Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
“Nsusuwii” bɛn na Yehowa de bɛhyɛ amanaman no komam nnansa yi ara?
Ahohiahia kɛse a ebefi ase nnansa yi ara no, nea ɛbɛma yɛahu sɛ ahyɛ ase no, Adiyisɛm 17:16, 17 ka sɛ: “Mmɛn du a wuhui no, ne afei akekaboa no, eyinom bɛtan tuutuuni no na wɔayɛ no pasaa na wɔama wada adagyaw, na wobedi ne nam na wɔde ogya ahyew no dwerɛbee. Onyankopɔn na ɔde hyɛɛ wɔn komam sɛ wɔmma ne nsusuwii mmra mu, yiw, sɛ wɔnyɛ adwenkoro mfa wɔn ahenni mma akekaboa no.” “Nsusuwii” a Yehowa de bɛhyɛ amanaman no komam no, bere bi a atwam no, yɛn nhoma ahorow no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ɛno ne adwene a ɔde bɛma wɔn ma wɔasɛe atorosom.
Nanso yɛahu sɛ, ehia sɛ yɛyɛ saa ntease no mu nsakrae. “Nsusuwii” a Yehowa de bɛhyɛ amanaman no komam no, ɛne sɛ Yehowa bɛma wɔn adwene sɛ ‘wɔmfa wɔn ahenni mma akekaboa no.’ Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea nkɔmhyɛ yi bɛbam no, momma yensusuw saa nsɛmmisa yi ho.
Henanom na nkɔmhyɛ no ka wɔn ho asɛm? Yɛnhwɛ “tuutuuni” a wɔsan frɛ no “Babilon Kɛse” no; ogyina hɔ ma atorosom a ɛwɔ wiase nyinaa. “Akekaboa kɔkɔɔ” no gyina hɔ ma Amanaman Nkabom no. Wɔdii kan tew saa kuw yi afe 1919 sɛ ɛnhwɛ mma asomdwoe nkɔ so wɔ wiase; saa bere no na wɔfrɛ no Amanaman Apam. (Adi. 17:3-5) “Mmɛn du” no nso gyina hɔ ma wiase atumfoɔ nyinaa a wɔtaa akekaboa no akyi no.
Tuutuuni no ne akekaboa no, ayɔnkofa bɛn na ɛwɔ wɔn ntam? Tuutuuni no ‘te akekaboa’ no so, na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ no nea ɔnyɛ, na ɛtɔ da mpo a, ɔhyɛ no ma ɔyɛ nea ɔpɛ.
Dɛn na ɛbɛto tuutuuni no? Akekaboa no ne mmɛn du a ɛtaa n’akyi no, ‘wɔbɛtan tuutuuni no’ ara ma wɔafom n’ahode nyinaa na wɔama obiara ahu sɛ na ne tirim yɛ den paa. Afei, wɔde Yehowa atemmu bɛba ne so, kyerɛ sɛ wɔbɛsɛe no pasaa. (Adi. 17:1; 18:8) Ɛno bɛma atorosom nyinaa ayera nsesa mu koraa. Nanso, ansa na saa asɛm no besi no, Yehowa bɛma amanaman no ayɛ biribi a wɔnyɛɛ bi da.
Dɛn na Yehowa bɛma amanaman no ayɛ? Ɔde “ne nsusuwii” bɛhyɛ wiase atumfoɔ anaa aban ahorow no adwenem, kyerɛ sɛ, ɔbɛma ‘wɔde wɔn ahoɔden ne tumi ama akekaboa kɔkɔɔ’ a ogyina hɔ ma Amanaman Nkabom no. (Adi. 17:13) Wunhu sɛ ɛbɛyɛ nwanwa? Wohwɛ a, aban ahorow no ara befi wɔn pɛ mu de wɔn ahoɔden ne tumi ama akekaboa no? Daabi! Nkɔmhyɛ no ma yehu sɛ Onyankopɔn ankasa na ɔbɛma wiase atumfoɔ no ayɛ saa. (Mmeb. 21:1; fa toto Yesaia 44:28 ho.) Wohwɛ a, nkɔmhyɛ yi bɛbam nkakrankakra anaa? Daabi! Ɛda adi sɛ ɛbɛbam prɛko pɛ. Afei, akekaboa a wanya tumi foforo no de Yehowa atemmu bɛba atorosom so; ɔbɛsɛe no pasaa ama n’akyi ayera koraa.
Dɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ ebesi daakye? Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛte amanneɛbɔ bi sɛ, nkakrankakra aban ahorow no de wɔn ntama rekɔbɔ Amanaman Nkabom no de ano. Nea yebetumi ahwɛ kwan ni: Prɛko pɛ, Yehowa de bɛhyɛ amanaman no koma mu ma wɔde wɔn tumi nyinaa ama Amanaman Nkabom no. Sɛ biribi saa si a, ɛbɛma yɛahu sɛ ahohiahia kɛse no rebefi ase. Nanso saa bere yi de, “momma yɛnwɛn na yɛmma yɛn ani nna hɔ,” efisɛ ɛrenkyɛ nsɛm bi a yɛrehwɛ kwan besisi prɛko pɛ!—1 Tes. 5:6.