Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w25 September kr. 8-13
  • Sɛ Nkurɔfo Ne Yɛn Anni No Yiye a, Dɛn Na Yɛbɛyɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Nkurɔfo Ne Yɛn Anni No Yiye a, Dɛn Na Yɛbɛyɛ?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • YEHOWA NE YESU KYI NTƐNKYEA
  • NEA YESU YƐE WƆ NTƐNKYEA HO
  • WUHU SƐ NTƐNKYEA BI REKƆ SO A, SUASUA YESU
  • SƐ OBI NE YƐN ANNI NO YIYE A, DƐN NA YEBETUMI AYƐ?
  • Sɛ Obi Ne Yɛn Di No Nwenweenwene a, Dɛn Na Yɛbɛyɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Wubetumi Agyina Atɛnkyea Ano!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • ‘Onyankopɔn Ntene Anaa?’
    Bɛn Yehowa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
w25 September kr. 8-13

ADESUA ASƐM 37

DWOM 114 Munnya Abotare

Sɛ Nkurɔfo Ne Yɛn Anni No Yiye a, Dɛn Na Yɛbɛyɛ?

“Ɔkɔɔ so hwɛɛ atɛntrenee kwan, nanso hwɛ! ntɛnkyea na wobui.”—YES. 5:7.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛnea Yesu nhwɛso no bɛboa yɛn na sɛ nkurɔfo ne yɛn anni no yiye a, yɛahu nea yɛyɛ a ɛbɛsɔ Yehowa ani.

1-2. Sɛ nneɛma nkɔ yiye a, dɛn na nnipa pii yɛ, na nsɛm bɛn na ebia yebebisa yɛn ho?

WIASE a yɛte mu yi, nneɛma nkɔ yiye. Nnipa ne ne yɔnko nipa nni no yiye koraa. Ebinom wɔ hɔ a, ohia, ɔman anaa abusua a wɔfi mu nti, nkurɔfo mfa wɔn nyɛ hwee. Ebinom nso, asikafo ne aban mpanyimfo adifudepɛfo asɛe ɔdomankoma agyapade a atwa wɔn ho ahyia ama wɔrehu amane. Ebia saa ɔhaw yi ne nea ɛkeka ho ama yɛn anaa wɔn a yenim wɔn rehu amane.

2 Sɛ nnipa pii hwɛ ntɛnkyea a ɛrekɔ so wɔ wiase no a, na biribi reyɛ wɔn. Yɛn nyinaa pɛ sɛ nkurɔfo ne yɛn di no yiye na yɛn asom dwo yɛn. Ɛno nti, ebinom afa ato wɔn ho so sɛ ntɛnkyea a ɛrekɔ so no, wɔbɛyɛ ho biribi. Wɔyɛ ɔyɛkyerɛ tia aban no, na wɔtaa amanyɔfo a wɔhyɛ bɔ sɛ wɔbetu ntɛnkyea ase no akyi. Nanso, yɛn Kristofo de, Bible ama yɛahu sɛ ‘yɛnka wiase no ho,’ na ɛsɛ sɛ yɛtwɛn Onyankopɔn Ahenni ma ebeyi ntɛnkyea nyinaa fi hɔ. (Yoh. 17:16) Ne nyinaa mu no, sɛ yehu sɛ ebinom redi afoforo ani a, etumi yɛ yɛn nwanwa, anaa ɛteetee yɛn mpo. Ebia yebebisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ mihu biribi saa a, dɛn na metumi ayɛ? Biribi wɔ hɔ a metumi ayɛ wɔ ho seesei ara anaa?’ Nea ɛbɛyɛ na yɛanya nsɛmmisa yi ho mmuae no, momma yɛnhwɛ sɛnea Yehowa ne Yesu te nka bere a obi redi ne yɔnko ani no.

YEHOWA NE YESU KYI NTƐNKYEA

3. Sɛ obi redi yɛn ani na sɛ yɛn bo fuw a, adɛn nti na ntease wom? (Yesaia 5:7)

3 Sɛ obi redi yɛn ani a, Bible ma yehu nea enti a yɛn bo tumi fuw. Ɛka sɛ Yehowa bɔɔ yɛn wɔ ne suban so, na “ɔdɔ trenee ne atɛntrenee.” (Dw. 33:5; Gen. 1:26) Ommu ntɛnkyea, na ɔmpɛ sɛ obiara nso bɛyɛ saa. (Deut. 32:​3, 4; Mika 6:8; Sak. 7:9) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, odiyifo Yesaia bere so no, Israelfo a na wɔn mfɛfo Israelfo reteetee wɔn no, Yehowa tee wɔn ‘su ne wɔn nteɛteɛm.’ (Kenkan Yesaia 5:7.) Israelfo a wɔbuu Onyankopɔn mmara so mpɛn pii na wɔkɔɔ so teetee wɔn mfɛfo no, Yehowa twee wɔn aso.—Yes. 5:​5, 13.

4. Sɛ obi redi obi ani a, nhwɛso bɛn na ɛma yehu sɛnea Yesu te nka? (Hwɛ mfoni no nso.)

4 Yesu te sɛ Yehowa, enti ɔno nso dɔ atɛntrenee na okyi ntɛnkyea. Yesu baa asaase so no, bere bi ohuu ɔbarima bi a ne nsa awu. Ɔbarima no asɛm yɛɛ Yesu mmɔbɔ, enti ɔsaa no yare, nanso nyamesom akannifo atirimɔdenfo no de, wɔn bo fuwii. Adwene a ɛnteɛ a na wɔwɔ wɔ Homeda mmara no ho a na wɔpɛ sɛ nkurɔfo di so no, ɛno na na ehia wɔn na ɛnyɛ ɔbarima a na ne ho atɔ no no. Sɛn na Yesu tee nka wɔ nea wɔyɛe no ho? Bible ka sɛ: “Wɔn komaden no maa ne werɛ howee paa.”—Mar. 3:​1-6.

Yesu wɔ hyiadan bi mu, na ɔrebɛsa ɔbarima bi a ne nsa awu yare; nanso ɔrebisabisa Yudafo nyamesom akannifo no nsɛm bi. Nyamesom akannifo no apɔkyere wɔn ani rehwɛ Yesu.

Wɔn a na wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ no, nyamesom akannifo no annya tema amma wɔn, nanso Yesu de onyaa tema maa wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 4)


5. Sɛ ntɛnkyea bi rekɔ so a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn bo kɔ so fuw?

5 Esiane sɛ Yehowa ne Yesu ani nnye ntɛnkyea ho nti, yɛn nso, sɛ yehu sɛ wɔrebu obi ntɛnkyea na yɛn ani nnye ho a, ɛyɛ ne kwan so. (Efe. 4:26) Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, sɛ ɛfata sɛ yɛn bo fuw mpo a, yɛrentumi nyi ntɛnkyea mfi hɔ. Sɛ yɛma yɛn bo fuw kyɛ a, ebetumi ama adwinnwen abɛtɔ yɛn so anaa abɔ yɛn yare. (Dw. 37:​1, 8; Yak. 1:20) Sɛ afoforo ne yɛn anni no yiye a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Yebetumi asuasua nea Yesu yɛe no.

NEA YESU YƐE WƆ NTƐNKYEA HO

6. Yesu wɔ asaase so no, ntɛnkyea a na ɛrekɔ so no, ebi ne sɛn? (Hwɛ mfoni no nso.)

6 Yesu baa asaase so no, ohuu sɛnea na nnipa reteetee ne yɔnko nnipa. Ohui sɛ nyamesom akannifo no hyɛ ɔmanfo no so paa. (Mat. 23:​2-4) Ná onim nso sɛ Roma atumfoɔ no mfa ɔmanfo no nyɛ hwee. Ná Yudafo no bebree pɛ sɛ wɔnya fahodi fi Romafo no nsam. Ebinom kaa wɔn ho boom yɛɛ akuw a na wɔko tia Roma atumfoɔ no. Nanso, Yesu antew kuw biara anaa wankɔdɔm kuw bi a wɔpɛ sɛ wɔsesa aban no. Bere a Yesu hui sɛ nkurɔfo pɛ sɛ wɔkyere no yɛ no ɔhene no, ɔtwee ne ho.—Yoh. 6:15.

Yesu nko ara reforo bepɔw bi. Nnipadɔm bi wɔ bepɔw no ase.

Bere a Yesu hui sɛ nkurɔfo pɛ sɛ wɔkyere no yɛ no ɔhene no, ɔtwee ne ho (Hwɛ nkyekyɛm 6)


7-8. Bere a Yesu wɔ asaase so no, adɛn nti na wantu ntɛnkyea ase? (Yohane 18:36)

7 Bere a Yesu wɔ asaase so no, wamfa ne ho anhyehyɛ amanyɔsɛm mu sɛnea ɛbɛyɛ a obetu ntɛnkyea ase. Adɛn ntia? Efisɛ na onim sɛ Yehowa mmaa nnipa kwan sɛ onni ne yɔnko nipa so. Afei nso, na onim sɛ sɛ onipa yɛ sɛ obedi ne yɔnko nipa so a, ne nsa besi fam. (Dw. 146:3; Yer. 10:23) Bio nso, nnipa rentumi ntu nea akɔfa ntɛnkyea aba no ase. Satan Ɔbonsam na odi wiase yi so; ɔyɛ honhom abɔde wudifo bi a opiapia nnipa ma wɔteetee nkurɔfo. (Yoh. 8:44; Efe. 2:2) Wei da nkyɛn a, nnipa a wɔwɔ adwempa mpo, sintɔ nti ɛnyɛ bere nyinaa na wɔtumi ne nkurɔfo di no yiye.—Ɔsɛnk. 7:20.

8 Ná Yesu nim sɛ Onyankopɔn Ahenni no nko ara na ebetumi atu nea akɔfa ntɛnkyea aba no ase. Ɛno nti, ɔde ne bere ne n’ahoɔden ‘kaa asɛm no, na ɔkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa.’ (Luka 8:1) ‘Wɔn a na trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn’ no, Yesu maa wɔn awerɛhyem sɛ daakye kɛtɛasehyɛ ne ntɛnkyea nyinaa befi hɔ. (Mat. 5:6; Luka 18:​7, 8) Nanso ɛnyɛ nnipa aban bi na ɛde saa nsakrae yi bɛba, na mmom Onyankopɔn aban a ɛwɔ soro a ‘emfi wiase’ no.—Kenkan Yohane 18:36.

WUHU SƐ NTƐNKYEA BI REKƆ SO A, SUASUA YESU

9. Dɛn na ɛma wugye di paa sɛ Onyankopɔn Ahenni no nko ara na ebeyi ntɛnkyea nyinaa afi hɔ?

9 Yɛte “awiei mmere no mu,” enti ɛnnɛ ntɛnkyea abu so sen bere a na Yesu wɔ asaase so no. Sɛnea na ɛte wɔ Yesu bere so no, ɛnnɛ nso, Satan ne n’apamfo koro yi ara kɔ so teetee nnipa. (2 Tim. 3:​1-5, 13; Adi. 12:12) Sɛnea na Yesu nim no, yɛn nso yenim sɛ Onyankopɔn Ahenni no nko ara na ebeyi nea akɔfa ntɛnkyea aba nyinaa afi hɔ. Esiane sɛ yɛtaa Onyankopɔn Ahenni no akyi denneennen nti, ɔyɛkyerɛ ahorow a wɔyɛ de ko tia ntɛnkyea no, yɛmfa yɛn ho nhyɛ mu. Momma yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Stacy.a Ansa na ɔresua nokware no, na ɔtaa ne nkurɔfo bom yɛ ɔyɛkyerɛ de ko tia ntɛnkyea. Nanso eduu baabi no, obehui sɛ nea ɔreyɛ no, ɛrenkosi hwee. Ɔka sɛ: “Sɛ yɛkɔyɛ ɔyɛkyerɛ a, na mintumi nhu sɛ nea mereyɛ no de nsakrae papa bi bɛba anaa ɛremfa mma. Seesei a metaa Onyankopɔn Ahenni no akyi no, minim sɛ ɛde nsakrae pa bɛba. Obiara a ntɛnkyea ama wadi amia no, minim sɛ Yehowa betwitwa agye no, na ɔbɛyɛ no yiye koraa asen sɛnea anka mɛyɛ no.”—Dw. 72:​1, 4.

10. Sɛ yɛhwɛ Mateo 5:​43-48 a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛsesa aban anaa mmara a aban ahyehyɛ? (Hwɛ mfoni no nso.)

10 Akuw a wɔde asi wɔn ani so sɛ wɔbɛsesa aban anaa aban mmara no, mpɛn pii no, wɔde abufuw na ɛyɛ. Nea wɔyɛ no, ɛne Yesu nhwɛso ne ne nkyerɛkyerɛ bɔ abira. (Efe. 4:31) Onua bi a ne din de Jeffrey ka sɛ: “Minim sɛ, sɛ nkurɔfo reyɛ ɔyɛkyerɛ na wɔreyɛ no bɔkɔɔ mpo a, etumi dan abufuw prɛko pɛ; afei wobɛhwɛ na wɔresɛesɛe ade wiawia nkurɔfo nneɛma, na wɔpirapira afoforo mpo.” Nanso Yesu kyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛnnɔ nnipa nyinaa; wɔn a wɔne yɛn nyɛ adwene anaa wɔtan yɛn ani mpo ka ho. (Kenkan Mateo 5:​43-48.) Esiane sɛ yɛyɛ Kristofo nti, yesuasua Yesu, enti yɛbɔ mmɔden sɛ yɛrenyɛ biribiara a etia nea wakyerɛkyerɛ yɛn no.

Onuawa bi retwam wɔ baabi a nkurɔfo reyɛ ɔyɛkyerɛ wɔ abɔnten, nanso ɔrehwɛ n’anim tee atwam akɔ.

Yehia akokoduru na yɛanyɛ biribiara a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛka wiase no ho (Hwɛ nkyekyɛm 10)


11. Akuw a wɔde asi wɔn ani so sɛ wɔbɛsesa aban anaa aban mmara no, adɛn nti na ebetumi ayɛ den sɛ yɛrentaa wɔn akyi?

11 Ɛwom, yenim sɛ Onyankopɔn Ahenni na ɛbɛba abeyi ntɛnkyea nyinaa afi hɔ korakora, nanso sɛ obi ne yɛn anni no yiye a, ebetumi ayɛ den sɛ yebesuasua Yesu. Yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Janiya; ne honam ani hwɛbea nti, nkurɔfo ne no anni no yiye. Ɔka sɛ: “Me bo fuwii paa. Ɛhyee me, na wɔn a wɔyɛɛ saa no, na mepɛ sɛ mmara ne wɔn di. Enti minyaa adwene sɛ menkɔdɔm kuw bi a wɔyɛ ɔyɛkyerɛ tia nnipa mu nyiyim. Ná mete nka sɛ ɛno betumi ama maka me bo so asɛm a ɛrenkɔfa ɔhaw biara mma.” Nanso akyiri yi, Janiya hui sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nsakrae. Ɔka sɛ: “Ná mama nkurɔfo resɛe m’adwene; sɛ́ anka mede me ho bɛto Yehowa so no, na wɔpɛ sɛ mede me werɛ hyɛ nnipa mu. Enti metwee me ho fii nnipa a ɛtete saa ho koraa.” Sɛ afoforo ne yɛn anaa ebinom anni no yiye a, ɛnyɛ bɔne sɛ yɛn bo befuw, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ biribiara a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛka wiase no ho.—Yoh. 15:19.

12. Nea yɛhwɛ, nea yetie, ne nea yɛkenkan no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yeyiyi mu?

12 Sɛ obi ne yɛn anni no yiye a, dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛahyɛ yɛn abufuw so? Ebinom ahu sɛ nea wɔkenkan, nea wɔhwɛ, ne nea wɔtie no, ɛho hia sɛ wɔyiyi mu. Sɛ ntɛnkyea bi na ɛrekɔ so na nkurɔfo de reto sohyia midia so a, ebi wɔ hɔ a wɔgugum dodo sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo ho bedwiriw wɔn. Nea wɔde gu hɔ no bi nso wɔ hɔ a, wɔde ka aban no ho asɛm yayaayaw, sɛnea ɛbɛyɛ a ebepiapia nkurɔfo ma wɔayɛ ɔyɛkyerɛ atia aban no. Mpɛn pii no, sɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo de asɛm bi reto gua a, wobɛhwɛ no na wɔaka akyea no anaa wɔaka ama ayɛ dɛ dodo. Sɛ yɛte ntɛnkyea bi ho asɛm na ɛyɛ nokware mpo a, sɛ yɛkɔ so dwinnwen ho a, wohwɛ a ɛbɛboa yɛn? Sɛ yɛkɔ so tie anaa yɛkenkan nsɛm a ɛte saa a, ebetumi ama yɛn bo afuw anaa yɛn adwene atu afra. (Mmeb. 24:10) Anhwɛ koraa a, yɛn werɛ befi sɛ Onyankopɔn Ahenni na ɛbɛba abeyi ntɛnkyea nyinaa afi hɔ.

13. Sɛ yɛkenkan Bible da biara a, sɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina ntɛnkyea ano?

13 Sɛ yɛkenkan Bible dwinnwen ho da biara a, ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina ntɛnkyea ano. Yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Alia; sɛnea na nkurɔfo ne ne mpɔtamfo redi no yayaayaw no, na ɛho asɛm haw no paa. Wɔn a na wɔreyɛ saa no, asɛ na obiara nka wɔn hwee. Ɔka sɛ: “Ná ɛsɛ sɛ metena ase na mibisa me ho sɛ, ‘Migye di paa sɛ, Yehowa na ɔbɛba abeyi saa ɔhaw yi nyinaa afi hɔ?’ Saa bere no mu na mekenkan Hiob 34:​22-29. Saa kyerɛwnsɛm no kaee me sɛ, obiara nni hɔ a obetumi de ne ho ahintaw Yehowa. Ɔno nko ara na onim sɛnea obebu atɛntrenee ama nnipa na watenetene biribiara a akyea.” Nanso, bere a Onyankopɔn Ahenni a ebebu atɛntrenee ama nnipa no nnya mmae yi, sɛ obi ne yɛn anni no yiye a, dɛn na yebetumi ayɛ?

SƐ OBI NE YƐN ANNI NO YIYE A, DƐN NA YEBETUMI AYƐ?

14. Ntɛnkyea a ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ no, dɛn na yebetumi ayɛ na yɛansosɔ so? (Kolosefo 3:​10, 11)

14 Nea afoforo bɛyɛ atia yɛn anaa wɔbɛka akyerɛ yɛn de, yenni so tumi, nanso nea yɛbɛyɛ wɔ ho de, ɛwɔ yɛn nsam. Sɛnea yɛadi kan ahu no, yɛda ɔdɔ adi kyerɛ afoforo de suasua Yesu. Ɔdɔ a ɛte saa betumi akanyan yɛn ma yɛne afoforo anaa wɔn a ɛtan yɛn ani mpo adi no yiye. (Mat. 7:12; Rom. 12:17) Sɛ yɛanyɛ nyiyim na yɛne obiara di no yiye a, ɛma Yehowa ani gye.—Kenkan Kolosefo 3:​10, 11.

15. Yɛka Bible mu asɛm kyerɛ afoforo a, mfaso bɛn na ɛde ba?

15 Ɔkwan titiriw baako a yebetumi afa so agyina ntɛnkyea ano ne sɛ yɛbɛka Bible mu asɛm akyerɛ afoforo. Adɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ “Yehowa ho nimdeɛ” betumi asesa nnipa a wɔdi aturuturasɛm ne akakabensɛm ma wɔabɛyɛ asomdwoe nnipa. (Yes. 11:​6, 7, 9) Ansa na ɔbarima bi a ɔde Jemal rebehu nokware no, na ɔte nka sɛ aban a ɛwɔ ne man mu no hyɛ ɔmanfo no so, enti ɔkɔdɔm atuatewfo kuw bi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetu aban no agu. Ɔka sɛ: “Worentumi nhyɛ nkurɔfo mma wɔnsesa. Ɛnyɛ obi na ɔhyɛɛ me ma mesesae, mmom Bible a misuae no na ɛsesaa me.” Nea Jemal suae no boaa no ma ogyaee ntɔkwaw no ko. Sɛ yɛka Bible mu asɛm kyerɛ afoforo na wɔtie sesa wɔn abrabɔ a, ɛma wɔn a wɔteetee afoforo no so tew.

16. Nea Ahenni no bɛyɛ no, adɛn nti na wopɛ sɛ woka ho asɛm kyerɛ afoforo?

16 Yesuasua Yesu, enti yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛka akyerɛ nkurɔfo sɛ, Onyankopɔn Ahenni no nko ara na ɛbɛba abeyi ntɛnkyea nyinaa afi hɔ korakora. Wɔn a nkurɔfo ne wɔn anni no yiye no, saa anidaso no betumi akyekye wɔn werɛ. (Yer. 29:11) Stacy a yɛadi kan aka ne ho asɛm no kyerɛ mu sɛ: “Ɔhaw a ntɛnkyea nti mafa mu no, nokware no a masua no aboa me ama matumi agyina ano. Yehowa nam Bible mu asɛm so kyekye yɛn werɛ.” Awerɛkyekyesɛm a ɛne sɛ ɛrenkyɛ ntɛnkyea nyinaa befi hɔ no, sɛ yebetumi aka ho asɛm akyerɛ afoforo a, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho yiye. Bible mu nsɛm a yɛasusuw ho wɔ adesua yi mu no, sɛ wugye di paa sɛ ɛyɛ nokware a, ɛbɛboa wo, na sɛ ɛho asɛm sɔre wɔ sukuu anaa adwumam a, woatumi de anifere akyerɛkyerɛ mu yiye.b

17. Sɛn na Yehowa boa yɛn ma yegyina ntɛnkyea ano?

17 Bere a Satan da so ara ‘di wiase yi so’ de, ntɛnkyea nso bɛwɔ hɔ. Yɛretwɛn denneennen sɛ Onyankopɔn bɛba ‘abeyi no afi hɔ,’ nanso ɛno nkyerɛ sɛ yɛrentumi nyɛ ntɛnkyea ho hwee anaa anidaso nyinaa asa. (Yoh. 12:31) Yehowa nam Kyerɛwnsɛm no so ama yɛahu nea enti a ntɛnkyea abu so wɔ wiase saa. Afei nso, sɛnea ntɛnkyea ma yehu amane no, ɔnam Bible no so ama yɛahu sɛnea ɔte nka wɔ ho. (Dw. 34:​17-19) Sɛ obi ne yɛn anni no yiye a, ɔnam ne Ba no so ama yɛahu sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade. Ɛno da nkyɛn a, wama yɛahu sɛ ɔnam n’Ahenni no so betu ntɛnkyea ase koraa. (2 Pet. 3:13) Bere a yɛrehwɛ kwan denneennen sɛ “atɛntrenee ne trenee” bɛba abɛhyɛ asaase nyinaa so ma no, momma yɛn nyinaa nyere yɛn ho nka Ahenni ho asɛmpa no!—Yes. 9:7.

WUBEBUA SƐN?

  • Adɛn nti na sɛ obi ne yɛn anni no yiye a ɛhaw yɛn saa?

  • Wɔn a wɔde asi wɔn ani so sɛ wɔbetu ntɛnkyea ase no, adɛn nti na yɛntaa wɔn akyi?

  • Sɛ obi ne yɛn anni no yiye a, dɛn na yebetumi ayɛ?

DWOM 158 “Ɛrenka Akyi Da!”

a Wɔasesa edin no bi.

b Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo nhomawa no, hwɛ nkekaho A nkyekyɛm 24-27 no nso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena