MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE
Nkwadaa-Nkwadaa Agorɔ—Nea Enti a Mfaso Wɔ So
Yɛka nkwadaa-nkwadaa agorɔ a, ɛyɛ nneɛma bi a nkwadaa de gyigye wɔn ani. Ɛma wotumi dwen yɛ nneɛma bi, na ɛma wɔyɛ mfeefeemu nso. Wei boa wɔn ma wotumi dwen mpanyin-dwen, na wosua sɛnea wɔde wɔn nsa bɛyɛ nneɛma bi nso.
Nneɛma a ɛyɛ a nkwadaa de di agorɔ no bi ni:
Wɔdrɔdrɔ nneɛma
Wɔtõ aduan
Wɔbɔ nkuro
Wɔto nnwom
Wɔhyehyɛ nneɛma de yɛ dan
Wodwen de nnaka yɛ nneɛma bi
Wokɔ aman pii so a, nkwadaa dodow no ara mfa wɔn adwene nyɛ nneɛma biara nni agorɔ. Mmom wɔde wɔn kyinkyin ma wɔkɔhwɛ nneɛma a nkurɔfo ayɛ de gyigye wɔn ani.
Ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho biribi anaa?
Nea ɛsɛ sɛ wuhu
Nkwadaa-nkwadaa agorɔ boa ma nkwadaa nyin yiye. Etumi ma wonyin yiye wɔ nipadua ne adwene mu, wotumi dwen yɛ nneɛma bi, na ɛma wotumi hu sɛnea wɔne nnipa bɛtena kama. Afei nso, ɛma nkwadaa sua abotare, wotumi sisi gyinae pa, wosua ahohyɛso, wotumi ne wɔn mfɛfo bom di agorɔ kama. Nea yɛreka akosi ara ne sɛ, nkwadaa-nkwadaa agorɔ wɔ hɔ yi, ɛboa nkwadaa ma wotumi nyin yiye bɛyɛ mpanyin pa.
Sɛ nkwadaa tena abɛɛfo mfiri ho kyɛ a, ebetumi ahaw wɔn. Nkwadaa tena abɛɛfo mfiri ho kyɛ boro so a, ebedu bere bi no, sɛ wɔannya bi annyigye wɔn ani a, wontumi ntena. Etumi ma nkwadaa yɛ kɛse-bɔne, na wɔn ani so yɛ krakra. Awofo a wɔma wɔn mma nketewa a wɔnhyɛɛ sukuu ase de abɛɛfo mfiri di agorɔ no, wei yɛ biribi a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ no yiye.
Yɛde nkwadaa kyinkyinkyinkyin a, ɛmmoa wɔn papa. Nkwadaa wɔ hɔ yi, sɛ ɛnnɛ wode wɔn nam ha, ɔkyena na wode wɔn resen ha sɛ wɔnkɔhwɛ dwumadi mfa nnyigye wɔn ani a, ɛremma wonnya bere a wɔn ara de bedi agorɔ, na wɔayɛ mfeefeemu, na wɔn ara de wɔn adwene ayɛ nneɛma bi.
Nea wubetumi ayɛ
Ma wɔn kwan ma wɔn ara nnwen na wɔnyɛ nneɛma bi. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ma wo mma mpue nkɔ abɔnten sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu nneɛma a Onyankopɔn abɔ. Ma wɔn kwan ma wɔnyɛ nneɛma a wɔn ani gye ho, na wɔmfa wɔn adwene nhyehyɛ toys mfa nni agorɔ.a
Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Bisa wo ho sɛ, suban ne nimdeɛ bɛn na nkwadaa-nkwadaa agorɔ bɛma me ba anya, na ɛbɛboa no n’abrabɔ mu sɛn daakye?
Bible mu afotusɛm: “Apɔwmuteɛteɛ so wɔ mfaso.”—1 Timoteo 4:8.
Mma wo ba nntena abɛɛfo mfiri ho nkyɛ. Dwen ho yiye paa ansa na woama wo ba de fon, tablɛt, anaa TV agyigye n’ani. Nkwadaa dɔktafo ka sɛ, ɛnsɛ sɛ nkwadaa a wonnii mfe mmienu tena abɛɛfo mfiri ho koraa. Afei nso, nkwadaa a wɔanya mfe mmienu kosi nnum no, ɛnsɛ sɛ wɔtena abɛɛfo mfiri ho boro dɔnhwerew baako da koro.b
Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Bisa wo ho sɛ, mmere dodow sɛn na ɛsɛ sɛ mema me ba de tena abɛɛfo mfiri ho? Me ne no nyinaa nhwɛ mmom anaa? Ɛdɛn na nkwadaa no betumi de ahyɛ abɛɛfo mfiri no anan?
Bible mu afotusɛm: “Monhwɛ mo abrabɔ yiye paa na sɛnea monantew no anyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa na mmom sɛ anyansafo, na momfa mo bere nyɛ nneɛma a ɛho hia.”—Efesofo 5:15, 16.
Hwɛ nkwadaa akyinkyinakyinkyin yiye. Ampa, wode wo ba kyinkyin ma ɔkɔhwehwɛ dwumadi a, ebetumi aboa no ama ne nimdeɛ akɔ anim na wahu sɛnea yedi agorɔ bi yiye. Nanso, mpɛn pii no, sɛ yɛde nkwadaa kyinkyin pii ma wɔkɔhwehwɛ dwumadi a, ɛma wɔbrɛ. Ɛnyɛ nkwadaa no nko ara na ɛbrɛ; awofo no nso brɛ, efisɛ nkwadaa no kɔ ne wɔn ba nyinaa da awofo no so. Yɛreka yi nso, afotu a ɛwɔ Efesofo 5:15, 16 a ɛse yɛnhwɛ yɛn bere yiye no, ɛno nso ho asɛm wom.
Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Bisa wo ho sɛ, yɛde yɛn mma kyinkyin dodo anaa? Sɛ yehu sɛ ɛte saa a, ɛnde, nsakrae bɛn na yebetumi ayɛ?
Bible mu afotusɛm: ‘Monhwehwɛ mu nhu nneɛma a ehia paa no.’—Filipifo 1:10.
a Toys a nkwadaa de di agorɔ no, bebree wɔ hɔ a, ɛmma nkwadaa no ara ntumi mfa wɔn adwene nyɛ nneɛma bi. Nanso toys no bi wɔ hɔ a, ɛyɛ blɔks a nkwadaa tumi de hyehyɛ dan; ebi nso yɛ nnaka. Ɛno deɛ, ɛma nkwadaa no ara tumi dwen yɛ nneɛma bi.
b Nea yɛreka ho asɛm yi fa nea nkwadaa de gyigye wɔn ani ho, na ɛnyɛ sɛ ebia wɔafrɛ adɔfo wɔ video so ne wɔn rebɔ nkɔmmɔ anaa wɔne abusuafo retie asafo dwumadi bi wɔ video so.