Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mrt asɛm 110
  • Boa Afoforo Na Woanyɛ Ankonam—Nea Bible Ka

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boa Afoforo Na Woanyɛ Ankonam—Nea Bible Ka
  • Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea wubetumi ayɛ
  • Fa Adamfo Na Woanyɛ Ankonam—Bible Betumi Aboa Wo
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Nnipa a Ankonamyɛ Redi Wɔn Nya No Adɔɔso—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Woayɛ Ankonam Anaa? Dɛn Na Ɛbɛboa Wo?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Ɛmma Ankonamyɛ Nnsɛe W’asetra
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nsɛm Foforo a Wubenya
mrt asɛm 110
Owia rekɔtɔ, na papa mpanyimfo mmienu bi nam. Baako de ne nsa ato ne yɔnko kɔn mu.

BalanceFormcreative/iStock via Getty Images Plus

Boa Afoforo Na Woanyɛ Ankonam—Nea Bible Ka

Wokɔ wiase baabiara a, nnipa bebree te nka sɛ wɔayɛ ankonam. Wɔtumi ka sɛ, ‘Me de, m’asɛm mfa obiara ho.’ Adɔktafo binom kyerɛ sɛ, ankonamyɛ ano aduru baako ne sɛ wobɛboa afoforo.

  • “Sɛ yehu sɛ obi hia mmoa na yɛboa no a, ɛma yɛn ani gye, efisɛ yehu sɛ yɛn nso, yɛn so wɔ mfaso. Afei nso, ɛboa yɛn na yɛante nka sɛ yɛayɛ ankonam anaa obiara ayi yɛn baako ahyɛ yɛn nsa.”—U.S. National Institutes of Health.

Bible boa yɛn ma yehu nea yebetumi ayɛ de aboa afoforo. Sɛ yɛde afotusɛm a ɛwom no yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn na yɛante nka sɛ yɛayɛ ankonam.

Nea wubetumi ayɛ

Nya bere ma nkurɔfo na bue wo nsam. Gye bere ne nkurɔfo mmɔ. Wofrɛ wɔn wɔ fon so a eye, nanso sɛ wutumi kɔ wɔn nkyɛn a, ɛno paa na ɛbɛboa. Afei nso, bue wo nsam na kyɛ ade. Wokyɛ nkurɔfo ade a, ebetumi aka wɔn koma ama wɔada wo ase, na ɛba saa a, na moabɛyɛ nnamfo ara ne sa.

  • Bible mu afotusɛm: “Monkɔ so mma, na nkurɔfo bɛma mo.”—Luka 6:38.

Wuhu sɛ obi wɔ ahohia mu a, kyerɛ sɛ wudwen ne ho. Sɛ wuhu sɛ obi rehu amane a, dwen ho hwɛ nea wubetumi ayɛ de aboa no. Ebia nea nipa no hia ara ne sɛ wobɛyɛ aso atie no. Wubetumi nso ayɛ nnwuma bi ama no de atew ne brɛ so.

  • Bible mu afotusɛm: “Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa.”—Mmebusɛm 17:17.

Sɛ wopɛ nsɛm pii a ɛbɛboa wo ama wo ne afoforo ntam ayɛ kama a, kenkan asɛm a yɛato din “Sɛnea Yɛne Yɛn Abusuafo Ne Yɛn Nnamfo Ntam Bɛyɛ Kama.”

Yɛreto nsa afrɛ wo

Nnawɔtwe biara, Yehowa Adansefo hyiam mprenu. Nhyiam no boa yɛn ma yɛbata yɛn Bɔfo Nyankopɔn ho, na ɛboa ma yɛtwe bɛn nnipa a yɛne wɔn te mpɔtam. Yɛde anigye reto nsa afrɛ wo sɛ bɛka yɛn ho wɔ nhyiam ahorow yi ase.

  • Hwehwɛ baabi a ɛbɛn wo a wubetumi akɔ yɛn nhyiam no bi.

  • Ma obi ne wo mmesua Bible.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena