Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w25 July kr. 14-19
  • Kɔ So Ara Sua Biribi Fi Bible Mu Mfitiasesɛm Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔ So Ara Sua Biribi Fi Bible Mu Mfitiasesɛm Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • YEHOWA NE ƆBƆADEƐ NO
  • NEA ENTI A ONYANKOPƆN MA AMANEHUNU HO KWAN
  • YƐTE “AWIEI MMERE NO” MU
  • KƆ SO KYERƐ YEHOWA NKAESƐM HO ANISƆ
  • Brɛ Wo Ho Ase Gye Tom Sɛ Ɛnyɛ Biribiara Na Wunim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Hwehwɛ Nsɛmmisa Yi Ho Mmuae
    Afe 2025-2026 Ɔmansin Nhyiam Program—Ɔmansin Sohwɛfo Na Ɔbɛyɛ
  • Wopɛ Sɛ Wusi Gyinae Bi a, Wobɛyɛ Dɛn Akyerɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Wutumi Hu Nokware No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
w25 July kr. 14-19

ADESUA ASƐM 30

DWOM 97 Nkwa Gyina Bible no So

Kɔ So Ara Sua Biribi Fi Bible Mu Mfitiasesɛm Mu

“Mepɛ sɛ daa mekae mo eyinom, ɛwom, munim, na mo ase nso atim wɔ nokware . . . no mu.”—2 PET. 1:12.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛ yesuaa Bible mu mfitiasesɛm no akyɛ mpo a, yɛbɛhwɛ sɛnea yɛde asuade a ɛwom no bɛbɔ yɛn bra.

1. Bere a edi kan a wuhuu nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no, ɛkaa wo sɛn?

BIBLE mu mfitiasesɛm a yesuae no asesa yɛn abrabɔ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a yehui sɛ Onyankopɔn din de Yehowa no, yesii gyinae sɛ yɛbɛfa no adamfo. (Yes. 42:8) Bere a yebehuu tebea a awufo wom no, yɛn koma tɔɔ yɛn yam, efisɛ yebehui sɛ yɛn adɔfo a wɔawuwu no, da na wɔada na ɛnyɛ sɛ wɔrehu amane. (Ɔsɛnk. 9:10) Afei nso, bere a yebehui sɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ asaase bɛdan Paradise no, daakye ho asɛm anyɛ yɛn dadwen bio. Yenyaa ahotoso sɛ ɛnyɛ mfe 70 anaa 80 pɛ na yɛbɛtena nkwa mu, mmom yɛbɛtena ase daa.—Dw. 37:29; 90:10.

2. Kristofo a wɔn ho akokwaw mpo, sɛn na 2 Petro 1:​12, 13 ma yehu sɛ Bible mu mfitiasesɛm betumi aboa wɔn?

2 Bible mu mfitiasesɛm no, ɛnsɛ sɛ yenya adwene da sɛ ɛrentumi mmoa yɛn bio. Kristofo a ɔsomafo Petro kyerɛw ne krataa a ɛtɔ so mmienu no kɔmaa wɔn no, na ‘wɔn ase atim wɔ nokware no mu.’ (Kenkan 2 Petro 1:​12, 13.) Nanso, afei na wɔrehyia ɔhaw bi a ebetumi asɛe wɔn gyidi; ná akyerɛkyerɛfo atorofo ne wɔn a wɔn suban asɛe abewurawura asafo no mu. (2 Pet. 2:​1-3) Enti na Petro pɛ sɛ ɔhyɛ anuanom no den sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi ako atia ɔhaw a ɛtete saa. Wei nti, ɔkaee wɔn nkyerɛkyerɛ bi a na wɔnim dedaw. Ná nkyerɛkyerɛ a ɛte saa bɛboa wɔn ma wɔakɔ so adi Yehowa nokware akosi awiei.

3. Nea enti a ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa kɔ so dwinnwen Bible mu mfitiasesɛm ho no, fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu.

3 Sɛ yɛn ho akokwaw mpo a, Bible mu mfitiase nkyerɛkyerɛ no, yebetumi asua nneɛma foforo afi mu. Yɛmfa nnipa mmienu yi nyɛ mfatoho: Baako nim aduan yɛ paa, nanso ɔbaako no de, afei ara na wahyɛ ase resua. Sɛ wɔde nneɛma koro no ara ma wɔn mu biara sɛ ɔmfa nyɛ aduan a, nea onim aduan yɛ paa no, obetumi akeka nneɛma no abom ayɛ nnuan ahorow bi. Nanso ebia nea wahyɛ ase resua no de, ɔrentumi nyɛ no sɛ nea ne ho akokwaw no. Wɔn a wɔde mfe pii asom Yehowa ne wɔn a afei ara na wɔafi ase resua Bible no nso, sɛ wɔn nyinaa kan kyerɛwnsɛm bi a, wɔn a wɔn ho akokwaw no betumi anya asuade foforo pii afi mu asen wɔn a afei ara na wɔafi ase resua no. Efi bere a yɛbɔɔ asu besi saa bere yi, ɛda adi sɛ yɛn tebea anaa hokwan a yɛwɔ wɔ Yehowa som mu asesa. Enti nneɛma a yesuae mfe pii a atwam no, sɛ yɛsan sua a, ebia yebehu nneɛma foforo pii a ebetumi aboa yɛn nnɛ. Wɔn a wɔde mfe pii asom Yehowa no, yɛnhwɛ nea wɔbetumi asua afi Bible mu mfitiase nkyerɛkyerɛ mmiɛnsa bi mu.

YEHOWA NE ƆBƆADEƐ NO

4. Hu a yɛabehu sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ no, aboa yɛn sɛn?

4 “Nea ɔyɛɛ nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.” (Heb. 3:4) Yenim sɛ asaase yi ne biribiara a ɛwɔ so no, Ɔbɔadeɛ bi a ne tumi ne ne nyansa nni ano na ɔyɛe. Ɔno na ɔbɔɔ yɛn, enti onim yɛn ho biribiara. Odwen yɛn ho paa, na onim nea ɛbɛboa yɛn. Hu a yɛabehu sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ no, aboa yɛn wɔ akwannuasa pii so; ama yɛanya akomatɔyam ne anidaso wɔ yɛn asetenam.

5. Nokwasɛm bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛabrɛ yɛn ho ase? (Yesaia 45:​9-12)

5 Nokwasɛm a ɛne sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ no, ebetumi ama yɛasua ahobrɛase. Bere bi a Hiob nnamfo gyamserefo no bɔɔ no sobo no, obuu ne ho bem, na ɔkekaa nsɛm bi a ɛnyɛ nokware nso faa Yehowa ho. Nanso akyiri yi, Yehowa kaee no sɛ, ɔno ne Ɔbɔadeɛ a ne tumi nni ano no. (Hiob 38:​1-4) Saa asɛm no maa Hiob hui sɛ Onyankopɔn akwan korɔn sen nnipa de. Akyiri yi, asɛm a odiyifo Yesaia kyerɛwee no ma yehu sɛ, ɛnsɛ sɛ onipa nya adwene da sɛ onim nyansa sen Ɔbɔadeɛ no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Wohwɛ a, ɛsɛ sɛ dɔte ka kyerɛ ne Nwemfo sɛ: ‘Dɛn na woreyɛ yi?’”—Kenkan Yesaia 45:​9-12.

6. Tumi ne nyansa bebrebe a Ɔbɔadeɛ no wɔ no, bere bɛn na yebetumi adwinnwen ho? (Hwɛ mfoni no nso.)

6 Sɛ obi som Yehowa mfe pii a, ebedu baabi no, sɛ anka ɔbɛhwehwɛ akwankyerɛ afi Yehowa hɔ anaa Bible mu no, anhwɛ a obefi ase de ne ho ato suahu a ɔwɔ so. (Hiob 37:​23, 24) Nanso sɛ ɔkae sɛ Ɔbɔadeɛ no nyansa ne ne kɛseyɛ boro adwene ne ntease nyinaa so a, ɛbɛboa no sɛn? (Yes. 40:22; 55:​8, 9) Nokwasɛm a ɛte saa bɛboa no ma wabrɛ ne ho ase, na wahu sɛ nyansa a ɔwɔ no, ennu Yehowa de no ho baabiara.

Mfoni: 1. Asafo mu panyin bi rekyerɛ n’adwene wɔ mpanyimfo nhyiam bi ase, nanso mpanyimfo a aka no ne no nyɛ adwene. 2. Akyiri yi, ɔpanyin a ɔkyerɛɛ n’adwene no rehwɛ nsoromma a ɛwɔ wim, na ɔredwinnwen nneɛma ho.

Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛakɔ so akae sɛ suahu ne nyansa a yɛwɔ nnu Yehowa de ho hwee? (Hwɛ nkyekyɛm 6)d


7. Nsakrae foforo bi bae no, dɛn na ɛboaa Rahela ma ogye toom?

7 Rahela te Slovenia. Wahu sɛ, sɛ Yehowa ahyehyɛde no yɛ nsakrae bi na odwinnwen Ɔbɔadeɛ no ho a, ɛboa no ma otumi gye tom. Ɔka sɛ: “Gyinae a anuanom a edi nneɛma anim sisi no, ɛtɔ da bi a, ɛyɛ den ma me sɛ megye atom. Mɛyɛ nhwɛso a, mehwɛɛ Afe 2023 Amanneɛbɔ a Efi Akwankyerɛ Kuw no Hɔ #8 no. Nanso ɛno akyi mpo, bere a edi kan a mihui sɛ onua bi a wagyaw abɔgyesɛ rema ɔkasa no, me ho dwiriw me paa. Enti mebɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me ma minnye nsakrae yi ntom.” Rahela behui sɛ Yehowa na ɔbɔɔ ɔsoro ne asaase, enti bere nyinaa onim ɔkwan pa a ɔbɛfa so akyerɛ n’ahyehyɛde no kwan. Sɛ nsakrae foforo bi ba na ɛyɛ den ma wo sɛ wubegye atom a, Ɔbɔadeɛ no nyansa ne ne tumi a ɛboro adwene ne ntease nyinaa so no, to wo bo ase dwinnwen ho.—Rom. 11:​33-36.

NEA ENTI A ONYANKOPƆN MA AMANEHUNU HO KWAN

8. Hu a yɛabehu nea enti a Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan no, aboa yɛn sɛn?

8 Adɛn nti na Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan? Wɔn a wɔnnyaa saa asɛmmisa no ho mmuae no, wɔn mu bi bo afuw Onyankopɔn, na wɔn mu bi mpo ka sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ! (Mmeb. 19:3) Nanso wo de, woasua ahu sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔma yehu amane, na mmom bɔne ne sintɔ a wɔde awo yɛn na akɔfa amanehunu aba. Afei nso, woabehu sɛ abotare a Yehowa anya no, aboa nnipa ɔpepem pii ama wɔabehu no. Ɛno da nkyɛn a, aboa wɔn ma wɔabehu sɛnea Yehowa beyi amanehunu nyinaa afi hɔ korakora. (2 Pet. 3:​9, 15) Saa nokwasɛm yi akyekye wo werɛ, na ama woabɛn Yehowa.

9. Tebea ahorow bɛn mu na ɛsɛ sɛ yɛkae nea enti a Yehowa ma amanehunu ho kwan?

9 Bere a yɛretwɛn sɛ Yehowa beyi amanehunu nyinaa afi hɔ no, yenim sɛ ɛsɛ sɛ yenya abotare. Nanso, sɛ obi ne yɛn anaa yɛn ho nnipa bi anni no yiye, sɛ yɛrehu amane, anaa yɛn dɔfo bi wu a, anhwɛ a ɛbɛyɛ yɛn sɛ Yehowa rekyɛ dodo. (Hab. 1:​2, 3) Mmere a ɛtete saa mu no, nea enti a Yehowa ama kwan ma atreneefo hu amane no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛbɛboa yɛn.a (Dw. 34:19) Afei nso, ne tirim a wabɔ sɛ obeyi amanehunu nyinaa afi hɔ korakora no, yebetumi adwinnwen ho.

10. Anne maame wui no, dɛn na ɛboaa no ma otumi gyinaa yaw no ano?

10 Sɛ yɛrehyia ɔhaw bi a, hu a yɛabehu nea enti a Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan no, ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina ano. Anne te supɔw bi a yɛfrɛ no Mayotte so. Ɛwɔ India Po no so. Ɔka sɛ: “Mfe kakra ni na me maame wui, na ebubuu me paa. Nanso daa mekae me ho sɛ, ɛnyɛ Yehowa na ɔma yehu amane. Ɔpɛ paa sɛ oyi amanehunu nyinaa fi hɔ, na onyan yɛn adɔfo a wɔawuwu no. Nokwasɛm a ɛtete saa no, sɛ midwinnwen ho a, asomdwoe a ɛma minya no, ɛyɛ den sɛ mɛkyerɛ mu.”

11. Nea enti a Yehowa ama amanehunu ho kwan no, sɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so aka asɛmpa no?

11 Hu a yɛabehu nea enti a Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan no, ebetumi akanyan yɛn ma yɛakɔ so aka asɛmpa no. Petro kyerɛɛ mu sɛ Yehowa pɛ sɛ nnipa nya adwensakra, ɛno nti na wanya abotare no. Ɔde kaa ho sɛ: “Munhu nnipa ko a ɛsɛ sɛ moyɛ; momma mo abrabɔ ho ntew na momfa onyamesom pa ntena ase.” (2 Pet. 3:11) Nneɛma a yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛde ‘onyamesom pa retena ase’ no, asɛnka adwuma no nso ka ho. Sɛnea yɛn soro Agya no dɔ nnipa no, yɛn nso yɛdɔ nnipa. Onyankopɔn wiase foforo a trenee bɛtena mu no, yɛpɛ sɛ wɔn nso kɔ mu bi. Nnipa a ɛtete w’asaasesin mu no, Yehowa anya wɔn ho abotare sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbenya hokwan abɛsom no. Ɛyɛ hokwan kɛse paa na woanya sɛ wo ne Onyankopɔn bɛbom ayɛ adwuma, na woaboa nnipa dodow biara a wubetumi ama wɔabesua ne ho ade ansa na awiei no aba.—1 Kor. 3:9.

YƐTE “AWIEI MMERE NO” MU

12. Hu a yɛahu sɛ yɛte “awiei mmere no” mu no, aboa yɛn sɛn?

12 Suban a nnipa bɛda no adi wɔ “awiei mmere no” mu no, Bible hyɛɛ ho nkɔm pɛpɛɛpɛ too hɔ. (2 Tim. 3:​1-5) Nea ɛrekɔ so wɔ wiase no ma yehu pefee sɛ saa nkɔmhyɛ no renya ne mmamu. Yehu sɛ nnipa suban sɛe ara na ɛresɛe. Wei ma yegye di paa sɛ, Onyankopɔn Asɛm yɛ nokware.—2 Tim. 3:​13-15.

13. Sɛ yɛhwɛ Yesu mfatoho a ɛwɔ Luka 12:​15-21 no a, asɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho?

13 Nim a yenim sɛ yɛte awiei mmere no mu no, ɛma yɛde yɛn bere yɛ nea ehia paa. Nea enti a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn bere yɛ nea ehia paa no, Yesu mfatoho a ɛwɔ Luka 12:​15-21 no betumi aboa yɛn ma yɛahu. (Kenkan.) Adɛn nti na Bible kaa sɛ osikani no yɛ “ɔkwasea”? Ɛnyɛ sika pii a na ɔwɔ no ntia, na mmom wamfa nea ehia paa anni kan. Ɔhyehyɛɛ ‘agyapade maa ne ho, nanso na ɔnyɛ ɔdefo wɔ Onyankopɔn fam.’ Nea ɔyɛe no, adɛn nti na na nyansa nni mu koraa? Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Anadwo yi wɔregye wo nkwa afi wo nsam.” Yɛn nso, bere a wiase yi awiei adu apon ano yi, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Botae a esisi m’ani so kyerɛ sɛ mede nea ehia paa di kan anaa? Botae bɛn na meboa me mma nso ma wɔde sisi wɔn ani so? M’ahoɔden, me bere, ne sika a mewɔ no, nea ɛbɛma madi yiye paa wɔ asetenam no, ɛno titiriw na mede yɛ, anaa mede yɛ nea ɛbɛma matumi aboaboa agyapade ano wɔ soro?’

14. Sɛ yɛhwɛ Miki a, kyerɛwnsɛm a ɛma yehu sɛ yɛte awiei mmere mu no, adɛn nti na ehia sɛ yedwinnwen ho?

14 Adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛte awiei mmere no mu no, sɛ yedwinnwen ho a, ebetumi aboa yɛn ma yɛasesa botae a esisi yɛn ani so. Biribi saa na onuawa bi a ne din de Miki yɛe. Ɔka sɛ: “Bere a miwiee ntoaso sukuu no, na me koma so ade ne sɛ mɛkɔ suapɔn akosua mmoa ho ade. Bere koro no ara, na mepɛ sɛ mebɛyɛ daa kwampaefo, na mekɔsom wɔ baabi a mmoa ho hia. Me nnamfonom a wɔn ho akokwaw tuu me fo sɛ, minnwen ho yiye nhwɛ sɛ metumi ayɛ adwuma a ɛte saa, na bere koro no ara mayɛ nea esi m’ani so wɔ Yehowa som mu no anaa. Wɔkaee me sɛ ɛrenkyɛ koraa na wiase yi akɔ n’awiei. Nanso sɛ mekɔ wiase foforo no mu a, aboa biara a mepɛ no, metumi asua ne ho ade afebɔɔ. Enti mikosuaa nsaanodwuma bi a ɛrennye me bere pii. Wei ma minyaa adwuma bi a ɛbɛboa me ma mayɛ akwampae adwuma no. Akyiri yi, mitu kɔɔ baabi a mmoa ho hia wɔ Ecuador.” Seesei Miki ne ne kunu reyɛ ɔmansin adwuma no bi wɔ ɔman no mu.

15. Wɔn a wɔnnya nyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbetie asɛmpa no, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw wɔ wɔn ho? Ma ho nhwɛso. (Hwɛ mfoni no nso.)

15 Sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo na mfiase no wɔantie a, ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw. Nnipa tumi sesa. Yɛnhwɛ Yesu nua Yakobo nhwɛso no. Efi Yesu mmofraase kosi bere a ɔbɛyɛɛ Mesia no, ohui. Afei nso, ohui sɛ Yesu nim nkyerɛkyerɛ sen obiara. Nanso wammedi Yesu akyi. Yesu wusɔre akyi ansa na Yakobo rebɛyɛ ne suani, na wantoto ne som ase koraa.b (Yoh. 7:5; Gal. 2:9) Yɛn abusuafo a wɔnnya nkyerɛɛ asɛmpa no ho anigye, anaa wɔn a wɔnnya nyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbetie asɛmpa no, ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw wɔ wɔn ho da. Kae sɛ, yɛte awiei mmere no mu, enti saa bere yi paa na ɛsɛ sɛ yemia yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no. Nea wobɛka akyerɛ nkurɔfo no, ebia daakye wɔbɛkae, anaa ebi mpo a bere a ahohiahia kɛse no afi ase na wɔbɛkae.c

Onuawa bi resua ade, na wafrɛ ne nuabea a ɔnyɛ Yehowa Danseni wɔ fon so. Ne nuabea no ne ne babea kumaa redi gua wɔ sotɔɔ bi mu.

Yɛn abusuafo a wɔnni asafo no mu no, dɛn na ebetumi aboa yɛn na yɛampa abaw wɔ wɔn ho? (Hwɛ nkyekyɛm 15)e


KƆ SO KYERƐ YEHOWA NKAESƐM HO ANISƆ

16. Sɛn na Yehowa nkaesɛm aboa wo? (Adaka a yɛato din “Fa Boa Afoforo” no, hwɛ ɛno nso.)

16 Honhom fam aduan a yɛn nsa ka no, emu bi wɔ hɔ a, wɔn a wɔnnim Bible mu na ɛkɔ ma wɔn. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, baguam ɔkasa a yɛma no nnawɔtwe biara, nsɛm ne video bi a ɛwɔ jw.org, ne nsɛmma nhoma a yɛde ma ɔmanfo no, wɔn a wɔnyɛ Adansefo no titiriw na ɛkɔ ma wɔn. Nanso yɛn nso yenya so mfaso. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne gyidi a yɛwɔ wɔ n’Asɛm no mu no, ɛma emu yɛ den. Afei nso, ɛboa yɛn ma yetumi kyerɛkyerɛ Bible no mu yiye kyerɛ afoforo.—Dw. 19:7.

Fa Boa Afoforo

Sɛ wokan asɛm bi, wohwɛ video bi, anaa wutie ɔkasa bi a wɔahyɛ da asiesie ama wɔn a wɔafi ase resua Bible a, dwen ho hwɛ sɛnea wubetumi de aboa afoforo. Wubetumi abisa wo ho sɛ:

  • ‘Ɔkwan bɛn na wɔafa so akyerɛkyerɛ nsɛm mu na ama wɔn a asɛm yi kɔ ma wɔn no atumi agye adi?’

  • ‘Sɛ merekyerɛkyerɛ saa asɛm yi mu akyerɛ obi a, mfatoho kamakama bi wom a metumi de adi dwuma anaa?’

  • ‘Hena na ebia n’ani begye saa asɛm yi ho, na bere bɛn na metumi ne no asusuw ho?’

17. Tebea ahorow bɛn mu na yebetumi adwinnwen Bible mfitiase nkyerɛkyerɛ ho?

17 Yehowa Adansefo de, sɛ yenya Bible mu ntease foforo a, yɛn ani gye paa. Nanso Bible mu mfitiase nkyerɛkyerɛ a ɛboaa yɛn ma yebehuu Yehowa no nso, yenni ho agorɔ koraa. Yehowa ahyehyɛde no betumi ama yɛn akwankyerɛ bi, nanso ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ yɛn ara yɛn suahu mmom betumi aboa yɛn. Sɛ yɛte nka saa a, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛkae sɛ, yɛn Bɔfo a ne nyansa ne ne tumi boro ntease nyinaa so no, ɔno na ɔrekyerɛ ahyehyɛde no kwan. Sɛ yɛn anaa yɛn dɔfo bi rehu amane a, ɛsɛ sɛ yenya abotare na yɛkae nea enti a Yehowa ama amanehunu ho kwan. Afei nso, nea yɛpɛ sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn agyapade yɛ no, sɛ yɛresi ho gyinae a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ awiei mmere no mu na yɛte no. Ɛmmra sɛ Yehowa nkaesɛm bɛkɔ so ahyɛ yɛn den, akanyan yɛn, na aboa yɛn ma yɛahu nyansa.

DƐN NA YEBETUMI ASUA AFI BIBLE MFITIASE NKYERƐKYERƐ A EDIDI SO YI MU?

  • Yehowa ne Ɔbɔadeɛ no

  • Nea enti a Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan

  • Yɛte “awiei mmere no” mu

DWOM 95 Hann no Kɔ So Hyerɛn

a Hwɛ asɛm a yɛato din “Nea Enti a Ɛrenkyɛ Amanehunu Nyinaa To Betwa” no. Ɛwɔ May 15, 2007 Ɔwɛn-Aban mu, kr. 21-25.

b Hwɛ adesua 8 wɔ Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo nhomawa no mu.

c Hwɛ asɛm a yɛato din “Sɛnea Yehowa Bebu Atɛn Daakye No, Dɛn Na Yenim Wɔ Ho?” no. Ɛwɔ May 2024 Ɔwɛn-Aban mu, kr. 8-13.

d MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Asafo mu panyin bi rekyerɛ n’adwene, nanso mpanyimfo a aka no nnye ntom. Akyiri yi, ɔrehwɛ nsoromma a ɛwɔ wim, na ama wakae sɛ ne suahu ne ne nyansa nnu Yehowa de ho baabiara.

e MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi resua ade, na ɔrehwɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛte awiei mmere no mu. Wei nti, wafrɛ ne nuabea wɔ fon so redi no adanse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena