ara na obetumi aka ‘awiei asɛm, na wafi tete aka nea ensii.’ Nea ɔkaa sɛ ebesisi tete no, ne nyinaa baa mu, na nea waka sɛ ebesisi daakye no nso, ne nyinaa bɛba mu. (Yes. 46:10) Yenim paa nso sɛ, biribiara nni hɔ a ebetumi asiw Yehowa kwan sɛ ɔbɛdɔ yɛn. (Rom. 8:​35-39) Baabi a ɔbra no bekyim yɛn akosi biara, nyansa, awerɛkyekye ne ahoɔden a yehia no, ɔde bɛma yɛn ma yɛde agyina ano. Yebetumi anya ahotoso sɛ, Yehowa bɛboa yɛn na wahyira yɛn.—Yer. 17:​7, 8.

SƐNEA YEHOWA NIM YƐN NO, YƐRENTUMI NTE ASE NWIE

16. Sɛnea Dwom 139:​1-6 kyerɛ no, dɛn na Yehowa nim a yɛrentumi nte ase nwie?

16 Kenkan Dwom 139:​1-6. Yɛn Bɔfo no nim yɛn ho biribiara; biribiara a yɛafa mu wɔ asetena mu a anya yɛn su ne yɛn ban so nkɛntɛnso no, onim ne nyinaa. Daa, n’ani wɔ yɛn so sɛ ɔbɛboa yɛn. Onim nea yɛka ne nea yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ biara. Nea yɛyɛ ne nea enti a yɛyɛ saa nso, onim. Sɛnea Ɔhene Dawid kae no, baabiara a yɛwɔ no, Yehowa ayɛ krado sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban. Sɛnea ade nyinaa so Tumfoɔ, ɔsoro ne asaase Bɔfo no ani ku yɛn ho no, wohwɛ a, ɛnyɛ nwanwa? Dawid kae a ɔmmoa sɛ: “Nimdeɛ yi yɛ me nwonwa dodo. Ɛwɔ soro ma me, na abunkam me ntease so.”—Dw. 139:​6, ase hɔ nsɛm.

17. Adɛn nti na ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yebegye atom sɛ Yehowa nim yɛn paa?

17 Ebia esiane nea ɛkɔɔ so wɔ yɛn abusua mu, yɛn amammerɛ, anaa nea na yegye di nti, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yebehu Yehowa sɛ yɛn Agya a ɔdɔ yɛn na n’ani ku yɛn ho. Yebetumi nso anya adwene sɛ bɔne kɛse bi a yɛayɛ atwam nti, ɛnyɛ ade a Yehowa bɛpɛ sɛ ɔtwe bɛn yɛn da. Ɛtɔ da a, na Dawid mpo tumi nya adwene a ɛte saa. (Dw. 38:​18, 21) Ebia na obi nso fi ne koma nyinaa mu rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛsesa n’abrabɔ na ɔde Onyankopɔn mmara abɔ ne bra. Nanso ebia obebisa sɛ, ‘Sɛ Onyankopɔn te me ase a, adɛn nti na abrabɔ a ne gyae yɛ me den no, ɔpɛ sɛ migyae, na ɔmfa me saa ara?’

18. Sɛ yegye tom sɛ Yehowa nim yɛn sen sɛnea yenim yɛn ho a, ɛbɛboa yɛn sɛn? (Hwɛ mfoni no nso.)

18 Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ Yehowa nim yɛn sen sɛnea yenim yɛn ho. Afei nso, nneɛma pa a ɛwɔ yɛn ho a yennim mpo, onim. Ɛwom sɛ ohu sintɔ a ɛwɔ yɛn ho no, nanso onim nea yebetumi ayɛ, ɛno nti oyi ne dɔ adi kyerɛ yɛn. (Rom. 7:15) Sɛ yegye di paa sɛ Yehowa nim nea yebetumi ayɛ a, ɛbɛboa yɛn ma yɛde ahotoso kɛse ne anigye asom no akosi awiei.

Mfoni: 1. Wim ayɛ kusuu, na nsu retɔ, na onua bi a n’abam abu rehwɛ mpomma mu. 2. Onua no wɔ Paradise, na ɔne ne nnamfo nam, na wɔrehwɛ sɛnea asaase no yɛ fɛ fa.

Ahotoso a yɛwɔ sɛ yebenya asetena pa wɔ wiase foforo no mu no, Yehowa boa yɛn ma yɛhyɛ mu den. Wei boa yɛn ma yetumi gyina ɔbra yi mu aforosian a yedi no ano (Hwɛ nkyekyɛm 18-19)c


19. Dɛn paa na yenim fa Yehowa ho?

19 Yenim sɛ Yehowa yɛ ɔdɔ. Ɛno yɛ nokwasɛm turodoo. (1 Yoh. 4:8) Sɛnea ɔpɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra no kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn, na ɔpɛ sɛ esi yɛn yiye bere nyinaa. Yenim sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛtena ase daa. Agyede no a ɔde mae no bɛma saa anidaso no abam. Ɛwom sɛ sintɔ wɔ yɛn ho, nanso agyede no nti, yebetumi asom Yehowa ama n’ani agye. (Rom. 7:​24, 25) Bio nso, yenim sɛ “Onyankopɔn so sen yɛn koma, na onim nneɛma nyinaa.” (1 Yoh. 3:​19, 20) Yehowa nim yɛn ho biribiara, na ɔwɔ yɛn mu gyidi sɛ yebetumi ayɛ n’apɛde.

20. Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛannwinnwen ammoro so?

20 Biribiara a ehia sɛ yehu no, Yehowa mfa nkame yɛn. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye saa asɛm no tom a, biribiara a yɛrentumi nyɛ ho hwee no, yɛremfa nhaw yɛn ho. Mmom, yɛde yɛn adwene besi nea ehia paa no so. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso paa sɛ ɔno ne “Nea Ne nimdeɛ wie pɛyɛ no.” (Hiob 36:4) Ɛwom sɛ seesei yɛnte nneɛma bi ase de, nanso yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛkɔ so akyerɛkyerɛ yɛn daa, na yɛn nso yɛbɛkɔ so asua yɛn Nyankopɔn Kɛse no ho ade daa.—Ɔsɛnk. 3:11.

WUBEBUA SƐN?

  • Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye tom sɛ yennim bere a awiei no bɛba a, ɛboa yɛn sɛn?

  • Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye tom sɛ yennim nea ebesi ɔkyena a, ɛboa yɛn sɛn?

  • Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye tom sɛ Yehowa nim yɛn paa a, ɛboa yɛn sɛn?

DWOM 104 Honhom Kronkron Yɛ Onyankopɔn Akyɛde

a Yesu na obedi anim ama wɔatu Satan wiase bɔne yi so sa, enti ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ seesei de, onim da a Armagedon bɛba ne bere a “obewie ne nkonimdi koraa.”—Adi. 6:2; 19:​11-16.

b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Agya bi ne ne ba abarimaa reboaboa nneɛma ano agu wɔn go bag mu, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ biribi si a wɔbetumi aguan ntɛm.

c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi a ɔrehyia ɔhaw retwa wiase foforo no ho mfoni wɔ n’adwenem.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena