Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwhf asɛm 17
  • Boa Wo Mma Na Kaseɛbɔ a Etu Koma Anteetee Wɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boa Wo Mma Na Kaseɛbɔ a Etu Koma Anteetee Wɔn
  • Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛ mmofra tie kaseɛbɔ a, ɛka wɔn sɛn?
  • Ɛdɛn na wubetumi ayɛ de aboa wo mma na kaseɛbɔ amma wɔn yam anhyehye wɔn?
  • “Yɛn Ni! Monsoma Yɛn!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Dɛn Na Woyɛ a Ɛde Anigye Bɛba W’abusua Mu?—Ɔfã 2
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Awofo—Mommoa Mo Mma Ma Wɔnnɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
ijwhf asɛm 17
Abusua bi rehwɛ TV. Papa no tumi hu sɛ asɛm no ama ne ba no abɔ hu.

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Boa Wo Mma Na Kaseɛbɔ a Etu Koma Anteetee Wɔn

Da biara da, yɛte kaseɛbɔ a etu koma wɔ TV so, fon so, tablɛt so, ne kɔmputa so. Ɛtɔ da mpo a, woyi kaseɛbɔ no ho mfoni a ɛyɛ asefem aka ho.

Kaseɛbɔ a ɛtete saa no, ɛyɛ a mmofra hwɛ bi.

Dɛn na wubetumi ayɛ na kaseɛbɔ a etu koma ammɔ wo ba hu na anteetee no?

  • Sɛ mmofra tie kaseɛbɔ a, ɛka wɔn sɛn?

  • Ɛdɛn na wubetumi ayɛ de aboa wo mma na kaseɛbɔ amma wɔn yam anhyehye wɔn?

  • Na sɛ wo ba de n’ani ahu asɛm bi a ɛyɛ hu nso ɛ?

Sɛ mmofra tie kaseɛbɔ a, ɛka wɔn sɛn?

  • Kaseɛbɔ a etu koma tumi teetee mmofra pii. Mmofra bi wɔ hɔ a, sɛ wotie kaseɛbɔ a etu koma anaa wɔhwɛ wɔ TV so a, ebia wɔrenyɛ biribiara mma wunhu sɛ ahaw wɔn, nanso ebetumi aba sɛ ahaw wɔn paa.a Sɛ mmofra no hu sɛ kaseɛbɔ no ama wɔn awofo ayɛ basaa a, ɛnde ebetumi asɛe asɛm no koraa.

  • Nea mmofra hu wɔ kaseɛbɔ mu no, ebia wɔrente ase. Sɛ yɛbɛyɛ ho nhwɛso a, mmofra bi wɔ hɔ a, nea wɔbɛhwɛ wɔ kaseɛbɔ mu no, ɛyɛ wɔn sɛ ɛbɛto wɔn abusua. Sɛ asɛm bi a ɛyɛ hu si na wɔtaa yi wɔ TV so a, mmofra nketewa a wɔhwɛ bi no adwene betumi ayɛ wɔn sɛ da biara saa asɛm no si.

  • Sɛ nkurɔfo ma kaseɛbɔ na wogugu nsɛm mu a, ebia mmofra renhu no saa. Nnwumakuw a wɔma kaseɛbɔ no, sɛ wonya nnipa pii tie wɔn a na wonya sika. Ɛno nti, sɛ wɔrema kaseɛbɔ a, wotumi hããhãã wɔn ani ka nsɛm sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo bɛkɔ so atie wɔn. Nanso mmofra nnim no saa.

Ɛdɛn na wubetumi ayɛ de aboa wo mma na kaseɛbɔ amma wɔn yam anhyehye wɔn?

  • Mma wo mma ntaa ntie kaseɛbɔ a etu koma. Wei nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ woma wo mma hu nea ɛrekɔ so wɔ wiase. Nanso sɛ daa wotie kaseɛbɔ a etu koma anaa kaseɛbɔ a ɛyɛ asefem anaa wɔhwɛ wɔ TV so a, ɛremmoa wɔn.

    “Ɛtɔ da a, me ne me kunu di kaseɛbɔ bi a ɛyɛ hu ho nkɔmmɔ kyɛ, nanso ɛyɛ a na yɛn werɛ afi sɛ yɛn mma no retie ne nyinaa, na ɛma wɔn yam hyehye wɔn paa.”—Maria.

    Bible mu afotusɛm: “Adwinnwen yɛ adesoa kɛse.”—Mmebusɛm 12:25, Contemporary English Version.

  • Yɛ aso tie wo ba, na yi wo yam boa no. Sɛ ɛyɛ den ma wo ba sɛ ɔbɛka nea asi no ho asɛm a, ka kyerɛ no sɛ ɔndrɔ ho mfoni mmom. Wo ne wo ba no rekasa a, ka nsɛm a obetumi ate ase, nanso nka nea asi no ho asɛm nkɔ akyiri.

    “Nea yɛn babea pɛ ara ne sɛ yɛbɛtena ase na yɛayɛ aso atie no. Yɛnka nkyerɛ no sɛ, ‘Nnansa yi de, nea ɛrekɔ so ara no no, enti ɛsɛ sɛ yɛfa no saa ara.’ Sɛ yɛka saa a, anka ɛremmoa no koraa.”—Sarahi.

    Bible mu afotusɛm: ‘Yɛ ntɛm tie asɛm, na yɛ nyaa kasa.’—Yakobo 1:19.

  • Boa wo ba ma onhu kaseɛbɔ ani so. Nhwɛso bi ni. Sɛ nkurɔfo kyere obi sie na sɛ wɔn a wɔma kaseɛbɔ no reka ho asɛm a, wobetumi ama ayɛ sɛ ɛyɛ biribi a ɛtaa si. Ma wo ba no nhu nneɛma a wode agu akwan mu de rebɔ ne ho ban. Afei nso, kae sɛ, nsɛm a ɛyɛ hu a wɔka ho asɛm wɔ kaseɛbɔ mu no, ɛntaa nsi nti na wɔka ho asɛm wɔ kaseɛbɔ mu no.

    “Sɛ biribi ama wo ba abɔ hu a, boa no ma onyi ehu no mfi ne mu. Mpɛn pii no, nea ɛwɔ obi adwenem na ɛma no bɔ hu. Enti sɛ yɛboa yɛn mma ma wɔde wɔn adwene si nneɛma pa so a, ehu no befi wɔn mu.”—Lourdes.

    Bible mu afotusɛm: “Onyansafo koma ma n’ano da nhumu adi, na ɛma n’anom kasa yɛ dɛ.”—Mmebusɛm 16:23.

a Sɛ mmofra nketewa yam hyehye wɔn a, sɛ wɔda a, ɛyɛ a wɔdwensɔ gu kɛtɛ so. Wɔn mu binom nso, ɛyɛ a na wosuro sɛ wobegyaw wɔn maame ne wɔn papa hɔ akɔ sukuu.

Na sɛ wo ba de n’ani ahu asɛm bi a ɛyɛ hu nso ɛ?

Ben ne Casey.

May 7, 2019 no, mmerante mmienu kɔtotow atuo wɔ sukuu bi mu wɔ Highlands Ranch, Colorado, U.S.A. Wokum sukuuni baako, na wopiraa sukuufo nwɔtwe. Ná Jack a wadi mfe 9 no nso kɔ saa sukuu no bi, na da a atutotow no rekɔ so no, na ɔwɔ hɔ bi. Jack papa Ben ne ne maame Casey kaa sɛnea wɔboaa Jack maa otumi gyinaa nea ɛtoo no no ano.

Atutotow a ɛkɔɔ so no, ɛkaa mo ba no sɛn?

Casey: Asɛm no sii no, ɛkɔɔ so haw Jack abosome pii.

Ben: Ná ɔyɛ abofra a biribiara nhaw no. Nanso prɛko pɛ, ɔsesae koraa. Sɛ biribi ma ɔkae nea esii no a, ɔbɛbatabata me ne ne maame ho saa ara; ɔrentew ne ho da. Esiane nea na Jack de n’ani ahu nti, eduu baabi no, sɛ ɔwɔ hɔ a, na ɛyɛ no sɛ biribi bɔne bi rebesi. Ɔyɛ saa a, na yɛte no ase.

Kaseɛbɔ a ɛfa atutotow no ho no, mohwɛɛ bi?

Casey: Mfiase no yɛhwɛe. Nea ɛwom ne sɛ, yɛn mmiɛnsa nyinaa hwɛɛ kaseɛbɔ no toatoaa so bɛyɛ nnawɔtwe baako. Nanso eduu baabi no, me ne me kunu hui sɛ, yɛhwɛ kaseɛbɔ no a, ɛma Jack kaakae nea esii no. Afei nso, daa na nea asi no gyinagyina yɛn mmiɛnsa nyinaa ani so, na nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛn koma atɔ yɛn yam no, yɛannya kwan annwinnwen ho mpo.

Ɛdɛn na muhuu sɛ ɛboaa Jack paa maa ehu no fii ne mu?

Casey: Yehui sɛ, sɛ Jack tenetene n’apɔw mu a, na eyi ehu no fi ne mu kakra. Enti da biara na yɛpɛ bere ma ɔtenetene n’apɔw mu. Nanso nea ɛboae paa ne sɛ, bere biara a Jack pɛ sɛ ɔka biribi kyerɛ yɛn no, na yɛyɛ aso tie no. Mihui sɛ, sɛ ade sa na baabiara yɛ dinn na sɛ Jack rebɛda a, na ɔka nea ɛhaw no biara kyerɛ yɛn. Ɛtɔ da a na yɛne no bɔ nkɔmmɔ dɔnhwerew baako mua, nanso na ɛnhaw yɛn efisɛ na ɛboa no. Jack hui sɛ yɛwɔ hɔ ma no, na ɛnyɛ ɔno nko ara na ɔrehu amane.

Awofo a wɔn mma ahu asɛm bi a ɛyɛ hu saa no, afotu bɛn na mode bɛma wɔn?

Ben: Ɛho hia paa sɛ mmofra hu sɛ wɔwɔ ahobammɔ wɔ abusua no mu ansa na asɛm bi a ɛyɛ hu ato wɔn. Sɛ mmofra no hu sɛ wɔwɔ ahobammɔ a ɛte saa, na sɛ asɛm bi a ɛyɛ hu to wɔn a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ awofo no betumi aboa wɔn.

Casey: Ɛsono abofra biara ne sɛnea ɔte. Mmofra no bi wɔ hɔ a, nneɛma haw wɔn paa sen ebinom. Nea moyɛ de boa mo mma no nti, ebia ebinom benya adwene sɛ mobɔ mo mma ho ban dodo, nanso monyɛ nea ɛbɛboa mo mma no. Momma ɔdɔ a ɛwɔ mo abusua mu no nyɛ kɛse, sɛnea ɛbɛyɛ a mo mma behu sɛ, sɛ abɔnten na ɛhɔ yɛ hu mpo a, efie deɛ, wɔwɔ ahobammɔ.

Yɛbɔ No Mua a: Ɛdɛn na wubetumi ayɛ de aboa wo mma na kaseɛbɔ amma wɔn yam anhyehye wɔn?

  • Mma wo mma ntaa ntie kaseɛbɔ a etu koma.

  • Yɛ aso tie wo ba, na yi wo yam boa no.

  • Boa wo ba ma onhu kaseɛbɔ ani so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena