MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE
Sɛ Wo Ba Pɛ Sɛ Okum Ne Ho a, Dɛn Na Wobɛyɛ?
Mfe kakra ni, wokɔ aman bi so a, mmerante ne mmabaa a wɔkum wɔn ho no adɔɔso paa. Dɛn na ama aba saa? Wohwɛ a wo ba betumi anya adwene sɛ ɔbɛyɛ biribi saa anaa?
Nea yɛrebɛka ho asɛm
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo ma saa asɛm yi ho hia wɔn?
Wokɔ United States a, mmerante ne mmabaa a ɛwɔ ntoaso sukuu no, wɔn mu bebree wɔ hɔ a, wuhu sɛ wɔreyɛ anya adwene mu yare a yɛfrɛ no depression. Wohwɛ afe 2009 a, wɔn a na wɔreyɛ anya saa yare no bi no, eduu 2019 no na wɔn dodow kɔ n’anim ɔha mu nkyem 40. Sukuufo a wɔkum wɔn ho wɔ saa bere no mu nso dodow kɔɔ n’anim.a
“Ateetee ne ɔhaw a nnɛɛmmafo rehyia no, tete no na ebi nni hɔ . . . Saa ɔhaw yi tumi ma wɔn adwene tu fra, etumi ma wɔbotow, na etumi kɔfa adwinnwen ne kɔdaanna bɛto wɔn so.”—Vivek H. Murthy; ɔyɛ dɔkta panyin wɔ United States.
Bible mu afotusɛm: “Honhom a abotow de, ɛma ahoɔden so tew.”—Mmebusɛm 17:22.
Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ wo ba reyɛ anya adwene sɛ onkum ne ho?
Susuw nneɛma a edidi so yi ho.
Nneɛma bi a ato no. Asɛm yaayaw bi ato wo ba no nnansa yi? Ebia obi ama ne nsa asi fam, obi atew ne koma, biribi a na ɔreyɛ ankɔ yiye anaa wadi nkogu wɔ biribi mu, anaa ebia n’adamfo anaa ne busuani bi mpo awu. Ebetumi aba sɛ, sɛnea ade no ahaw wo ba no a ɛredi no nya no, wo koraa wunnim.
Ne suban. Wo ba no ayɛ moamoa anaa? Ebia woahu sɛ ɔnka nkɔ ne nnamfo ne n’abusuafo ho sɛ kan no. Ebi nso a, nneɛma bi a na ɔyɛ a ɛma n’ani gye no, seesei ɔnyɛ bio. Anaa ne nneɛma bi a na ɛda ne koma so no, seesei ɔde akyɛ.
Nsɛm a ɔkeka. Wo ba no taa ka owu ho asɛm? Ɔtaa keka nsɛm bi te sɛ, “Miwu koraa a anka eye”? Anaa ɔtaa ka sɛ ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adesoa ma wo bio?
Ɛwom, ɛnyɛ nsɛm no nyinaa na ɛkyerɛ sɛ abofra no pɛ sɛ okum ne ho. Ebia ne kasa na ayɛ “hatuhatu.” (Hiob 6:3) Ebi nso a, na biribi hyɛ hɔ. Enti sɛ ɔkɔfa owu ho asɛm ba a, mmɔ ngu da. Ohia wo mmoa.
Sɛ wo ba no ka sɛ aba ne tirim pɛn sɛ onkum ne ho a, wubetumi abisa no sɛ, “Ɛda pɔtee bi wɔ w’adwene mu a wopɛ sɛ wukum wo ho, na sɛn na wopɛ sɛ woyɛ no?” Ebia nea ɔbɛka no bɛma woahu sɛ, ɛnsɛ sɛ wotenatena ho; woanyɛ ho biribi ntɛm a ɛde asɛm bɛba.
“Ade baako a ɛwɔ awofo ho ne sɛ, nsɛm bi wɔ hɔ a ɛyɛ a yɛmpɛ sɛ yebisa yɛn mma, efisɛ yesuro sɛ anhwɛ a nea wɔbɛka no bɛma yɛn yam ahye yɛn. Nanso sɛ ɛno ne ade a ɛwɔ ne koma mu a, ɛnde mma ɔmmfa nnhyɛ ne ho; ma onyi mpue.”—Sandra.
Bible mu afotusɛm: “Onipa komam nsusuwii te sɛ nsu a emu dɔ, nanso onipa a ɔwɔ nhumu bɛsaw.”—Mmebusɛm 20:5.
Sɛ wo ba nya adwene sɛ obekum ne ho a, dɛn wobɛyɛ?
To wo bo ase bisa no nsɛm ma ɔnka nea ɛwɔ ne komam. Di kan kamfo no sɛ wamfa biribiara ansie wo. Wuwie a wubetumi aka biribi te sɛ: “Nea worefa mu no, mepɛ sɛ mete ase yiye. Dɛn na ɛrekɔ so wɔ w’asetenam nnansa yi? Ka kyerɛ me.” Anaa “Nea worefa mu no, mehwɛ a ɛnna fam mma wo. Wo de, nsuro. Sɛnea wote nka paa no, bɔ mmɔden ka kyerɛ me.”
Nea wo ba no bɛka biara, yɛ aso tie no. Nka nkyerɛ no sɛ ‘O! Ade ketekete wei nti na wopɛ sɛ wukum wo ho?’ Afei nso ɔkasa wie a, mpere wo ho nkyerɛ no nea ɔnyɛ.
Bible mu afotusɛm: “Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm; mma ɔmmpere ne ho nnkasa anaa ɔmmpere ne ho mmfa abufuw.”—Yakobo 1:19.
Fa nhyehyɛe gu akwan mu fa bɔ wo ba no ho ban. Nsɛmmisa a edidi so yi, wo ne wo ba no mmɔ ho nkɔmmɔ, na ɔnkyerɛw mmuae no nto hɔ:
Nneɛma a ɛkɔfa saa adwene no ba ne tirim. Nneɛma bɛn na ɔyɛ anaa odwen ho a, ɛma ɛba ne tirim sɛ onkum ne ho?
Nneɛma a ɛboa ma oyi saa adwene no fi ne tirim. Nneɛma bɛn na ɔyɛ a ɛma n’adwinnwen so tew na ɛma oyi saa adwene no fi ne tirim?
Wɔn a wɔbetumi aboa no. Ɔwɔ obi a biribi ni a obetumi akɔka n’asɛm akyerɛ no anaa? Ebetumi ayɛ wo, ɔpanyin bi a ogye no di, dɔkta bi a ɔboa wɔn a adwinnwen ahyɛ wɔn so, anaa adwumakuw bi a wɔboa nkurɔfo a wɔpɛ sɛ wɔkum wɔn ho.
Fa nhyehyɛe gu akwan mu fa bɔ wo ba no ho ban
Bible mu afotusɛm: “Nsiyɛfo nhyehyɛe bewie yiye.”—Mmebusɛm 21:5.
Ma w’ani nna hɔ. Ma w’ani nkɔ ne ho. Sɛ edu baabi na asɛ nneɛma rekɔ yiye mpo a, nyi w’ani mfi ne so.
“Na me babarima taa nya adwene sɛ, obekum ne ho. Nanso eduu baabi no ɔkaa sɛ saa adwene no afi ne tirim koraa, enti na ɛyɛ me sɛ ɛno ara no no, asɛm no atwa. Sɛɛ na mada nso me nan gu abɔnten. Sɛ obi ka sɛ saa adwene no afi ne tirim mpo a, biribi betumi asi mpofirim ama asan aba.”—Daniel.
Boa wo ba no ma onhu saa nokwasɛm yi: Sɛ yenya atenka bi a, ɛntena hɔ nkyɛ; seesei ara na afi yɛn mu. Nhoma a wɔato din The Whole-Brain Child ka sɛ: “Sɛnea wim tumi sakra no, saa na atenka nso te.” Nhoma no de kaa ho sɛ, “Sɛ nsu retɔ na sɛ obi ka sɛ onnye nni sɛ nsu retɔ nti ɔrekɔ akogyina mu a, wuhu sɛ ntease biara nnim. Nsu no bɛhwe no. Saa nso na sɛ nsu retɔ na obi ka sɛ awia rempue bio a, ɛno nso ntease biara nnim.”
Ka wo ba no koma to ne yam: Ka kyerɛ no sɛ wodɔ no; nsu mu oo, awia mu oo, wowɔ hɔ ma no. Wubetumi de aka ho sɛ, “Biribiara a metumi ayɛ de aboa wo no, mɛyɛ ama wo dodo.”
Bible mu afotusɛm: “Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa, na ɔyɛ onua a wɔwoo no maa amanehunu bere.”—Mmebusɛm 17:17.
a Nnipa a ɛwɔ adwene mu yare a yɛfrɛ no depression no, wɔn mu kakraa bi na wɔkum wɔn ho. Nanso, wohwɛ wɔn a wɔkum wɔn ho no a, wɔn mu dodow no ara, bere a wɔkum wɔn ho no, na wɔanya depression.