Amanyɔsɛm Mu Mpaapaemu a Ɛwɔ Hɔ Nnɛ No Ama Bible Nkɔmhyɛ Aba Mu
Ɛnnɛ, amanyɔsɛm de mpaapaemu bebree aba nnipa mu. Sɛ aban no hyɛ mmara a ɛka obiara a, wubehu sɛ ɔmanfo no bi pene so; ebi nso mpene so. Ɛba saa a, nea obiara adwene yɛ no no, wɔtumi yɛ ho dede paa. Wokɔ aban mu nso a, mmarahyɛbaguafo ne aban mpanyimfo a aka no, ɛyɛ a na ɛsono obiara adwene. Obiara nso mpɛ sɛ obegyaa ne de mu. Wei nyinaa kɔfa mente-me-ho-ase ba aban mu, na ɛmma aban no ntumi nyɛ n’adwuma yiye.
Seesei, nea yɛde yɛn adwene rebesi so paa yɛ amanyɔsɛm mu mente-me-ho-ase a ɛrekɔ so wɔ United States ne Britain no. (Britain din baako ne United Kingdom.) Adɛn nti na saa aman mmienu yi na yɛde yɛn adwene rebesi so? Efisɛ Bible ka too hɔ sɛ amanyɔsɛm mu mente-me-ho-ase bɛkɔ so wɔ saa aman yi mu. Bible de kaa ho sɛ, saa bere yi ara nso na aban bi a Onyankopɔn ahyehyɛ bɛba abɛyɛ nneɛma yiye wɔ asaase so.
Amanyɔsɛm mu mpaapaemu bɛkɔ so “wɔ awiei nna no mu”
Bible nkɔmhyɛ bi wɔ Daniel nhoma no mu, na saa nkɔmhyɛ no, emu yɛ duru. Onyankopɔn kaa “nea ɛbɛba wɔ awiei nna no mu” wɔ saa nkɔmhyɛ no mu. “Awiei nna” a Daniel kaa ho asɛm no, na ɛyɛ bere bi a ɛbɛba daakye a nsɛm akɛseakɛse bebree besisi wiase.—Daniel 2:28.
Bible nkɔmhyɛ a yɛreka yi, Onyankopɔn maa Babilon hene bi soo ho dae. Dae a ɔhene no soe no, ohuu honi kakraka bi a yɛde nnade ahorow ahorow ayɛ. Akyiri yi, odiyifo Daniel kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, efi honi no ti kosi ne nan ase no, n’afã no nyinaa gyina hɔ ma wiase tumidi ahorow. Saa tumidi yi, wei ba a, na ɛkɔ, na foforo aba, na ɛno nso kɔ.a Nea ɛbɛkɔ akowie ne sɛ, ɔbo bi bɛtew abɛbɔ honi no asɛe no pasaa. Saa ɔbo no gyina hɔ na Onyankopɔn Ahenni, anaa aban bi a Onyankopɔn ahyehyɛ.—Daniel 2:36-45.
Enti nkɔmhyɛ no ma yɛte ase sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛba abɛsɛe nnipa aban nyinaa, na ɛno abedi nnipa so. Saa Ahenni yi ara na Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae no. Ɔkaa sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “W’Ahenni mmra.”—Mateo 6:10.
Nanso Bible nkɔmhyɛ no fã he na ɛka sɛ mente-me-ho-ase bɛba amanyɔsɛm mu? Nkɔmhyɛ no kaa sɛ, honi no “nan ase fã bi yɛ dade, ɛnna ɔfã bi nso yɛ dɔte.” (Daniel 2:33) Enti honi no nan ase nko ara na yɛde nneɛma mmienu afra ayɛ. Nea aka no nte saa. Ɛno kyerɛ sɛ, wiase tumidi ahorow a ɔkaa sɛ ɛbɛba no, baako de, ɛbɛyɛ soronko koraa. Dɛn na ɛbɛma ayɛ soronko? Hwɛ sɛnea Daniel nkɔmhyɛ no kyerɛkyerɛ mu:
Nkɔmhyɛ no kyerɛ sɛ, wiase tumidi a egyina hɔ ma honi no nan ase no, amanyɔsɛm mu mente-me-ho-ase bɛba mu. Enti n’ahoɔden so bɛtew. Nnipa a edi wɔn so no na ɛbɛma aba saa.
Daniel nkɔmhyɛ no aba mu nnɛ
Ohoni no nan ase no gyina hɔ ma wiase tumidi a ɛwɔ hɔ nnɛ no. Ɛno ne United States ne Britain tumidi a aka abom no. Nsɛm bɛn na ɛresisi nnansa yi a ɛfoa nea yɛreka yi so?
Ohoni no nan ase no “fã bi yɛ dade na ne fã bi nso yɛ dɔte.” Dade a yɛde dɔte afrafra nso de, n’ahoɔden sua. (Daniel 2:42) Ɛnnɛ, wokɔ United States ne Britain a, aman no ara mufo mma aban no nnya ahoɔden papa mfa nni tumi. Adɛn ntia? Efisɛ ɔmanfo no, wobɛhwɛ na twe-ma-mentwe rekɔ so wɔ wɔn mu. Wɔtumi yɛ ɔyɛkyerɛ denneennen tia aban no. Ɛno da nkyɛn a, sɛ aban no rehyɛ mmara a, ɔntaa nya mmarahyɛbaguafo dodow a wɔbɛpene so ama watumi ahyɛ mmara no. Weinom nyinaa nti, United States ne Britain aban no nnya ahoɔden papa mfa nni tumi.
Amanyɔsɛm mu mpaapaemu a ɛwɔ hɔ nnɛ no, Daniel ti 2 kaa ho asɛm too hɔ.
Ma yɛnhwɛ nneɛma bi a Daniel kaa ho asɛm wɔ ne nkɔmhyɛ no mu, ne sɛnea ɛreba mu nnɛ:
Nkɔmhyɛ: “Ahenni no mu bɛpaapae. Nanso . . . ahenni no fã bi bɛyɛ den sɛ dade.”—Daniel 2:41.
Nea Ɛkyerɛ: Ɛwom, wokɔ United States ne Britain a, ɔmanfo no mu apaapae, na mmarahyɛbaguafo nso adwene nhyia. Nanso saa aman yi mu biara wɔ asraafodɔm akɛseakɛse. Wei nti, ɛtɔ da a, wɔtumi si wɔn bo yɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ den te sɛ dade.
Sɛnea Aba Mu
Animdefo buu akontaa hwɛɛ sika a wiase aman sɛee no wɔ akode ho wɔ afe 2023 mu. Wɔhui sɛ United States ne United Kingdom na wɔsɛee sika paa. Wohwɛ sika a wɔsɛee no a, ɛdɔɔso kyɛn aman 12 a edi hɔ a wɔn nso wɔsɛee sika wɔ akode ho no de a yɛaka abom.—Stockholm International Peace Research Institute.
“United Kingdom ne United States aman no, yɛde yɛn ntama abɔ ano sɛnea ɛbɛyɛ a obiara bɛboa ne yɔnko ama wabɔ ne man ho ban . . . Wei nti ayɔnkofa a ɛda yɛn ntam no, ɛso paa. Aman biara nni wiase a wɔn ayɔnkofa te saa. Akode a yɛwɔ nso de, ebi mmaa da. . . . Yɛfa adwene bom, obiara gyina ne yɔnko akyi, woka baako a, woaka yɛn mmienu; yɛne wo bɛko.”—Strategic Command, U.K. Ministry of Defence, April 2024.
Nkɔmhyɛ: “Sɛnea ne nansoaa no fã bi yɛ dade na ne fã bi nso yɛ dɔte no, saa ara na ahenni no fã bi bɛyɛ den na ne fã bi nso ayɛ mmerɛw.”—Daniel 2:42.
Nea Ɛkyerɛ: Ɛwom, United States ne Britain aman no, wɔwɔ asraafodɔm ne akode a wɔbetumi de ayɛ nea wɔpɛ biara. Nanso ka-bi-ma-menka-bi amammuo nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ no nti, nneɛma bi wɔ hɔ a sɛ aban no betumi ayɛ a, gye sɛ mmarahyɛbaguafo dodow bi pene so ansa. Enti etumi yɛ den ma aban no sɛ ɔbɛyɛ nneɛma bi.
Sɛnea Aba Mu
“Amanyɔsɛm ho animdefo bi ka sɛ, mpaapaemu a ɛwɔ America aban no mu nti, [United States] aban no ntumi nyɛ nneɛma a wɔbɔ no dawuru kyerɛ wiase sɛ wɔbetumi ayɛ no. Aguadi ne bammɔ sei, nea wɔka sɛ wɔbetumi ayɛ ama wiase aman no, wɔntumi nyɛ ne nyinaa.”—“The Wall Street Journal.”
“Nsɛmnsɛm bebree a ɛrekɔ so wɔ Britain amanyɔsɛm mu nnɛ no, ebi nsii saa da, na ayi amanyɔfo adwene afi wɔn botae so. Ɛno nti aban adwumayɛfo ntumi nyɛɛ biribi papa biara mfa mmoaa ɔmanfo no.”—Institute for Government.
Nkɔmhyɛ: “[Ahenni no] ne ɔmanfo no bedi afra; nanso ɛremfomfam ho.”—Daniel 2:43, ase hɔ asɛm.
Nea Ɛkyerɛ: Ka-bi-ma-menka-bi amammuo nti, ɔmanfo tumi kyerɛ wɔn adwene, na etumi pia aban no ma wɔyɛ nneɛma bi. Nanso nea ɛte ne sɛ, biribiara a aban no bɛyɛ no, aban mpanyimfo oo, wɔn a wɔtoo aba yii aban no oo, ɛnyɛ obiara na ne bo dwo so.
Sɛnea Aba Mu
“Ɛnnɛ, Amerikafo dodow no ara nni amanyɔsɛm ne amanyɔfo mu gyidi bio. Wɔka sɛ amanyɔfo nyɛ nneɛma papa biara mma ɔmanfo.”—Pew Research Center.
“Bɛyɛ mfe aduonum ni de, gyidi ne awerɛhyem a Britainfo wɔ wɔ amanyɔfo ne amanyɔsɛm mu no, ɛkɔ fam koraa. Yensuro a anka yɛbɛka sɛ ɛnnɛ de, ɛreyɛ asa mpo.”—“National Centre for Social Research.”
Daniel nkɔmhyɛ no—sɛnea ɛbɛba mu daakye
Daniel nkɔmhyɛ no ma yehu sɛ, bere a United States ne Britain redi tumi wɔ wiase no, saa bere no ara na Onyankopɔn Ahenni bɛba abɛsɛe wiase ahenni nyinaa.—Daniel 2:44.
Nkɔmhyɛ foforo nso wɔ Bible mu a ɛka asɛm koro no ara. Ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu. Ɛka sɛ, “asaase nyinaa so ahemfo” bɛboa wɔn ano ne Yehowab Nyankopɔn akɔko. Bible frɛ saa ko no Armagedon, anaa “ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn da kɛse no mu ko no.” (Adiyisɛm 16:14, 16; 19:19-21) Yehowa bɛsɛe aban a ɛwɔ wiase nyinaa wɔ saa ko no mu. Ɛba no saa a, wiase tumidi ahorow no, kyerɛ sɛ, ohoni a ɛho asɛm wɔ Daniel nkɔmhyɛ no mu no, Yehowa bɛsɛe ɛho biribiara nso.
Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a yɛato din, “Dɛn Ne Armagedon Ko No?”
Sua biribi fi Daniel nkɔmhyɛ no mu na ɛmmoa wo
Amanyɔsɛm mu mente-me-ho-ase a ɛrekɔ so nnɛ wɔ United States ne Britain no, Bible kaa ho asɛm too hɔ sɛ saa pɛpɛɛpɛ na ɛbɛba. Sɛ wusua ho ade a, ɛbɛma woahu baabi a wiase no rekɔ.
Sɛ wusua ho ade a, nea enti a Yesu kaa sɛ n’asuafo no mmfa wɔn ho nnwurawura amanyɔsɛm mu no, wobɛba abɛte ase. (Yohane 17:16) Afei nso, nea enti a Yesu, ɔhene a Onyankopɔn ayi no no kaa sɛ ‘n’Ahenni mfi wiase’ no, ɛno nso wobɛte ase.—Yohane 18:36.
Afei nso, ɛbɛma woanya awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni bɛba abɛsesa biribiara, na ɛbɛma yɛanya nhyira a Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma yɛn no.—Adiyisɛm 21:3, 4.
Ɛbɛma woanya awerɛhyem sɛ daakye papa bi da yɛn anim, na woanya akomatɔyam sɛ, mente-me-ho-ase ne pinkyen-pinkyen a ɛrekɔ so wɔ amanaman ntam no, ɛnyɛ ɛno na ɛde wiase sɛe bɛba.—Dwom 37:11, 29.
Daniel nkɔmhyɛ no ma yehu sɛ, ohoni no nan ase a egyina hɔ ma United States ne Britain a aka abom redi wiase so no, ɛno ne wiase tumidi a etwa to. Nea ebedi so aba ne Onyankopɔn Ahenni. Ɛno de, ɛyɛ aban bi a asɛm biara nni ho. Ɛwɔ soro, nanso ebedi nnipa so wɔ asaase so.
Wopɛ sɛ wuhu nea Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ ama nnipa no ho nsɛm pii a, hwɛ video a yɛato din Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?
a Hwɛ adaka a yɛato din, “Wiase Tumidi Bɛn na Daniel Nkɔmhyɛ No Kaa Ho Asɛm?”
b Yehowa yɛ Onyankopɔn din. (Dwom 83:18) Hwɛ asɛm a yɛato din, “Hena Ne Yehowa?”